4 Mose 28 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 28:1-31

Afɔrebɔ Ahorow

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’ 3Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre. 4Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere, 5na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho. 6Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. 7Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. 8Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’ 

9“ ‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no. 10Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no.

11“ ‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara. 12Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho; 13na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. 14Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu. 15Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma Awurade.

16“ ‘Ɛsɛ sɛ mudi Awurade Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so. 17Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson. 18Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 19Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. 20Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho, 21na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho. 22Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho. 23Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho. 24Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho. 25Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.

26“ ‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ Awurade aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 27Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani. 28Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho; 29na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho. 30Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo. 31Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.

Korean Living Bible

민수기 28:1-31

매일 드릴 제물

1여호와께서는 이스라엘 백성에게 이렇게 전하라고 모세에게 말씀하

2셨다. “너희가 제단에 태워 바치는 예물은 나의 양식이며 나를 기쁘게 하는 향기이다. 그러므로 너희는 그것을 정해진 시기에 바치도록 하여라.

3너희가 불로 태워 화제로 바칠 제물은 다음과 같다: 일 년 된 흠 없는 숫양 두 마리를 매일 번제로 바쳐라.

4한 마리는 아침에, 한 마리는 저녁에 바쳐야 한다.

5그리고 어린 양 한 마리에 고운 밀가루 28:5 히 ‘에바 1/10’2.2리터와 감람기름 28:5 히 ‘힌 1/4’약 리터를 섞어 소제로 바쳐라.

6이것은 시내산에서 처음 시작된 것으로 매일 불로 태워 바치는 번제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.

7그리고 술로 바치는 전제로 어린 양 한 마리에 독주 약 리터를 거룩한 곳에서 나 여호와에게 부어 바쳐라.

8저녁에도 아침에 바칠 때와 마찬가지로 어린 양 한 마리에 소제와 전제를 함께 바쳐야 한다. 이것도 태워 바치는 화제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.”

안식일에 드릴 제물

9“안식일에는 일 년 된 흠 없는 숫양 두 마리와 고운 밀가루 28:9 히 ‘에바 2/10’4.4리터에 감람기름을 섞은 소제와 여기에 따르는 전제를 바쳐라.

10이것은 매일 바치는 번제와 전제 외에 안식일마다 바치는 번제이다.”

매월 초하루에 드릴 제물

11“매월 초하루에는 수송아지 두 마리와 숫양 한 마리와 일 년 된 흠 없는 숫양 일곱 마리를 나 여호와에게 번제로 바쳐라.

12곡식으로 드리는 소제로는 수송아지 한 마리마다 고운 밀가루 28:12 히 ‘에바 3/10’6.6리터에 기름을 섞어 바치고 숫양 한 마리에는 고운 밀가루 4.4리터에 기름을 섞어 바칠 것이며

13어린 양 한 마리에는 고운 밀가루 2.2리터를 기름에 섞어 불로 태워 바쳐라. 이것은 나 여호와에게 향기로운 번제이다.

14그리고 전제로 바치는 포도주는 수송아지 한 마리에 약 1.8리터, 숫양 한 마리에 약 1.2리터, 어린 양 한 마리에 약 리터씩 바쳐야 한다. 이것은 일 년 내내 매월 초하루에 불로 태워 바치는 번제이다.

15그리고 28:15 암시됨.매월 초하루에는 매일 바치는 번제와 그 전제 외에 숫염소 한 마리를 속죄제로 나 여호와에게 바쳐라.”

무교절에 드릴 제물

16“1월 14일은 나 여호와를 기념하는 유월절이며

1715일부터는 7일 동안의 명절이 시작된다. 이 기간 동안 너희는 누룩 넣지 않은 빵을 먹고

18이 명절 첫날에는 너희가 거룩한 모임을 가지고 아무 일도 하지 말아라.

19그리고 너희는 수송아지 두 마리와 숫양 한 마리와 일 년 된 숫양 일곱 마리를 다 흠 없는 것으로 나 여호와에게 번제로 바치고

20-21그 소제는 고운 밀가루에 기름을 섞어 서 바쳐야 하며 그 밀가루는 수송아지 한 마리에 6.6리터, 숫양 한 마리에 4.4리터, 어린 양 한 마리에 2.2리터씩 바쳐야 한다.

22그리고 너희 죄를 속하기 위해 숫염소 한 마리를 속죄제물로 바쳐라.

23이것은 매일 아침 드리는 번제 외에 바치는 것이다.

24너희는 이와 똑같은 방법으로 7일 동안 매일 이 제물들을 나 여호와에게 바쳐라. 이것은 나의 음식이며 나를 기쁘게 하는 향기로운 화제이다. 너희는 이것을 매일 바치는 번제와 전제 외에 바쳐야 한다.

25그리고 7일째 되는 날에도 거룩한 모임을 가지고 아무 일도 하지 말아라.”

칠칠절에 드릴 제물

26“너희는 처음 익은 곡식을 바치는 칠칠절에 거룩한 모임을 가지고 아무 일도 하지 말고

27수송아지 두 마리와 숫양 한 마리와 일 년 된 숫양 일곱 마리를 나 여호와에게 향기로운 번제로 바쳐라.

28여기에 따르는 소제는 고운 밀가루에 기름을 섞어서 바쳐야 하며 그 밀가루는 수송아지 한 마리에 6.6리터, 숫양 한 마리에 4.4리터,

29어린 양 한 마리에 2.2리터씩 바쳐야 한다.

30그리고 너희 죄를 속하기 위해 숫염소 한 마리도 바쳐라.

31너희는 매일 드리는 번제와 소제와 전제 외에 이 제물들을 흠이 없는 것으로 바쳐야 한다.”