4 Mose 3 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 3:1-51

Lewifo

1Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no.

2Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar. 3Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo. 4Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.

5Awurade ka kyerɛɛ Mose se: 6“Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo. 7Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa. 8Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 9Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.”

11Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12“Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de, 13efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se, 15“Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.” 16Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

17Eyinom ne Lewi mmabarima:

Gerson, Kohat ne Merari.

18Gerson asefo ni:

Libni ne Simei.

19Kohat asefo:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

20Merari asefo:

Mahli ne Musi.

Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.

21Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.

22Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum (7,500).

23Wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no akyi wɔ atɔe fam.

24Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

25Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so. 26Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so.

27Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

28Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem awotwe ne ahansia (8,600).

Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.

29Wɔmaa wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.

30Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

31Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow wɔ hɔ nyinaa no so.

32Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin wɔ asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so.

33Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.

34Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu (6,200).

35Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,

na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.

36Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa, 37ne mpuran a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

38Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima sɛ wonsisi wɔn ntamadan wɔ hɔ.

Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa.

Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.

39Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien (22,000).

40Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din. 41Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

42Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no. 43Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273).

44Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 45“Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene Awurade. 46Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no, 47momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson. 48Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”

49Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade. 50Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Números 3:1-51

La tribu de Leví

1Así quedó registrada la familia de Aarón y Moisés cuando el Señor habló con Moisés en el monte Sinaí.

Los sacerdotes

2Los nombres de los hijos de Aarón son los siguientes: Nadab el primogénito, Abiú, Eleazar e Itamar. 3Ellos fueron los aaronitas ungidos, ordenados al sacerdocio. 4Nadab y Abiú murieron en presencia del Señor cuando, en el desierto de Sinaí, le ofrecieron sacrificios con fuego profano. Como Nadab y Abiú no tuvieron hijos, solo Eleazar e Itamar ejercieron el sacerdocio en vida de su padre Aarón.

Ministerio de los levitas

5El Señor le dijo a Moisés: 6«Trae a la tribu de Leví y preséntasela a Aarón. Los levitas le ayudarán en el ministerio. 7Desempeñarán sus funciones en lugar de Aarón y de toda la comunidad, encargándose del servicio del santuario en la Tienda de reunión. 8Cuidarán allí de todos los utensilios de la Tienda de reunión y desempeñarán sus funciones en lugar de los israelitas, encargándose del servicio del santuario. 9Pondrás a los levitas a las órdenes de Aarón y de sus hijos. Entre los israelitas, serán ellos los que estén totalmente dedicados a mí.3:9 a mí (mss. hebreos, LXX y Pentateuco Samaritano); a él (TM). 10A Aarón y a sus hijos les asignarás el ministerio sacerdotal. Pero cualquiera que se acerque al santuario y no sea sacerdote será condenado a muerte».

Elección de los levitas

11El Señor le dijo a Moisés: 12«Yo mismo he escogido a los levitas de entre los israelitas, como sustitutos de todo primogénito. Los levitas son míos, 13porque míos son todos los primogénitos. Cuando exterminé a todos los primogénitos de Egipto, consagré para mí a todo primogénito de Israel, tanto de hombres como de animales. Por lo tanto, son míos. Yo soy el Señor».

Censo de la tribu de Leví

14El Señor le dijo a Moisés en el desierto de Sinaí: 15«Haz un censo de los levitas por clanes y por familias patriarcales, teniendo en cuenta a todo varón mayor de un mes».

16Moisés llevó a cabo el censo, tal como el Señor mismo se lo había ordenado.

17Hijos de Leví:

Guersón, Coat y Merari.

18Clanes guersonitas:

Libní y Simí.

19Clanes coatitas:

Amirán, Izar, Hebrón y Uziel.

20Clanes meraritas:

Majlí y Musí.

Estos son los clanes levitas, según sus familias patriarcales.

Los clanes guersonitas

21De Guersón procedían los clanes de Libní y de Simí. Estos eran los clanes guersonitas. 22El total de los varones censados mayores de un mes llegó a siete mil quinientos. 23Los clanes guersonitas acampaban al oeste, detrás del santuario. 24El jefe de la familia patriarcal de los guersonitas era Eliasaf hijo de Lael. 25En lo que atañe a la Tienda de reunión, los guersonitas tenían a su cargo la tienda que cubría el santuario, su toldo, la cortina que estaba a la entrada, 26el cortinaje del atrio y la cortina a la entrada del atrio que rodea el santuario y el altar, como también las cuerdas y todo lo necesario para su servicio.

Los clanes coatitas

27De Coat procedían los clanes de Amirán, Izar, Hebrón y Uziel. Estos eran los clanes coatitas, 28que tenían a su cargo el santuario. El total de los varones mayores de un mes llegó a ocho mil seiscientos. 29Los clanes coatitas acampaban al sur del santuario. 30El jefe de la familia patriarcal de los coatitas era Elizafán hijo de Uziel. 31Tenían a su cargo el arca, la mesa, el candelabro, los altares, los utensilios del santuario con los que ministraban, y la cortina de la entrada, como también todo lo necesario para su servicio.

32El jefe principal de los levitas era Eleazar, hijo de Aarón el sacerdote, a quien se designó como jefe de los que tenían a su cargo el santuario.

Los clanes meraritas

33De Merari procedían los clanes de Majlí y Musí. Estos eran los clanes meraritas. 34El total de los varones censados mayores de un mes llegó a seis mil doscientos. 35El jefe de la familia patriarcal de los meraritas era Zuriel hijo de Abijaíl. Los clanes meraritas acampaban al norte del santuario. 36Tenían a su cargo el armazón del santuario, es decir, sus travesaños, postes y bases, junto con todos sus utensilios y todo lo necesario para su servicio. 37También cuidaban de los postes que estaban alrededor del atrio, junto con sus bases, estacas y cuerdas.

La tribu de Leví

38Moisés, Aarón y sus hijos acampaban delante del santuario, es decir, al este de la Tienda de reunión, por donde sale el sol, ya que tenían a su cargo el santuario en representación de los israelitas. Pero cualquiera que, sin ser sacerdote, se acercaba al santuario era condenado a muerte.

39Moisés y Aarón censaron a los levitas, tal como el Señor mismo se lo había ordenado. El total de los levitas mayores de un mes censados por clanes llegó a veintidós mil.

Los levitas y los primogénitos

40El Señor le dijo a Moisés: «Haz un censo de todos los primogénitos israelitas mayores de un mes, y registra sus nombres. 41Apártame a los levitas en sustitución de todos los primogénitos israelitas, así como el ganado de los levitas en sustitución de todas las primeras crías del ganado de los israelitas. Yo soy el Señor».

42Moisés hizo el censo de todos los primogénitos israelitas, conforme a lo que el Señor le había mandado. 43El total de los primogénitos mayores de un mes, anotados por nombre, llegó a veintidós mil doscientos setenta y tres.

44El Señor le dijo a Moisés: 45«Apártame a los levitas en sustitución de todos los primogénitos de los israelitas, así como el ganado de los levitas en sustitución del ganado de los israelitas. Los levitas son míos. Yo soy el Señor.

46»Para rescatar a los doscientos setenta y tres primogénitos israelitas que exceden al número de levitas, 47recaudarás cinco monedas de plata por cabeza, según la moneda oficial del santuario, que pesa once gramos.3:47 cinco monedas … once gramos. Lit. cinco siclos por cabeza, según el siclo del santuario, que pesa veinte guerás. 48Esa suma se la entregarás a Aarón y a sus hijos, como rescate por los israelitas que exceden a su número».

49Moisés recaudó el dinero del rescate de los israelitas que excedían al número de los rescatados por los levitas. 50En total recaudó mil trescientas sesenta y cinco monedas de plata, según la moneda oficial del santuario.3:50 monedas … santuario. Lit. siclos, según el siclo del santuario. 51Luego entregó ese dinero a Aarón y a sus hijos, tal como el Señor mismo se lo había ordenado.