4 Mose 34 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 34:1-29

Kanaan Ahye

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mubedu Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛɛ na mo ahye bɛyɛ:

3“ ‘Asase no anafo fam no bɛyɛ Sin sare so a ɛda Edom hye ano no fa bi. Anafo hye no ano befi apuei fam, Nkyene Po no anafo. 4Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafo hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafo pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na efi hɔ akosi Hasarada de akowie Asmon. 5Efi Asmon a, ɔhye no bɛkɔ ara akosi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Ntam Po no ano.

6Mo hye a ɛwɔ atɔe no bɛyɛ Ntam Po no ano.

7Mo hye a ɛda atifi no befi ase wɔ Ntam Po no ano na atoa so akosi bepɔw Hor, 8de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad 9na atoa so akɔ Sifron na akowie wɔ Hasar-Enan.

10Apuei hye no befi Hasar-Enan akɔ Sefam. 11Ɔhye no besian afi Sefam akosi Ribla wɔ Ain apuei fam. Efi hɔ a, ebesiansian afa mmepɔw no ase wɔ Galilea Po no apuei fam. 12Ɔhye no besian afa Asubɔnten Yordan ho na akɔpem Nkyene Po no.

“ ‘Sɛnea mo nsase ne mo ahye te ni.’ ”

13Afei Mose hyɛɛ Israelfo no se, “Momfa ntontobɔ so nkyekyɛ asase yi sɛ mo agyapade. Awurade ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fa no, 14efisɛ Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusua no fa no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw. 15Saa mmusua abien ne fa yi anya wɔn agyapade wɔ Yeriko akyi, Yordan apuei fam a ɛhwɛ apuei no.”

Ntuanofo A Wɔbɛkyɛ Asase No

16Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17“Nnipa a wɔn din didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu mma mo sɛ mo agyapade: Ɔsɔfo Eleasar ne, Nun babarima Yosua. 18Yi abusua biara mu ɔpanyin baako na ɔmmoa nkyekyɛ asase no.

19“Wɔn din na edidi so yi:

“Yefune babarima Kaleb, Yuda abusuakuw ntuanoni;

20Amihud babarima Semuel, Simeon abusuakuw ntuanoni;

21Kislon babarima Elidad, Benyamin abusuakuw ntuanoni;

22Yogli babarima Buki, Dan abusuakuw ntuanoni;

23Efod babarima Haniel, Yosef babarima Manase abusuakuw ntuanoni;

24Siftan babarima Kemuel, Yosef babarima Efraim abusuakuw ntuanoni;

25Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuw ntuanoni;

26Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuw ntuanoni;

27Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuw ntuanoni;

28Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuw ntuanoni.”

29Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ agyapade no mu mma Israelfo no wɔ Kanaan asase so no.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 34:1-29

Kanaan Ahyeɛ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:

3“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no. 4Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon. 5Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.

6Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.

7Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor, 8de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad 9ne Sifron akɔ Hasar-Enan.

10Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam 11akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam, 12na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.

“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”

13Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa. 14Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi 15wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”

Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No

16Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 17“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua. 18Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.

19“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:

“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;

20Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;

21Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;

22Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;

23Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;

24Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;

25Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;

26Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;

27Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;

28Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”

29Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.