3 Mose 7 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 7:1-38

1“ ‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni: 2Wobekum aboa a wɔde no rebɔ afɔdi afɔre no wɔ beae a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no na wɔde ne mogya no apete afɔremuka no ho ahyia. 3Ɔsɔfo no de aboa no mu srade nyinaa, ne dua, 4nʼasaabo abien ne ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku no nyinaa begu nkyɛn de abɔ saa afɔre no. 5Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so sɛ aduan afɔrebɔ a wɔde rema Awurade. Ɛyɛ afɔdi afɔre. 6Ɔbarima a ɔfra asɔfo abusua mu no mu tumi we nam no bi. Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛho tew yiye.

7“ ‘Amanne koro no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔre ne afɔdi afɔre no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔyɛɛ mpata maa wɔn no de. 8Ɔsɔfo a odii ɔhyew afɔrebɔ no ho dwuma no betumi afa aboa no ho nwoma no. 9Sɛ asɔfo a wɔbɔ atoko ho afɔre ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atoko no nkae bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔde no, wɔto o, wɔkyew o, wɔnoa o, amanne koro no ara ase na ɛhyɛ. 10Atoko afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmabarima nyinaa dea.

11“ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:

12“ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho. 13Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho. 14Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no. 15Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so.

16“ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we. 17Afɔrebɔ nam biara a ebedi nnansa no de, wɔnhyew. 18Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.

19“ ‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe. 20Ɔsɔfo biara a ne ho ntew na obedi asomdwoe afɔre no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi. 21Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’ ”

22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23“Ka kyerɛ Israelfo no se wonnni srade, sɛ efi anantwi, nguan anaa mmirekyi mu. 24Sɛ ɔyare bi bɔ aboa bi na owu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforo bi kum no a, wonnni ne srade na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforo. 25Obiara a obedi srade a efi afɔrebɔde a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu. 26Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa. 27Obiara a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.”

28Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 29“Ka kyerɛ Israelfo se obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoe afɔre no, ɔno ara nkita mmra. 30Ɔmfa afɔrebɔde a ɛyɛ srade ne ne yan a wobehim wɔ afɔremuka no anim de ama Awurade no mmra. 31Afei, ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so na ne yan no de, Aaron ne ne mmabarima bɛfa. 32Ɛsɛ sɛ mode mo asomdwoe afɔrebɔde no srɛ nifa no ma ɔsɔfo no sɛ mo fam de. 33Na Aaron mmabarima no mu nea ɔde mogya ne srade a efi afɔrebɔde no mu no bɛba afɔremuka no so no na ɔbɛfa srɛ nifa no. 34Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛde a efi Israelfo nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmabarima. Bere biara, wɔmfa saa afɔrebɔde no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmabarima.”

35Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no. 36Efisɛ da a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfo mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa wɔ awo ntoatoaso ɛbɛba nyinaa mu.

37Eyinom ne amanne a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ, atoko afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, afɔdi afɔrebɔ, ahotew afɔrebɔ ne asomdwoe afɔrebɔ ho. 38Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔre ahorow no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai sare so hɔ.

New Serbian Translation

3. Мојсијева 7:1-38

Жртва за преступ

1Ово је закон о жртви за преступ. Она је пресвета. 2Нека се жртва за преступ коље на месту где се кољу жртве свеспалнице, а њеном крвљу нека се запљусне жртвеник са свих страна. 3Нека се принесе све њено сало, реп и сало које покрива изнутрице, 4оба бубрега и сало што је око њих и на слабинама; и мрежица што је на јетри нека се уклони заједно с бубрезима. 5Нека то свештеник спали на жртвенику као паљену жртву Господу. То је жртва за преступ. 6Свако мушко међу свештеницима сме је јести. Нека се једе на светом месту. Она је пресвета.

7Закон о жртви за преступ исти је као закон о жртви за грех. Исти је закон за обе: она припада свештенику који њоме врши обред откупљења. 8Свештенику који приноси нечију жртву свеспалницу, нека припадне кожа од жртве коју је принео. 9Свака житна жртва која се пече у пећи, и свака која се приправља у котлићу или на тигању нека припадне свештенику који је приноси; његова је. 10Свака житна жртва која се меси са уљем или насуво, нека припадне свим синовима Ароновим подједнако.

Жртва мира

11Ово је закон за жртву мира која се приноси Господу.

12Ако је ко приноси у знак захвалности, нека уз жртву захвалницу принесе и бесквасне погаче умешене са уљем, или бесквасне колаче намазане уљем. 13Уз погаче нека принесе и хлеб од дизаног теста са жртвом мира, као своју захвалност. 14Од свега што приноси нека принесе по један колач на дар Господу. То нека припадне свештенику који шкропи крв од жртве мира. 15А месо од жртве мира којом захваљује, нека се поједе на дан када се принесе; ништа не сме остати до јутра.

16Ако неко приноси жртву заветницу, или добровољну жртву, месо нека се поједе на дан кад приноси своју жртву. Што од тога остане, нека се поједе сутрадан. 17Ако нешто меса од жртве остане до трећега дана, нека се спали. 18Ако неко једе месо од жртве мира и трећега дана, тај који је приноси неће бити угодан Богу; жртва му се неће рачунати, јер је месо постало нечисто. Онај који једе од њега навући ће на себе кривицу.

19Месо које се дотакне чега нечистог нека се не једе; нека се спали. Ко год је чист сме јести месо. 20Ако би неко јео меса од жртве мира која припада Господу, а притом буде нечист, тај нека се истреби из свог народа. 21Ако се неко дотакне чега год нечистог: човечије нечистоће, или нечисте животиње, или какве год нечисте и гадне животиње, а затим једе од меса жртве мира која припада Господу, такав нека се истреби из свога народа.’“

Животињско сало се не сме јести

22Господ рече Мојсију: 23„Реци народу израиљском: ’Не једите никаквог сала од волова, оваца и коза! 24Сало од угинуле или растргане животиње може се користити за било шта, али га не смете јести. 25Ко год би јео сало од животиње која се приноси на паљену жртву Господу, нека се истреби из свога народа. 26Ни у једном од својих насеља не смете јести никакве крви, ни од птица ни од стоке. 27Ако неко једе било какву крв, нека се истреби из свога народа.’“

Делови за свештенике

28Господ рече Мојсију: 29„Реци народу израиљском: ’Онај ко приноси Господу жртву мира, нека донесе Господу део од жртве мира. 30Својим рукама нека донесе паљену жртву Господу: сало с грудима. Груди нека се подигну пред Господом као жртва дизаница, 31а свештеник нека спали сало на жртвенику. Груди нека припадну Арону и његовим синовима. 32Десну плећку од жртве мира дај свештенику као дар. 33Ономе између Аронових синова који приноси крв и сало жртве мира, нека припадне десна плећка. 34Ја сам, наиме, ускратио народу израиљском груди жртве мира и плећку жртвенога дара, и дао их Арону, свештенику, и његовим синовима. То им следује од народа израиљског по вечној уредби.’“

35То је део одређен за Арона и његове синове од жртава које се пале Господу, на дан када се уводе у службу као свештеници Господњи. 36Ово је Господ заповедио Израиљцима да им дају на дан њиховог помазања по вечној уредби за све њихове нараштаје.

37То је закон за жртву свеспалницу, за житну жртву, за жртву за грех, за жртву за преступ, за жртву посвећења, и за жртву мира, 38који је Господ дао Мојсију на гори Синају, на дан кад је заповедио народу израиљском да приноси своје жртве Господу у Синајској пустињи.