5 Mose 19 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 19:1-21

Guankɔbea Nkuropɔn

1Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo no, na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkurow mu ne wɔn afi mu a, 2munyi nkuropɔn abiɛsa19.2 Eyi yɛ nkuropɔn abiɛsa a ɛbɛkaa baako a na ɛwɔ hɔ dedaw a na ɛwɔ Yordan apuei fam sɛ guankɔbea no. Na eyinom wɔ Yordan atɔe fam. a ɛwɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mfimfini. 3Munyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no mu abiɛsa sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, obeguan akɔ hɔ.

4Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a onni ne ho menasepɔw anaa ɔntan no dedaw a, nea ne nsa apa no tumi guan kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. 5Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wuram sɛ wɔrekobu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako him abonnua no sɛ ɔde rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn fi ne dua mu kum ne yɔnko no a, saa onipa no tumi guan kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. 6Sɛ anyɛ saa a ɔweretɔni no de abufuw bɛtaa no. Sɛ ɔkwan no ware dodo a ɔbɛto no akum no bi, a anka ɔmfata owu, esiane sɛ ɔnnam adwemmɔne biara so na okum no. 7Eyi nti na merehyɛ mo sɛ munyi nkuropɔn abiɛsa nsi nkyɛn no.

8Awurade, mo Nyankopɔn no, trɛw mo man mu sɛnea ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛnea ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a, 9esiane sɛ motɔ mo bo ase di mmara a mehyɛ mo nnɛ yi sɛ monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, na daa monnantew nʼakwan so no so nti na, ɛsɛ sɛ muyi nkuropɔn abiɛsa si nkyɛn no. 10Monyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwie mogya a enni fɔ no ngu mo asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ mo agyapade no so, na moanni mogyahwiegu ho fɔ.

11Sɛ obi fi nitan mu hyɛ da kɔtɛw obi pira no, kum no na oguan kɔ nkuropɔn yi mu baako so a, 12ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ne kurow no mu hɔ no soma ma wɔkɔfa no fi kuropɔn no mu brɛ ɔweretɔni no ma okum no. 13Munnya ahummɔbɔ biara. Munyi awudi ho afɔdi biara mfi Israel na ama asi mo yiye.

14Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so a, munntutu mo yɔnkonom ntɔmmɛ a mo agyanom asisi no ngu.

Nnansefo

15Mummmu obi a ɔdanseni baako pɛ abedi atia no no fɔ. Sobobɔ bedi mu, bere a nnipa baanu anaa baasa abedi adanse atia obi.

16Sɛ atoro danseni bi ba bɛbɔ obi amumɔyɛ bi ho kwaadu a, 17ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wodi asɛm no nyinaa ba asɔfo ne atemmufo a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim. 18Ɛsɛ sɛ atemmufo no yɛ nhwehwɛmu a emu dɔ yiye, na sɛ ɛda adi sɛ ɔdanseni no retwa atoro, a ɔredi adansekurum agu ne yɔnko Israelni no so a, 19ɛno de, monyɛ ɔdansekurumni no sɛnea anka ɔpɛe sɛ wɔyɛ ne yɔnko no. Muntu abɔnefo ase mfi mo mu. 20Nnipa nkae no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ saa bɔne no wɔ mo mu bio. 21Munnhu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ mudi so no yɛ nkwa nsi nkwa anan mu, aniwa nsi aniwa anan mu, ɛse nsi se anan mu, nsa nsi nsa anan mu na nan nsi nan anan mu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 19:1-21

设立避难城

1“你们的上帝耶和华毁灭那些民族,把他们的土地赐给你们,使你们赶走他们,住进他们的城邑和房屋后, 2-3你们要把土地划分为三个地区,在每个地区设立一座避难城,修好通往这三座城的道路,以便误杀人者可以逃往最近的避难城。

4“如果有人无意间杀了素无冤仇的同伴,他可以逃往避难城,以保住性命。 5例如,有人和朋友去森林砍树,斧头脱柄,误杀了朋友,他就可以逃往避难城,以保住性命。 6否则,如果避难城离误杀人者太远,怒火中烧的报仇者就会追上去杀死他。其实他是不该死的,因为他与被误杀的人素无冤仇。 7因此,我吩咐你们要设立三座避难城。

8-9“如果你们谨遵我今天吩咐你们的这一切诫命,爱你们的上帝耶和华,一生遵行祂的旨意,祂就会按照祂对你们祖先所起的誓,扩张你们的疆域,把应许给你们祖先的土地赐给你们。那时,你们要再设三座避难城, 10免得无辜人的血流在你们的上帝耶和华赐给你们作产业之地,以致你们担当枉杀无辜的罪。

11“如果有人因憎恨邻居而暗中埋伏,杀了邻居,然后逃到避难城, 12他本城的长老要派人去把他带回来,交给复仇的人,将他处死。 13不可怜悯他,要从以色列除掉这种滥杀无辜的罪,这样你们才会顺利。

14“在你们的上帝耶和华将要赐给你们作产业之地,你们不可挪动邻居的界石,因为那是先人立的。

15“如果人犯了什么罪或有什么过失,不可凭一个证人作证就定罪,要有两三个证人才可以定案。 16如果有人作伪证诬陷别人, 17诉讼双方要站在耶和华面前,让当值的祭司和审判官定夺。 18审判官要仔细审查案件,如果发现那人作伪证, 19就要按照他企图加给被诬告者的伤害处罚他。这样,就从你们当中除掉了罪恶。 20其他人听说后,都会害怕,不敢再做这种恶事。 21你们对恶人不可心软,要以命偿命,以眼还眼,以牙还牙,以手还手,以脚还脚。