4 Mose 2 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 2:1-34

Israel Mmusuakuw Atenae Ho Nhyehyɛe

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2“Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”

3Apuei fam,

baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. 4Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

5Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. 6Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

7Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. 8Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

9Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.

10Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).

12Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. 13Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).

14Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).

16Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.

17Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.

18Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500).

20Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. 21Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).

22Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. 23Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).

24Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.

25Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).

27Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. 28Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum (41,500).

29Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. 30Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

31Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia (157,600).

32Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550). 33Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.

34Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 2:1-34

營地的安排

1耶和華對摩西亞倫說: 2以色列人要各歸本旗,按本族的旗號,在會幕四圍稍遠的地方安營。」 3東邊,即日出的方向,是猶大營區及其旗號。猶大人的首領是亞米拿達的兒子拿順4率領七萬四千六百人。 5猶大支派旁邊安營的是以薩迦支派,首領是蘇押的兒子拿坦業6率領五萬四千四百人。 7然後是西布倫支派,首領是希倫的兒子以利押8率領五萬七千四百人。 9猶大營區的人共十八萬六千四百人,他們是開路先鋒。

10南邊是呂便營區及其旗號。呂便人的首領是示丟珥的兒子以利蘇11率領四萬六千五百人。 12呂便支派旁邊安營的是西緬支派,首領是蘇利沙代的兒子示路蔑13率領五萬九千三百人。 14然後是迦得支派,首領是丟珥的兒子以利雅薩15率領四萬五千六百五十人。 16呂便營區共十五萬一千四百五十人,他們是第二隊。 17隨後是會幕和利未人的營區,在其他各營中間。他們各就各位,各歸本旗,照安營時的次序出發。

18西邊是以法蓮營區及其旗號。以法蓮人的首領是亞米忽的兒子以利沙瑪19率領四萬零五百人。 20以法蓮支派旁邊是瑪拿西支派,首領是比大蘇的兒子迦瑪列21率領三萬二千二百人。 22然後是便雅憫支派,首領是基多尼的兒子亞比但23率領三萬五千四百人。 24以法蓮營區共十萬八千一百人,他們是第三隊。

25北邊是營區及其旗號。人的首領是亞米沙代的兒子亞希以謝26率領六萬二千七百人。 27支派旁邊安營的是亞設支派,首領是俄蘭的兒子帕結28率領四萬一千五百人。 29然後是拿弗他利支派,首領是以南的兒子亞希拉30率領五萬三千四百人。 31營區共有十五萬七千六百人,他們是後隊。

32以上照宗族和隊伍統計的以色列人共六十萬三千五百五十名。 33照耶和華對摩西的吩咐,利未人沒被統計在其中。

34於是,以色列人照耶和華對摩西的吩咐,各按自己的旗號安營,各按自己的宗族啟行。