5 Mose 13 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 13:1-18

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

1Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam adaeso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm kyerɛ mo, 2na sɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwasɛm no ba mu na ɔka se, “Momma yenni anyame afoforo akyi (anyame a munnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a, 3ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm. Awurade, mo Nyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ mufi mo koma ne mo kra mu nyinaa dɔ no ana. 4Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ mudi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obu ne nidi ma no. Munni ne mmara so na monyɛ osetie mma no; monsom no na mommata ne ho den. 5Ɛsɛ sɛ wokum saa odiyifo anaa ɔdaesofo no, efisɛ ɔkasa tia Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo fi ɔkwan a Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ mututu abɔnefo nyinaa fi mo mu.

6Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babea, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase twetwe wo, ka kyerɛ wo se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo, anyame a wo anaa wʼagyanom nhuu bi da,” 7anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia no de, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri, fi asase ano kosi ano no a, 8mommfa wo ho mma no anaasɛ ntie no. Nhu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso. 9Kum na ɛsɛ sɛ mukum no. Mo nsa na momma enni kan wɔ ne kum no mu ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho. 10Munsiw no abo nkum no, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔtwe mo fi Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no ho. 11Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a obefi mo mu a, ɔbɛyɛ saa ade no bio.

12Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ 13nnipa bɔnefo bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kurow no mu anim de wɔn akosi bɔne mu aka se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo,” anyame a munhuu bi da a, 14ɛsɛ sɛ mubisa mu, hwehwɛ mu yiye. Na sɛ ɛyɛ nokware na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nneyɛe bɔne bi akɔ so wɔ mo mu a, 15ɛsɛ sɛ wɔde afoa kunkum wɔn a wɔwɔ kurow no mu nyinaa. Monsɛe kurow no pasapasa, emu nnipa ne nyɛmmoa. 16Afei, mommoaboa asade no nyinaa ano wɔ kurow no aguabɔbea na monhyew no. Monhyew kurow mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyew afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Saa kurow no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsan kyekyere bio. 17Asade a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Saayɛ na ɛbɛma Awurade adan afi nʼabufuwhyew no ho na wahu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔ sɛnea ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no, 18efisɛ moyɛ osetie ma Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so na moyɛ nea ɛsɔ nʼani.