4 Mose 19 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 19:1-22

Ahodwira Nsu

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2“Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ wodi so a Awurade ahyɛ: Ka kyerɛ Israelfo se wɔmfa nantwi ba bere kɔkɔɔ a onnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me. 3Momfa no mma ɔsɔfo Eleasar na ɔde no bɛkɔ atenae no akyi baabi na wɔakum no wɔ nʼanim. 4Na ɔsɔfo Eleasar de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiae Ntamadan no anim mpɛn ason. 5Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahyew nantwi ba no. Wɔbɛhyew ne ho nhoma, ne nam, ne mogya ne ne nsono. 6Na egu so rehyew no, Eleasar bɛfa sida dua, adwerɛ ne asaawa kɔkɔɔ na watow agu nantwi ba bere a wɔrehyew no so. 7Eyi akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no horo ne ntade na oguare. Afei obetumi aba atenae hɔ, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 8Onipa a ɔhyew aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere.

9“Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho. 10Onipa a ɔbɛboaboa nantwi ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama Israelfo no ne ahɔho a wɔte wɔn mu no nyinaa.

11“Obiara a obeso onipa funu mu no ho begu fi nnanson. 12Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɛsɛ sɛ ɔde nsu dwira ne ho ma ne ho tew. Sɛ wannwira ne ho nnansa ne nnanson so a ne ho rentew. 13Wɔn a woso nnipa funu mu na wonnwira wɔn ho no, wogu Awurade Ntamadan no ho fi. Ɛsɛ sɛ woyi saa nnipa no fi Israelfo mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete wɔn ho no nti, wɔn ho ntew; wɔn ho a agu fi no da so wɔ wɔn so.

14“Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a obewura saa ntamadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dedaw ansa na onipa no rewu no nyinaa ho begu fi nnanson, 15na ade biara a enni mmuaso na wɔde asa no nso ho begu fi.

16“Sɛ obi a ɔwɔ abɔnten de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ afoa ano funu anaasɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfo funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa ɔda a, ne ho begu fi nnanson.

17“Nea ne ho agu fi no, fa ahodwira nsõ no bi gu kuruwa mu na hwie nsu gu so. 18Na obi a ne ho tew no mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu mpete ntamadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntamadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a osoo dompe mu anaa obi a wokum no anaa nea ɔde ne ho aka ɔda no nso, wodwira ne ho. 19Wɔyɛ eyi ne nnansa ne ne nnanson so. Na nea ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na saa anwummere no ne ho bɛtew. 20Nanso sɛ wɔn a wɔn ho agu fi na annwira wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu, efisɛ wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Wɔmfaa ahodwira nsu mpetee wɔn so ɛ, na wɔn ho ntew. 21Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama wɔn.

“Onipa a obetu ahodwira nsu no apete no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na obiara a ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso ho begu fi akosi anwummere. 22Na biribiara a obi a ne ho agu fi no beso mu no nso ho begu fi akosi anwummere.”

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 19:1-22

Ahodwira Nsuo

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 2“Me som ho mmara foforɔ nie: Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa nantwie ba bereɛ kɔkɔɔ a ɔnnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me. 3Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔde no bɛkɔ atenaeɛ no akyi baabi na obi akum no ɛberɛ a ɔno ara nso rehwɛ. 4Eleasa de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mprɛnson. 5Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahye nantwie ba no. Ɔbɛhye ne ho nwoma, ne nam, ne mogya ne nʼagyanan nyinaa. 6Na ɛgu so rehye no, Eleasa bɛfa odum dua ne hisope mman ne asaawa kɔkɔɔ na wato agu nneɛma a wɔrehye no mu. 7Yei akyi, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware na afei ɔkɔ atenaeɛ hɔ a wɔfa no sɛ ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ. 8Onipa a ɔhyee aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, na ɔdware, ɛfiri sɛ, ɔno nso ho agu fi kɔsi anwummerɛ.

9“Afei, obi a ne ho nguu fi no bɛsesa aboa a wɔhyee no no nsõ de akɔ atenaeɛ no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron na wakɔkora no wɔ hɔ. Israelfoɔ no de bɛgu wɔn nsuo a wɔde dwira wɔn ho de pam wɔn bɔne no mu. 10Onipa a ɔbɛboaboa nantwie ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ, ne ho gu fi kɔsi anwummerɛ; yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa a ɛho wɔ mfasoɔ ma Israelfoɔ no ne ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nyinaa.

11“Obiara a ɔbɛsɔ efunu mu no ho bɛgu fi nnanson. 12Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɔde nsuo a wɔde dwira wɔn ho no adwira ne ho ama ne ho ate. Sɛ ne nnansa so wanyɛ yei a, ne nnanson akyi nyinaa na ne ho agu fi. 13Wɔn a wɔsɔ efunu mu na wɔnnwira wɔn ho sɛdeɛ makyerɛ yi no, wɔgu Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ho fi, na ɛsɛ sɛ wɔyi saa nnipa no firi Israelfoɔ mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete wɔn ho no enti, wɔn ho agu fi ara.

14“Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛwura saa ntomadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dada ansa na onipa no rewuo no nyinaa ho gu fi nnanson. 15Adeɛ biara a wɔde biribi gu mu a ɛnni mmuasoɔ no nso ho gu fi.

16“Sɛ obi a ɔwɔ abɔntene de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ akofena ano funu anaa sɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfoɔ funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa damena a, ne ho bɛgu fi nnanson.

17“Ansa na ne ho bɛte bio no, gye sɛ wɔde nantwie ba kɔkɔɔ no nsõ a wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ no fra nsuo a wɔde agu asuhina mu. 18Na obi a ne ho te afa hisope mman na ɔde abɔ nsuo no mu de apete ntomadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntomadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a ɔsɔɔ dompe mu anaa ɔsɔɔ obi a wɔakum no anaa deɛ ɔde ne ho aka damena no nso, wɔdwira ne ho. 19Wɔyɛ yei ne nnansa ne ne nnanson so. Na deɛ ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware, na ɛduru anwummerɛ a, afei ne ho ate. 20Nanso, obiara a ne ho agu fi na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Ɛfiri sɛ wɔmfaa nsuo a ɛsɛ sɛ wɔde pete ne so no mpetee ne so no enti, ne ho agu fi. 21Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ afebɔɔ.

“Onipa a ɔbɛtu nsuo no apete no nso, ɛsɛ sɛ akyire no, ɔsi ne ntadeɛ, na obiara a ɔde ne nsa bɛka nsuo no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ. 22Na biribiara a obi a ne ho agu fi no bɛsɔ mu no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.”