4 Mose 13 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 13:1-33

Akwansrafo Kɔ Kanaan Asase So

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”

3Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.

4Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi:

Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;

5Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat;

6Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;

7Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;

8Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;

9Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;

10Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;

11Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;

12Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;

13Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;

14Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi;

15Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.

16Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.

17Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so. 18Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua. 19Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho? 20Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.

21Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe. 24Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ. 25Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.

26Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. 27Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni. 28Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo. 29Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”

30Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”

31Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.” 32Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran. 33Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 13:1-33

打探迦南

1耶和華對摩西說: 2「你要派十二位首領,每個支派一位,去打探我要賜給以色列人的迦南。」 3摩西就按耶和華的吩咐,從巴蘭曠野派出了十二位首領。 4他們的名字如下:呂便支派撒刻的兒子沙姆亞5西緬支派何利的兒子沙法6猶大支派耶孚尼的兒子迦勒7以薩迦支派約色的兒子以迦8以法蓮支派的兒子何西阿9便雅憫支派拉孚的兒子帕提10西布倫支派梭底的兒子迦疊11約瑟的子孫、瑪拿西支派穌西的兒子迦底12支派基瑪利的兒子亞米利13亞設支派米迦勒的兒子西帖14拿弗他利支派縛西的兒子拿比15迦得支派瑪基的兒子臼利16以上是摩西派去打探迦南的人,他稱的兒子何西阿約書亞

17摩西派他們去打探迦南,並囑咐說:「你們先去南地,然後再進山區, 18打探那地方,看看那裡的居民是強是弱,是多是少; 19那地方是好是壞,人們住的是堅固的城池還是不設防的營地; 20土地是肥沃還是貧瘠,有沒有樹木。儘量帶些當地的果子回來。」當時是葡萄初熟的季節。

21於是,他們從曠野一直打探到哈馬口附近的利合22他們經南地到達希伯崙希伯崙城比埃及鎖安城還要早建七年,那裡住著亞衲人的子孫亞希幔示篩撻買23他們來到以實各谷,在那裡砍下一根葡萄枝,上面有一串葡萄,由兩個人用杠子抬著,又採了一些石榴和無花果。 24因為他們在那裡砍了一串葡萄,所以就稱那地方為以實各13·24 以實各」意思是「一串」。谷。

25過了四十天,他們打探完畢,返回營地。 26他們來到巴蘭曠野的加低斯摩西亞倫以色列全體會眾彙報,把當地的果子給大家看。 27他們對摩西說:「我們照你的指示打探了那地方,果然是奶蜜之鄉,這些都是那裡的果子。 28但那裡的居民很強悍,城邑又大又堅固。我們在那裡還見到亞衲人的子孫。 29亞瑪力人住在南地,人、耶布斯人和亞摩利人住在山區,迦南人住在海邊和約旦河沿岸。」 30迦勒讓站在摩西面前的民眾安靜,然後說:「我們立刻去佔領那地方吧!我們必能取勝。」 31跟他一起去打探的人卻說:「我們不能去攻打那些人,他們比我們強大。」 32他們還危言聳聽,說:「我們去打探的地方是吞吃居民之地,我們看見的人個個身材高大。 33我們在那裡看見了亞衲人的子孫,他們是巨人的後裔,我們跟他們相比就像蚱蜢,他們看我們也像蚱蜢。」