4 Mose 14 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 14:1-45

Nnipa No Tew Atua

1Saa anadwo no, nnipa no nyinaa fii ase suu denneennen. 2Wɔde nne koro nwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Wɔkae se, “Sɛ yewuwuu wɔ Misraim anaa sare so ha a, anka eye. 3Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?” 4Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛpaw ɔkannifo na yɛsan kɔ Misraim.”

5Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 6Akwansrafo no mu baanu, a wɔne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuan wɔn ntade mu 7na wɔka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Asase a yɛfaa mu no yɛ asase pa yiye. 8Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bedu asase no so dwoodwoo, asase bere a nufusu ne ɛwo sen wɔ so, na ɔde bɛma yɛn. 9Monnyɛ dɔm ntia Awurade. Na munnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso, efisɛ yɛbɛmemene wɔn. Wonni bammɔ, nanso Awurade ka yɛn ho. Munnsuro wɔn.”

10Nanso mmuae a nnipa no mae ara ne sɛ, wobesiw wɔn abo. Afei, Awurade anuonyam baa Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa. 11Awurade bisaa Mose se, “Nnipa yi bebu me animtiaa akosi da bɛn? Anwonwade dodow a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wonnye me nni ara? 12Mɛma ɔyaredɔm abeduru wɔn na asɛe wɔn, nanso mɛyɛ mo ɔman kɛse a ɛwɔ ahoɔden sen wɔn.”

13Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu. 14Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wonim sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wohu omununkum dum ne ogya sɛ egyina yɛn atifi, na wonim sɛ wudi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15Na sɛ wukum wo nkurɔfo yi nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka se, 16Awurade kum wɔn wɔ sare no so, efisɛ wantumi amfa wɔn ankodu asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’

17“Afei Awurade nna nʼahoɔden adi, sɛnea wahyɛ no: 18Awurade yɛ nyaa wɔ nʼabufuw mu, na ne dɔ ne bɔne ne atuatew so bɔnefakyɛ no boro so. Nanso onnyaw ɔfɔdifo a ɔntwe nʼaso; ɔtwe mma aso wɔ agyanom bɔne ho kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne nan mu.’ 19Wo dɔ kɛse no nti, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn sɛnea wode akyɛ wɔn afi Misraim abesi saa bere yi.”

20Awurade kaa se, “Mede akyɛ wɔn sɛnea woabisa no. 21Nanso sɛ mete ase yi, na Awurade anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22saa nnipa yi a wohuu mʼanuonyam ne anwonwade a meyɛɛ wɔ Misraim ne sare so no nanso wɔyɛɛ asoɔden de sɔɔ me hwɛɛ mpɛn du no, 23wɔn mu biara renhu asase a mekaa ntam de hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wobuu me animtiaa no mu biara renhu. 24Nanso sɛnea ɛsono mʼakoa Kaleb honhom na ofi ne koma nyinaa mu di mʼakyi no nti mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so no so, na nʼasefo benya ɛhɔ mu kyɛfa. 25Esiane sɛ Amalekfo na Kanaanfo tete abon mu no nti, ɔkyena, momfa mo ani nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no nkɔ sare no so.”

26Awurade bisaa Mose ne Aaron se, 27“Enkosi da bɛn na saa nnipa bɔnefo yi benwiinwii atia me? Na mate saa Israelfo yi anwiinwiisɛm yi nyinaa. 28Enti ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade na ose, sɛ mete ase yi, mɛyɛ nea metee sɛ moreka no ama mo. 29Mo nyinaa mubewuwu wɔ sare no so: Efi wɔn a wɔadi mfe aduonu rekɔ no a wɔkan wɔn bi na wɔka ho nwiinwii tiaa me no. 30Mo mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31Moka se mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa nea muse mompɛ no. 32Na mo de, mo amu na ɛbɛka sare so ha. 33Wɔbɛhwɛ mo mma so wɔ ha mfe aduanan, na wɔahu amane wɔ mo gyidi a munni no nti; akosi sɛ onipa a otwa to no bewu atɔ sare so ha. 34Esiane sɛ akwansrafo no tenaa asase no so adaduanan no nti, ɛsɛ sɛ mo nso mukyinkyin sare no so mfe aduanan a afe biara gyina hɔ ma da koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua, na moahu sɛnea ɛte sɛ mɛsɔre atia mo.’ 35Me, Awurade, na makasa, na nea ɛte biara no mɛyɛ eyinom atia saa nnipa bɔnefo yi a wayɛ dɔm atia me no. Wobehu wɔn awiei wɔ sare yi so; ɛha na wobewuwu.”

36Enti mmarima a Mose somaa wɔ ma wɔkɔsraa asase no so no, wɔn a wɔsan ba bɛbɔɔ amanneɛ bɔne a ɛnam so maa nnipa no nyinaa nwiinwii tiaa me no, 37wɔde ɔyare bɔne kunkum saa mmarima a wɔde amanneɛ bɔne tenee wɔ Awurade anim no. 38Akwansrafo no nyinaa, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko ara na wɔtenaa ase.

39Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ howee yiye. 40Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae se, “Yɛahu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”

41Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye! 42Monsan, mo atamfo no bedi mo so nkonim, efisɛ Awurade nka mo ho. 43Amalekfo ne Kanaanfo no behyia mo wɔ hɔ wɔ hɔ? Esiane sɛ moapa Awurade nti, ɔrenka mo ho na mobɛtotɔ wɔ afoa no.”

44Nanso wofii wɔn nsusuwii mu foro kɔɔ bepɔw no so a amfa wɔn ho sɛ Awurade Apam adaka no ne Mose mu biara antu amfi atenae hɔ bi. 45Na Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian ba bɛtow hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kosii Horma.

New International Reader’s Version

Numbers 14:1-45

The People Refuse to Obey the Lord

1That night all the members of the community raised their voices. They wept out loud. 2The Israelites spoke against Moses and Aaron. The whole community said to them, “We wish we had died in Egypt or even in this desert. 3Why is the Lord bringing us to this land? We’re going to be killed by swords. Our enemies will capture our wives and children. Wouldn’t it be better for us to go back to Egypt?” 4They said to one another, “We should choose another leader. We should go back to Egypt.”

5Then Moses and Aaron fell with their faces to the ground. They did it in front of the whole community of Israel gathered there. 6Joshua, the son of Nun, tore his clothes. So did Caleb, the son of Jephunneh. Joshua and Caleb were two of the men who had checked out the land. 7They spoke to the whole community of Israel. They said, “We passed through the land and checked it out. It’s very good. 8If the Lord is pleased with us, he’ll lead us into that land. It’s a land that has plenty of milk and honey. He’ll give it to us. 9But don’t refuse to obey him. And don’t be afraid of the people of the land. We will swallow them up. The Lord is with us. So nothing can save them. Don’t be afraid of them.”

10But all the people talked about killing Joshua and Caleb by throwing stones at them. Then the glory of the Lord appeared at the tent of meeting. All the Israelites saw it. 11The Lord said to Moses, “How long will these people not respect me? How long will they refuse to believe in me? They refuse even though I have done many signs among them. 12So I will strike them down with a plague. I will destroy them. But I will make you into a greater and stronger nation than they are.”

13Moses said to the Lord, “Then the Egyptians will hear about it. You used your power to bring these people up from among them. 14And the Egyptians will tell the people who live in Canaan about it. Lord, they have already heard a lot about you. They’ve heard that you are with these people. They’ve heard that you have been seen face to face. They’ve been told that your cloud stays over them. They’ve heard that you go in front of them in a pillar of cloud by day. They’ve been told that you go in front of them in a pillar of fire at night. 15Suppose you put all these people to death and leave none alive. Then the nations who have heard these things about you will talk. They’ll say, 16‘The Lord promised to give these people the land of Canaan. But he wasn’t able to bring them into it. So he killed them in the desert.’

17“Now, Lord, show your strength. You have said, 18‘I am the Lord. I am slow to get angry. I am full of love. I forgive those who sin. I forgive those who refuse to obey. But I do not let guilty people go without punishing them. I cause the sin of the parents to affect their children, grandchildren and great-grandchildren.’ 19Lord, your love is great. So forgive the sin of these people. Forgive them just as you have done from the time they left Egypt until now.”

20The Lord replied, “I have forgiven them, just as you asked. 21You can be sure that I live. You can be just as sure that my glory fills the whole earth. 22And here is what you can be just as sure of. Not one of these people will see the land I promised to give them. They have seen my glory. They have seen the signs I did in Egypt. And they have seen what I did in the desert. But they did not obey me. And they have tested me ten times. 23So not even one of them will ever see the land I promised to give to their people of long ago. The person who has not respected me will never see it. 24But my servant Caleb has a different spirit. He follows me with his whole heart. So I will bring him into the land he went to. And his children after him will receive land there. 25The Amalekites and the Canaanites are living in the valleys. So turn back tomorrow. Start out toward the desert. Go along the way that leads to the Red Sea.”

26The Lord said to Moses and Aaron, 27“How long will this evil community speak against me? I have heard these Israelites talk about how unhappy they are. 28So tell them, ‘Here is what I am announcing. I am the Lord. You can be sure that I live. And here is what you can be just as sure of. I will do to you the very thing that I heard you say. 29You will die in this desert. Every one of you 20 years old or more will die. Every one of you who was counted in the list of the people will die. Every one of you who has spoken out against me will be wiped out. 30I lifted up my hand and promised to make this land your home. But now not all of you will enter the land. Caleb, the son of Jephunneh, will enter it. So will Joshua, the son of Nun. They are the only ones who will enter the land. 31You have said that your enemies would capture your children. But I will bring your children in to enjoy the land you have turned your backs on. 32As for you, you will die in the desert. 33Your children will be shepherds here for 40 years. They will suffer because you were not faithful. They will suffer until the last of your bodies lies here in the desert. 34For 40 years you will suffer for your sins. That is one year for each of the 40 days you checked out the land. You will know what it is like to have me against you.’ 35I, the Lord, have spoken. I will surely do these things to this entire evil community of Israel. They have joined together against me. They will meet their end in this desert. They will die here.”

36So the Lord struck down the men Moses had sent to check out the land. They had returned and had spread a bad report about the land. And that had made the whole community speak out against Moses. 37Those men were to blame for spreading the bad report. So the Lord struck them down. They died of a plague. 38Only two of the men who went to check out the land remained alive. One of them was Joshua, the son of Nun. The other was Caleb, the son of Jephunneh.

39Moses reported to all the Israelites what the Lord had said. And they became very sad. 40Early the next morning they set out for the highest point in the hill country. “We have sinned,” they said. “Now we are ready to go up to the land the Lord promised to give us.”

41But Moses said, “Why aren’t you obeying the Lord’s command? You won’t succeed. 42So don’t go up. The Lord isn’t with you. Your enemies will win the battle over you. 43The Amalekites and the Canaanites will meet you on the field of battle. You have turned away from the Lord. So he won’t be with you. And you will be killed by swords.”

44But they wouldn’t listen. They still went up toward the highest point in the hill country. They went up even though Moses didn’t move from the camp. They went even though the ark of the Lord’s covenant didn’t move from the camp. 45Then the Amalekites and the Canaanites who lived in that hill country came down. They attacked the Israelites. They won the battle over them. They chased the Israelites all the way to Hormah.