4 Mose 15 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 15:1-41

Afɔrebɔ Nkekaho Ahorow Ho Mmara

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede rema mo no so 3na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho. 4Nea ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade. 5Oguamma biara a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛsɛ sɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

6“ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako, 7ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.

8“ ‘Sɛ wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a, 9fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho 10a bobesa lita abien ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani. 11Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde bɔ afɔre no. 12Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ sɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.

13“ ‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba. 14Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu. 15Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim hɔ daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim. 16Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’ ”

17Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 18“Kasa kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so no so 19na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade. 20Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no. 21Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade.

Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Ho Afɔrebɔ

22“ ‘Sɛ mo, sɛ nnipakuw, anhyɛ da na mubu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 23mmara ahorow a Awurade nam ne so de ama mo yi so, efi da a Awurade de maa mo de fa awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu, 24na sɛ wɔnam awerɛfiri so fom a nnipa no nyinaa nnim a, ɛsɛ sɛ ɔman no nyinaa de aduan afɔrebɔde ne ɔnom afɔrebɔde ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre ka ho. 25Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma Israelfo nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; efisɛ, ɛyɛ mfomso, na wɔnam ɔhyew afɔrebɔ so abɔ afɔre wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔde ka ho. 26Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔho a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, efisɛ ɔmanfo no nyinaa na wɔyɛɛ mfomso a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.

27“ ‘Nanso sɛ onipa baako bi yɛ mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre. 28Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma nea ɔfom no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.

30“ ‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu. 31Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’ ”

Homeda Sobu Ho Asotwe

32Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda. 33Wɔn a wɔkyeree no no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufo no anim, 34na wɔde no too afiase, efisɛ na wonhu ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde no fa so. 35Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsiw no abo wɔ atenae no akyi baabi.” 36Enti wɔde no kɔɔ atenae no akyi baabi kosiw no abo sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

37Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 38“Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere sɛ nkae ade ntetare ntade no ano. 39Saa mmara yi botae ne sɛ, bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no. 40Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn. 41Mene Awurade, mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 15:1-41

献祭的条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列人。

“你们进入耶和华赐给你们的那片土地后, 3要用牛羊作火祭献给耶和华,作蒙耶和华悦纳的馨香之祭。不管是献燔祭、平安祭、还愿祭、自愿献的祭还是节期的祭,都当如此。 4献祭者要同时将一公斤细面粉调上一升油作素祭献给耶和华。 5无论燔祭还是平安祭,每献一只羊羔,要同时献上一升酒作奠祭; 6每献一只公绵羊,要同时将两公斤细面粉调上一点二升油作素祭献上, 7还要献一点二升酒作奠祭。这是蒙耶和华悦纳的馨香之祭。 8如果用公牛作燔祭、平安祭、还愿祭或别的祭献给耶和华, 9就要同时将三公斤细面粉调上两升油作素祭献上, 10还要献上两升酒作奠祭。这是蒙耶和华悦纳的馨香之祭。

11“献公牛、公绵羊、绵羊羔或山羊羔时,都要这样办理。 12无论献多少牲畜,每只都要这样办理。 13以色列人献上蒙耶和华悦纳的馨香火祭时,都要这样办理。 14住在你们中间的外族人,不管是暂住还是世代居住的,若愿意献上蒙耶和华悦纳的馨香火祭,也要这样办理。 15以色列人和寄居的外族人都要遵守上面的条例,永世不变。你们在耶和华面前怎样做,外族人也要怎样做。 16你们和寄居的外族人要遵行一样的条例和规定。”

17耶和华对摩西说: 18“你把以下条例告诉以色列人。

“你们到达耶和华领你们去的地方, 19吃当地的出产时,要拿出一份作举祭献给耶和华。 20你们要用初熟的麦子磨面做饼,当作举祭献上,好像献麦场的举祭一样。 21你们世世代代都要用初熟的麦子磨面,当作举祭献给耶和华。

22“如果你们无意间违背了耶和华借摩西吩咐你们遵守的命令, 23就是吩咐你们从祂颁布之日起要世世代代遵守的命令, 24如果是因会众的无知而造成过失,全体会众就要献上一头公牛犊作燔祭,作蒙耶和华悦纳的馨香之祭,同时按规定献上素祭和奠祭,外加一只公山羊作赎罪祭。 25祭司要为以色列全体会众赎罪,这样他们就得到了赦免,因为是无心之过,并且他们已经向耶和华献上火祭和赎罪祭。 26这样,以色列全体会众和寄居的外族人都必蒙赦免,因为无心之过牵涉到所有的人。

27“倘若是个人无意间犯了罪,他就要献上一只一岁的母山羊作赎罪祭。 28祭司要为这无意间犯罪的人在耶和华面前赎罪,使他获得赦免。 29无论是以色列人或是寄居的外族人,凡是犯无心之过的都要按这规例办理。 30但不管是以色列人还是外族人,若故意妄为,亵渎了耶和华,都要被铲除, 31因为他藐视耶和华的话,违背耶和华的命令,必须被铲除,罪责自负。”

处死违犯安息日者

32以色列人在旷野的时候,发现有人在安息日捡柴, 33他们就把捡柴的人带到摩西亚伦和全体会众那里, 34把他关起来,因为不知道如何处置他。 35耶和华对摩西说:“必须处死那人,全体会众要在营外用石头打死他。” 36于是,全体会众照耶和华对摩西的吩咐,把他拉到营外,用石头打死了他。

衣服穗子的条例

37耶和华对摩西说: 38“你要吩咐以色列人世世代代在衣角缝上穗子,穗子上系一条蓝色细带。 39穗子是用来提醒他们要遵行我的一切命令,不要随从自己心中和眼目的情欲,以免玷污自己。 40这样,你们就会记得遵守我的一切命令,做你们上帝的圣洁之民。 41我是你们的上帝耶和华,我把你们从埃及领出来,是要做你们的上帝。我是你们的上帝耶和华。”