4 Mose 9 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 9:1-23

Twam Afahyɛ

1Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo wɔ Sinai sare no so no se, 2“Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano. 3Munni no wɔ ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni wɔ ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere.”

4Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no, 5na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

6Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara 7bɛka kyerɛɛ Mose se, “Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ Awurade sɛnea nhyehyɛe no te no?”

8Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho.”

9Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10“Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no, 11nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho. 12Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.

14“Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.”

Ogyamununkum

15Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee. 16Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya. 17Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ hɔ atenae. 18Eyi kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka se wonnyina a, wogyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina hɔ no nyinaa. 19Sɛ egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ egyina hɔ nna kakraa bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae. 21Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae hɔ di akyi. 22Sɛ omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena hɔ. Nanso enya tu ara pɛ a, na wɔn nso atu. 23Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.

New International Version

Numbers 9:1-23

The Passover

1The Lord spoke to Moses in the Desert of Sinai in the first month of the second year after they came out of Egypt. He said, 2“Have the Israelites celebrate the Passover at the appointed time. 3Celebrate it at the appointed time, at twilight on the fourteenth day of this month, in accordance with all its rules and regulations.”

4So Moses told the Israelites to celebrate the Passover, 5and they did so in the Desert of Sinai at twilight on the fourteenth day of the first month. The Israelites did everything just as the Lord commanded Moses.

6But some of them could not celebrate the Passover on that day because they were ceremonially unclean on account of a dead body. So they came to Moses and Aaron that same day 7and said to Moses, “We have become unclean because of a dead body, but why should we be kept from presenting the Lord’s offering with the other Israelites at the appointed time?”

8Moses answered them, “Wait until I find out what the Lord commands concerning you.”

9Then the Lord said to Moses, 10“Tell the Israelites: ‘When any of you or your descendants are unclean because of a dead body or are away on a journey, they are still to celebrate the Lord’s Passover, 11but they are to do it on the fourteenth day of the second month at twilight. They are to eat the lamb, together with unleavened bread and bitter herbs. 12They must not leave any of it till morning or break any of its bones. When they celebrate the Passover, they must follow all the regulations. 13But if anyone who is ceremonially clean and not on a journey fails to celebrate the Passover, they must be cut off from their people for not presenting the Lord’s offering at the appointed time. They will bear the consequences of their sin.

14“ ‘A foreigner residing among you is also to celebrate the Lord’s Passover in accordance with its rules and regulations. You must have the same regulations for both the foreigner and the native-born.’ ”

The Cloud Above the Tabernacle

15On the day the tabernacle, the tent of the covenant law, was set up, the cloud covered it. From evening till morning the cloud above the tabernacle looked like fire. 16That is how it continued to be; the cloud covered it, and at night it looked like fire. 17Whenever the cloud lifted from above the tent, the Israelites set out; wherever the cloud settled, the Israelites encamped. 18At the Lord’s command the Israelites set out, and at his command they encamped. As long as the cloud stayed over the tabernacle, they remained in camp. 19When the cloud remained over the tabernacle a long time, the Israelites obeyed the Lord’s order and did not set out. 20Sometimes the cloud was over the tabernacle only a few days; at the Lord’s command they would encamp, and then at his command they would set out. 21Sometimes the cloud stayed only from evening till morning, and when it lifted in the morning, they set out. Whether by day or by night, whenever the cloud lifted, they set out. 22Whether the cloud stayed over the tabernacle for two days or a month or a year, the Israelites would remain in camp and not set out; but when it lifted, they would set out. 23At the Lord’s command they encamped, and at the Lord’s command they set out. They obeyed the Lord’s order, in accordance with his command through Moses.