5 Mose 21 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 21:1-23

Awudi A Wonnim Owudifo No Ho Mpata

1Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a, 2mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da hɔ ne kurow a ɛbɛn no ntam. 3Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da 4na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu. 5Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua. 6Ɛsɛ sɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so, 7na wɔaka se, “Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso. 8Awurade, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ. 9Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ.

Mmea Nnommumfo Aware

10Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfo na Awurade, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum, 11na sɛ muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ wɔn mu na, mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, mutumi ware no. 12Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw, 13na munyi ntade a na ɔhyɛ wɔ bere a mokyeree no no ngu hɔ. Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho sɛ ɔyere na wo nso woayɛ no okunu. 14Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no wɔ ɔbabarima, nanso nʼabakan no yɛ ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16na sɛ ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no. 17Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.

Ɔbabarima A Ɔtew Atua

18Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm wɔ bere a wɔteɛ no so a, 19nea ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim. 20Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, “Yɛn babarima yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani.” 21Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu.

Mmara Ahorow

22Sɛ obi yɛ amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a, 23ɛnsɛ sɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ sɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no wɔ dua so no wɔ Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no ho fi.