4 Mose 33 – AKCB & CCL

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 33:1-56

Israelfo Akwantu

1Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no. 2Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.

3Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn. 4Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.

5Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.

6Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.

7Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.

8Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.

9Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.

10Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.

11Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.

12Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.

13Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.

14Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.

15Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.

16Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.

17Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.

18Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.

19Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.

20Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.

21Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.

22Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.

23Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.

24Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.

25Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.

26Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.

27Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.

28Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.

29Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.

30Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.

31Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.

32Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.

33Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.

34Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.

35Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.

36Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.

37Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano. 38Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no. 39Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.

40Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.

41Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.

42Wofii Salmona kɔtenaa Punon.

43Wofii Punon kɔtenaa Obot.

44Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.

45Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.

46Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.

47Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.

48Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho. 49Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.

50Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se, 51“Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a, 52mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.

55“Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so. 56Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”

Mawu a Mulungu mu Chichewa Chalero

Numeri 33:1-56

Malo omwe Aisraeli Anayima pa Ulendo Wawo

1Malo otsatirawa ndi omwe Aisraeli anayima pa maulendo awo atatuluka mʼdziko la Igupto mʼmagulu awo motsogozedwa ndi Mose ndi Aaroni. 2Mose analemba malo amene anayambira maulendo awo molamulidwa ndi Yehova. Maulendo awo ndi malo omwe anayambira ndi awa:

3Aisraeli ananyamuka kuchokera ku Ramesesi pa tsiku la 15 la mwezi woyamba, itangotha Paska. Iwo anatuluka nayenda molimba mtima Aigupto onse akuona, 4pamene ankayika maliro a ana awo oyamba kubadwa, omwe Yehova anawakantha pakati pawo chifukwa Yehova anaweruza milungu yawo.

5Aisraeli atachoka ku Ramesesi, anamanga misasa yawo ku Sukoti.

6Atachoka ku Sukoti anakamanga misasa yawo ku Etamu, mʼmbali mwa chipululu.

7Ndipo atachoka ku Etamu, anabwerera ku Pihahiroti, kummawa kwa Baala-Zefoni, ndipo anamanga misasa yawo pafupi ndi Migidoli.

8Atachoka ku Pihahiroti anadutsa mʼkati mwa nyanja kupita ku chipululu ndipo atayenda masiku atatu mʼchipululu cha Etamu, anamanga misasa yawo ku Mara.

9Atachoka ku Mara anafika ku Elimu, kumene kunali akasupe a madzi khumi ndi awiri ndi mitengo ya migwalangwa 70 ndipo anamanga misasa yawo kumeneko.

10Atachoka ku Elimu anakamanga misasa yawo mʼmbali mwa Nyanja Yofiira.

11Atachoka ku Nyanja Yofiira anakamanga misasa yawo mʼchipululu cha Sini.

12Atachoka ku chipululu cha Sini anakamanga ku Dofika.

13Atachoka ku Dofika anakamanga misasa yawo ku Alusi.

14Atachoka ku Alusi anakamanga misasa yawo ku Refidimu, kumene kunalibe madzi woti anthu ndi kumwa.

15Atachoka ku Refidimu anakamanga ku chipululu cha Sinai

16Atachoka ku chipululu cha Sinai anakamanga misasa yawo ku Kiburoti-Hataava.

17Atachoka ku Kiburoti-Hataava anakamanga misasa yawo ku Heziroti.

18Atachoka ku Heziroti anakamanga ku Ritima.

19Atachoka ku Ritima anakamanga ku Rimoni-Perezi.

20Atachoka ku Rimoni-Perezi anakamanga ku Libina.

21Atachoka ku Libina anakamanga ku Risa.

22Atachoka ku Risa anakamanga ku Kehelata.

23Atachoka ku Kehelata anakamanga ku phiri la Seferi.

24Atachoka ku phiri la Seferi anakamanga ku Harada.

25Atachoka ku Harada anakamanga ku Mekheloti.

26Atachoka ku Mekheloti anakamanga ku Tahati.

27Atachoka ku Tahati anakamanga ku Tera.

28Atachoka ku Tera anakamanga ku Mitika.

29Atachoka ku Mitika anakamanga ku Hasimona.

30Atachoka ku Hasimona anakamanga ku Moseroti.

31Atachoka ku Moseroti anakamanga ku Beni Yaakani.

32Atachoka ku Beni Yaakani anakamanga ku Hori-Hagidigadi.

33Atachoka ku Hori-Hagidigadi anakamanga ku Yotibata.

34Atachoka ku Yotibata anakamanga ku Abirona.

35Atachoka ku Abirona anakamanga ku Ezioni-Geberi.

36Atachoka ku Ezioni-Geberi anakamanga ku Kadesi, mʼchipululu cha Zini chimene ndi Kadesi.

37Anachoka ku Kadesi ndi kukamanga ku phiri la Hori, mʼmalire mwa dziko la Edomu. 38Molamulidwa ndi Yehova, wansembe Aaroni anakwera ku phiri la Hori kumene anakamwalirira pa tsiku loyamba la mwezi wachisanu, mʼchaka cha makumi anayi, Aisraeli atatuluka mʼdziko la Igupto. 39Aaroni anamwalira pa phiri la Hori ali ndi zaka 123.

40Mfumu ya Akanaani ya ku Aradi yomwe inkakhala ku Negevi kummwera kwa Kanaani, inamva kuti Aisraeli akubwera.

41Atachoka ku phiri la Hori anakamanga ku Zalimoni.

42Atachoka ku Zalimoni anakamanga ku Punoni.

43Atachoka ku Punoni anakamanga ku Oboti.

44Atachoka ku Oboti anakamanga ku Iye-Abarimu.

45Atachoka ku Iye-Abarimu anakamanga ku Diboni Gadi.

46Atachoka ku Diboni Gadi anakamanga ku Alimoni-Dibulataimu.

47Atachoka ku Alimoni-Dibulataimu anakamanga mʼmapiri a Abarimu, pafupi ndi Nebo.

48Atachoka ku mapiri a Abarimu anakamanga ku zigwa za Mowabu mʼmbali mwa Yorodani moyangʼanana ndi Yeriko. 49Ali ku zigwa za Mowabu anamanga mʼmbali mwa Yorodani kuchokera ku Beti-Yesimoti mpaka ku Abeli-Sitimu.

50Pa zigwa za Mowabu, mʼmbali mwa Yorodani moyangʼanana ndi ku Yeriko, Yehova anawuza Mose kuti, 51“Nena kwa Aisraeli kuti, ‘Pamene muwoloka Yorodani kulowa mʼdziko la Kanaani, 52mukathamangitse nzika zonse za mʼdzikomo pamaso panu. Mukawononge mafano awo onse a miyala ndi osula ndi malo awo achipembedzo. 53Mukalande dzikolo ndi kukhalamo chifukwa ndakupatsani dziko limenelo kuti mukhalemo. 54Mukagawane dzikolo pochita maere monga mwa mafuko anu. Kwa omwe ali ambiri, cholowa chambiri, ndipo amene ali ocheperapo, chocheperanso. Chilichonse chimene chidzawagwere iwo mwa maere chidzakhala chawo. Mukaligawane monga mwa mafuko a makolo anu.

55“ ‘Koma ngati simukathamangitsa nzika zimene zili mʼdzikomo, amene mukawalole kukhalamo adzakhala ngati zisonga mʼmaso mwanu ndi ngati minga mʼmbali mwanu. Adzakubweretserani mavuto mʼdziko limene mudzakhalemolo. 56Ndipo pamenepo ndidzachitira inu zomwe ndinaganiza kuwachitira iwowo.’ ”