4 Mose 21 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 21:1-35

Kanaanfo So Nkonimdi

1Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum. 2Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.” 3Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”

Kɔbere Mfrafrae Ɔwɔ

4Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui; 5wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”

6Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui. 7Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, “Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.

8Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu.” 9Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.

Israelfo Kɔ Moab

10Israelfo no fi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ. 11Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam. 12Wofi hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae wɔ hɔ. 13Afei, wotu fii hɔ kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifo bɔ hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam. 14Ɛno nti na, wɔka wɔ Awurade akodi nhoma no mu se,

asubɔnten Arnon subon

ne kurow Waheb 15da Amorifo ne Moabfo ntam.

16Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”

17Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi,

“Tue Ao, Abura!

To ho dwom!

18To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho,

sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu;

akunini a wokura ahempeaw ne pema.”

Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana, 19Nahaliel ne Bamot, 20na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.

Sihon Ne Og So Nkonimdi

21Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:

22“Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi sɛ yebefi mo man no mu.”

23Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ sare so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas. 24Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ wɔ hɔ no. 25Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26Na Hesbon yɛ Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.

27Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se,

“Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,

yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.

28“Ogya turuw fii Hesbon

Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu,

Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;

ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.

29Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu!

Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!

Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo,

Ne ne mmabea

sɛ Amorihene Sihon nnommum.

30“Yɛatu wɔn agu,

efi Hesbon tɔnn kosi Dibon.

Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa

De kɔ ara kosi Medeba.”

31Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.

32Mose somaa akwansrafo sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no. 33Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.

34Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no.”

35Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.

King James Version

Numbers 21:1-35

1And when king Arad the Canaanite, which dwelt in the south, heard tell that Israel came by the way of the spies; then he fought against Israel, and took some of them prisoners. 2And Israel vowed a vow unto the LORD, and said, If thou wilt indeed deliver this people into my hand, then I will utterly destroy their cities. 3And the LORD hearkened to the voice of Israel, and delivered up the Canaanites; and they utterly destroyed them and their cities: and he called the name of the place Hormah.21.3 Hormah: that is, Utter destruction

4¶ And they journeyed from mount Hor by the way of the Red sea, to compass the land of Edom: and the soul of the people was much discouraged because of the way.21.4 discouraged: or, grieved: Heb. shortened 5And the people spake against God, and against Moses, Wherefore have ye brought us up out of Egypt to die in the wilderness? for there is no bread, neither is there any water; and our soul loatheth this light bread. 6And the LORD sent fiery serpents among the people, and they bit the people; and much people of Israel died.

7¶ Therefore the people came to Moses, and said, We have sinned, for we have spoken against the LORD, and against thee; pray unto the LORD, that he take away the serpents from us. And Moses prayed for the people. 8And the LORD said unto Moses, Make thee a fiery serpent, and set it upon a pole: and it shall come to pass, that every one that is bitten, when he looketh upon it, shall live. 9And Moses made a serpent of brass, and put it upon a pole, and it came to pass, that if a serpent had bitten any man, when he beheld the serpent of brass, he lived.

10¶ And the children of Israel set forward, and pitched in Oboth. 11And they journeyed from Oboth, and pitched at Ije-abarim, in the wilderness which is before Moab, toward the sunrising.21.11 Ije-abarim: or, heaps of Abarim

12¶ From thence they removed, and pitched in the valley of Zared. 13From thence they removed, and pitched on the other side of Arnon, which is in the wilderness that cometh out of the coasts of the Amorites: for Arnon is the border of Moab, between Moab and the Amorites. 14Wherefore it is said in the book of the wars of the LORD, What he did in the Red sea, and in the brooks of Arnon,21.14 What…: or, Vaheb in Suphah 15And at the stream of the brooks that goeth down to the dwelling of Ar, and lieth upon the border of Moab.21.15 lieth: Heb. leaneth 16And from thence they went to Beer: that is the well whereof the LORD spake unto Moses, Gather the people together, and I will give them water.

17¶ Then Israel sang this song, Spring up, O well; sing ye unto it:21.17 Spring…: Heb. Ascend21.17 sing: or, answer 18The princes digged the well, the nobles of the people digged it, by the direction of the lawgiver, with their staves. And from the wilderness they went to Mattanah: 19And from Mattanah to Nahaliel: and from Nahaliel to Bamoth: 20And from Bamoth in the valley, that is in the country of Moab, to the top of Pisgah, which looketh toward Jeshimon.21.20 country: Heb. field21.20 Pisgah: or, the hill21.20 Jeshimon: or, the wilderness

21¶ And Israel sent messengers unto Sihon king of the Amorites, saying, 22Let me pass through thy land: we will not turn into the fields, or into the vineyards; we will not drink of the waters of the well: but we will go along by the king’s high way, until we be past thy borders. 23And Sihon would not suffer Israel to pass through his border: but Sihon gathered all his people together, and went out against Israel into the wilderness: and he came to Jahaz, and fought against Israel. 24And Israel smote him with the edge of the sword, and possessed his land from Arnon unto Jabbok, even unto the children of Ammon: for the border of the children of Ammon was strong. 25And Israel took all these cities: and Israel dwelt in all the cities of the Amorites, in Heshbon, and in all the villages thereof.21.25 villages: Heb. daughters 26For Heshbon was the city of Sihon the king of the Amorites, who had fought against the former king of Moab, and taken all his land out of his hand, even unto Arnon. 27Wherefore they that speak in proverbs say, Come into Heshbon, let the city of Sihon be built and prepared: 28For there is a fire gone out of Heshbon, a flame from the city of Sihon: it hath consumed Ar of Moab, and the lords of the high places of Arnon. 29Woe to thee, Moab! thou art undone, O people of Chemosh: he hath given his sons that escaped, and his daughters, into captivity unto Sihon king of the Amorites. 30We have shot at them; Heshbon is perished even unto Dibon, and we have laid them waste even unto Nophah, which reacheth unto Medeba.

31¶ Thus Israel dwelt in the land of the Amorites. 32And Moses sent to spy out Jaazer, and they took the villages thereof, and drove out the Amorites that were there.

33¶ And they turned and went up by the way of Bashan: and Og the king of Bashan went out against them, he, and all his people, to the battle at Edrei. 34And the LORD said unto Moses, Fear him not: for I have delivered him into thy hand, and all his people, and his land; and thou shalt do to him as thou didst unto Sihon king of the Amorites, which dwelt at Heshbon. 35So they smote him, and his sons, and all his people, until there was none left him alive: and they possessed his land.