4 Mose 22 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 22:1-41

Balak Frɛ Balaam

1Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no.

2Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa, 3na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.

4Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.”

Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no 5somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se,

“Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me. 6Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso.”

7Moab ne Midian mpanyimfo no fii hɔ a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no.

8Balaam kae se, “Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no dae.

9Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, “Saa nnipa yi yɛ hefo?”

10Obuae se, “Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se: 11Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.”

12Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!”

13Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! Awurade ampene sɛ me ne mo nkɔ.”

14Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, “Balaam ne yɛn amma.”

15Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu. 16Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se,

“Sɛnea Sipor ba Balak se ni, ‘Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’ ”

18Nanso, Balaam buae se, “Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a Awurade a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so. 19Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa.”

20Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Esiane sɛ nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”

21Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu. 22Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho. 23Afurum no huu Awurade bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.

24Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam. 25Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.

26Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum. 27Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no. 28Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?”

29Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”

30Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?”

Obuae se, “Dabi.”

31Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.

32Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim. 33Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.”

34Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.”

35Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.

36Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano. 37Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?”

38Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.”

39Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. 40Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho. 41Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.

Japanese Contemporary Bible

民数記 22:1-41

22

バラムを呼び寄せるバラク王

1さて、イスラエルはモアブの平原に移り、ヨルダン川の東側、ちょうどエリコの町の反対側あたりに野営しました。

2-3ツィポルの子でモアブの王バラクは、イスラエル人の数があまりにも多く、エモリ人がひどい目に会ったことを知ると、恐怖におびえました。国民もイスラエル人を恐れました。 4ぐずぐずしてはいられません。そこで王はすぐ、近隣のミデヤン人の指導者たちに相談しました。「いったいどうしたらいいのだ。あの暴徒どもは、まるで牛が草を食い尽くすように回りの者を滅ぼしている。このままでは絶対に助からない。」

5-6相談の結果、ベオルの子バラムを呼び寄せることになりました。彼は、ユーフラテス川に近い、王の故郷ペトルに住んでいます。「バラムが来れば何とかなる。」そう望みをかけて、王は使いを送りました。

使いの者は王のことづてをバラムに伝えました。「イスラエル人とかいう暴徒どもがエジプトからやって来て、国中が大騒ぎだ。何しろ彼らは、まるで世界中を征服しそうな勢いで手のつけようがない。それが今にもわが国に攻め込んで来そうなのだ。すぐ来て、彼らをのろってくれないだろうか。そうすれば難なく追い出すことができる。彼らは強すぎて、このままではとてもかなわない。おまえが祝福する者は祝福され、おまえがのろう者は必ず破滅するということだから、ぜひ頼みを聞いてくれないか。」

7モアブとミデヤンの長老たちによる使いの一行は、進物を携え、急いでバラムに用件を伝えました。 8するとバラムが、「今夜はここにお泊まりください。明日の朝、主がお示しになったことをお伝えしましょう」と言うので、彼らはそうすることにしました。

9その晩、神がバラムに現れ、「その者たちはいったい何者だ」とお尋ねになりました。

10「モアブの王バラクの使いの者でございます。 11暴徒たちがエジプトから来て、国境に迫っているから、すぐ彼らをのろいに来てくれというのです。戦いに勝ちたがっているのです。」

12「行ってはならない。頼みを聞いてその民をのろってはならない。わたしはイスラエルの民を祝福しているからだ。」

13翌朝、バラムはバラクの使いの者たちに言いました。「申しわけありませんが、お帰りください。主は行ってはならないと言われました。」

14長老たちは、すごすごと王のもとへ戻り、断られたことを伝えました。 15しかし王はあきらめません。もう一度、より地位の高い者たちを、前よりも大ぜい送りました。 16-17一行が持って行った親書には、こうありました。「ぜひともおいでください。おいでいただければ手厚くおもてなしし、お望みのものは何でも差し上げましょう。どうか、イスラエル人をのろいに来てください。」

18バラムは承知しません。「たとえ金銀で飾り立てた宮殿を下さると言われても、私の神、主の命令には逆らえません。 19しかし、この前とは別のお告げがあるかもしれませんから、今夜はここにお泊まりください。」

20その夜、神はバラムに命じました。「彼らとともに行きなさい。だが、わたしが命じることだけをするのだ。」

バラムとろば

21翌朝、バラムはろばに鞍をつけ、モアブの指導者たちと出かけました。 22-23ところが、神はバラムの心に欲があることを怒り、途中で彼を殺してしまおうと主の使いを送ったのです。そうとは知らないバラムは、供の者二人と先を急いでいました。と、突然、バラムのろばの前に抜き身の剣を下げた主の使いが立ちはだかりました。驚いたろばは急に駆けだし、道ばたの畑に入り込んでしまいました。バラムはわけがわからず、あわててろばに鞭を当てて道に戻しました。 24主の使いは、今度はぶどう園の石垣の間の道に立っていました。 25その姿を見るなり、ろばはもがいて体を石垣に押しつけたので、バラムは足をはさまれてしまいました。怒ったバラムは、また鞭を当てました。 26すると、主の使いが先に行って道幅の狭い所に立ちふさがったので、 27ろばは道にうずくまってしまいました。バラムはかっとなって、ろばを杖で打ちました。

28この時、急にろばが口をききました。主がそうなさったのです。「どうして私を三度もぶつのですか。」

29「私をばかにしたからだ。剣があれば、切り殺してやるところだ。」

30「でも、これまでに、私が一度でもこんなことをしたでしょうか。」

「いや、なかった。」

31その時バラムの心の目が開き、剣を抜いて行く手に立ちはだかっている主の使いが見えました。バラムはびっくりし、その方の前にひれ伏しました。

32「なぜ、ろばを三度も打ったのか。あなたが破滅の道を進んでいるので、止めに来てやったのに。 33ろばはわたしを見て、三度ともしりごみした。そうでもしなかったら今ごろ、ろばは助かっても、あなたのいのちはなかった。」

34「私が間違っていました。お赦しください。あなたがおいでになろうとは、気がつきませんでした。これ以上進むなと申されるなら、引き返します。」

35「いや、このまま行きなさい。ただ、わたしが命じることだけを言うのだ。」

そこでバラムは一行と旅を続けました。

バラムを迎えるバラク王

36バラク王は、バラムが途中まで来ていると聞いて待ちきれず、わざわざ国境のアルノン川まで迎えに出ました。 37「なぜ、こんなに遅くなったのか。絶対に悪いようにはしないと約束したのに、信じてくれなかったのか。」

38「王様、おおせに従い、参るには参りましたが、残念ながら、神が命じられることしか申し上げられません。」

39バラムは、王といっしょにキルヤテ・フツォテに行きました。 40王はそこで牛と羊をほふり、バラムや使いの者たちにそれを与えました。 41翌朝、王はバラムをバモテ・バアル山の頂上に連れて行きました。そこから見下ろすと、多くのイスラエル人が集まっているのが見えました。しかも、それは彼らの一部でした。