4 Mose 17 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 17:1-13

Aaron Pema Ho Fefɛw

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnyɛ pema dumien, abusua biara panyin ntwa baako. Kyerɛw obiara din wɔ ne de ho. 3Aaron din na wɔbɛkyerɛw agu Lewi abusuakuw pema no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ abusuapanyin biara nya pema baako. 4Momfa pema yi ngu Ahyiae Ntamadan no mu ahyiae mu wɔ baabi a mihyia mo wɔ adaka no anim hɔ no. 5Menam pema yi so bɛkyerɛ onipa a meyi no no na ne pema no ho bɛfefɛw, na meyi Israelfo anwiinwii a wɔtaa nwiinwii tia wo no nyinaa afi hɔ.”

6Enti Mose maa Israelfo no maa no pema dumien a wɔn abusua no biara panyin de wɔ mu a na Aaron ka de ka ho bi. 7Mose de guu Awurade anim wɔ Adanse Ntamadan no mu hɔ.

8Ade kyee a ɔkɔɔ mu no, ohuu sɛ Aaron pema a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuw no afefɛw ayɛ frɔmm, asow aba a ɛsensɛn so. 9Na Mose de pema no fii Awurade anim ba bɛkyerɛɛ Israelfo no. Wɔhwɛe, na ɔpanyin biara faa ne pema.

10Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Aaron pema no san kɔto adaka no anim na fa yɛ nsɛnkyerɛnne ma atuatewfo no. Eyi de anwiinwii a wonwiinwii tia me no bɛba awiei na wɔanwuwu.” Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a etia Aaron tumi a, ebesiw amanehunu foforo a anka ɛbɛba nnipa no so no ano. 11Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

12Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera! 13Mpo, obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiae Ntamadan no bewu. Yɛn nyinaa rebewuwu ana?”

Japanese Contemporary Bible

民数記 17:1-13

17

アロンの杖

1-3それから、主はモーセに命じました。「族長たちに、自分の名を彫った杖を持って来させなさい。アロンの名はレビ族の杖に彫る。 4十二本の杖を幕屋の契約の箱の前、わたしがあなたと会う場所に置きなさい。 5この杖で、わたしがだれを選ぶかを決めよう。わたしの選んだ者の杖は芽を出すのだ。これだけはっきりさせれば、彼らも不平は言わなくなるだろう。」

6十二人の族長は、それぞれモーセのところに杖を持って来ました。アロンの杖も入っています。 7モーセは、幕屋の奥の主の前にそれを置きました。

8翌日そこへ行ってみると、レビ族を代表するアロンの杖が芽を出し、花が咲き、アーモンドの実がなっているではありませんか。 9それを持って来て見せると、人々はあっけにとられ、ただ見つめるばかりです。それでも族長たちは気を取り直し、自分の杖を引き取りました。

10「アロンの杖を、この事件の苦い思い出として、いつまでも契約の箱のそばに置きなさい。アロンの権威を疑う者がまた出たら、それを見せてやりなさい。そうすれば、民が不平を言っていろいろな災難を被らずにすむだろう。」主がそう命じたので、 11モーセはそのとおりにしました。

12-13しかし人々は、それでもこりずに不平を言うのでした。「これでは、みんな死んだも同然だ。幕屋に近づくだけで死ぬのなら、だれも助かるわけないではないか。」