3 Mose 23 – AKCB & BDS

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 23:1-44

Afahyɛ Ahorow

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ma Israelfo nte sɛ, ‘Eyinom ne mʼafahyɛ ahorow a mahyehyɛ, Awurade afahyɛ ahorow no a ɛsɛ sɛ mudi no sɛ nhyiamu kronkron.

Homeda No

3“ ‘Mowɔ nnansia a mode yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ Homeda a mode home, da a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ faako a mote. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.

Twam Afahyɛ Ne Apiti Afahyɛ

4“ ‘Eyinom ne Awurade aponto, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ bere a wɔahyɛ no ho dawuru: 5Wofi Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔsram a edi kan no da ɛto so dunan no anwummere. 6Awurade Apiti Afahyɛ nso, wofi ase saa ɔsram no da a ɛto so dunum; na mubedi apiti nnanson. 7Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 8Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyew afɔre mma Awurade da biara. Na da a ɛto so ason no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’ ”

Nnɔbae A Edi Kan

9Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10“Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo. 11Obehim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade begye sɛ mo akyɛde. 12Da no ara, mode odwennini a wadi afe a onnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyew afɔre, 13ne nʼaduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam kilogram abiɛsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a eyi hua dɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsa lita anan ne fa afɔrebɔde bɛka ho. 14Ɛnsɛ sɛ mudi brodo biara, sɛ ɛyɛ aduan a wɔato anaa ɛyɛ foforo, kosi da a mode saa afɔrebɔde yi bɛbrɛ mo Nyankopɔn. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.

Nnaawɔtwe Nnaawɔtwe Afahyɛ

15“ ‘Homeda no akyi da a edi kan a wɔmaa atoko afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔde no, mubefi ase abubu nnaawɔtwe ason. 16Monkan adaduonum a ekosi homeda a ɛto so ason no akyi da koro na momfa atoko foforo mmɛbɔ afɔre mma Awurade. 17Eyi bɛyɛ brodo abien a mode befi mo afi mu bɛba. Na wobehim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikresiam lita anan a wɔde mmɔkaw afra nto saa brodo yi. Ɛyɛ mo aduan a edi kan afɔrebɔde a mode rema Awurade. 18Mode brodo ne nsa bɛka nguamma ason a wɔadi afe a dɛm biara nni wɔn ho ne nantwi ba baako ne adwennini abien ho abɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Eyinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔde a ɛsɔ Awurade ani yiye. 19Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔre. Na mode nguantenmma abien a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoe afɔre. 20Asɔfo no behim saa afɔrebɔde yi ne brodo abien a esi mo nnɔbae a edi akyi no anan mu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfo no sɛ wɔn aduan. 21Da no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron no ho dawuru, na monnyɛ adwuma biara. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.

22“ ‘Sɛ mutwa mo mfuw mu nnɔbae a, munntwa ntu nnɔbae no ase, na nea aporow agu fam no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne ahɔho a wɔte mo mu a wonni asase bi a wodidi so no. Mene Awurade mo Nyankopɔn!’ ”

Torobɛnto Afahyɛ

23Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 24“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ mohome da no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn torobɛnto denneennen de kae. 25Saa da no, obiara nni ho kwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔre mma Awurade.’ ”

Mpata Da

26Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 27“Saa ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so du ne Mpata Da no. Monyɛ nhyiamu kronkron, munni abuada na mommɔ ogya so afɔre mma Awurade 28Monnyɛ adwuma biara saa da no, efisɛ ɛyɛ Mpata Da, bere a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Nyankopɔn anim. 29Obiara a wanni da no ahonu ne awerɛhow so wɔ ne bɔne ho no, wobeyi no afi ne nkurɔfo mu. 30Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no mɛsɛe no. 31Monnyɛ adwuma biara koraa. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. 32Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Efi da a ɛto so akron kosi da a ɛto so du no anwummere no, ɛsɛ sɛ mudi mo Homeda.”

Asese Afahyɛ

33Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 34“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ebedi. 35Da a edi kan no yɛ nhyiamu kronkron da; monnyɛ adwuma biara. 36Da biara wɔ nnanson no mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔre ma Awurade. Da a ɛto so awotwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔre ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a etwa to. Monnyɛ adwuma biara.

37“ ‘Eyinom ne afahyɛ ahorow a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuru sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔde a wɔhyew no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, afɔrebɔde ahorow ne nsa afɔrebɔde a ɛho hia da biara. 38Munni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔde nso bɛka mo ankasa ayɛyɛde, bɔ a moahyɛ ne nea mufi mo pɛ mu de ma Awurade ho.

39“ ‘Enti efi ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no a moatwa asase no so nnɔbae no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Da a edi kan ne nea ɛto so awotwe yɛ ahomegyenna. 40Da a edi kan no, muntwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhaban wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Nyankopɔn anim nnanson. 41Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidi mmara yi tena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 42Saa nnanson no mu no, mo a moyɛ Israelfo mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase. 43Nkyerɛase a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfo no fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so sɛ, me na migyee mo fii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’ ”

44Eyinom ne Awurade afahyɛ ahorow a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Enti Mose kyerɛɛ afahyɛ ahorow a Israelfo no bedi ama Awurade.

La Bible du Semeur

Lévitique 23:1-44

La loi sur les fêtes

1L’Eternel s’adressa à Moïse en ces termes : 2Parle aux Israélites et dis-leur : Voici les fêtes que vous devez célébrer pour le Seigneur et à l’occasion desquelles vous convoquerez le peuple pour qu’il me rende un culte.

Le sabbat

3Durant six jours on fera son travail, mais le septième jour est un sabbat, un jour de repos ; il y aura une assemblée cultuelle et vous ne ferez aucun travail ce jour-là, c’est un sabbat en l’honneur de l’Eternel partout où vous habiterez23.3 Voir Gn 2.1-3 ; Ex 16.23-30 ; 20.8-11 ; 23.12 ; 31.12-17 ; 34.21 ; 35.2 ; Dt 5.12-14..

4Voici les autres fêtes de l’Eternel pour lesquelles vous convoquerez le peuple pour qu’il me rende un culte aux dates fixées.

La Pâque et la fête des Pains sans levain

5Au soir du quatorzième jour du premier mois23.5 C’est-à-dire mars-avril (mois de Nisân)., à la nuit tombante, c’est la Pâque de l’Eternel23.5 Voir Ex 12.1-14 ; Nb 28.16 ; Dt 16.1-2. ; 6et le quinzième jour du mois c’est la fête des Pains sans levain23.6 Voir Ex 12.15-20 ; 23.15 ; 34.18 ; Nb 28.17-25 ; Dt 16.3-8. en l’honneur de l’Eternel ; pendant sept jours, vous mangerez des pains sans levain. 7Vous consacrerez le premier jour de cette fête à une assemblée cultuelle ; vous n’accomplirez ce jour-là aucune des tâches de votre travail de la semaine23.7 Contrairement au jour du sabbat où aucun travail n’était autorisé, pas même la préparation d’un repas ou l’allumage d’un feu (Ex 35.2-3), l’interdiction ne porte ici que sur les tâches relatives au travail qu’on peut assimiler à une activité professionnelle. La préparation d’un repas, par exemple, est autorisée (voir Ex 12.6).. 8Pendant sept jours, vous offrirez à l’Eternel des sacrifices consumés par le feu. Le septième jour, vous convoquerez le peuple pour qu’il se rassemble afin de me rendre un culte et vous n’accomplirez aucune des tâches de votre travail de la semaine.

La fête de la Première Gerbe

9L’Eternel parla encore à Moïse en ces termes : 10Dis aux Israélites : Quand vous serez dans le pays que je vais vous donner et que vous y ferez la moisson, vous apporterez au prêtre la première gerbe de votre récolte23.10 Voir Ex 23.19 ; 34.26.. 11Le lendemain du sabbat, il fera devant moi le geste de présentation avec cette gerbe pour que vous obteniez ma faveur. 12Le jour où vous accomplirez ce geste avec la gerbe, vous m’offrirez en holocauste un agneau sans défaut, dans sa première année. 13Vous y adjoindrez une offrande de six kilogrammes de farine23.13 Il s’agit de deux dixièmes d’épha, c’est-à-dire environ sept litres. pétrie à l’huile, qui, consumée par le feu pour l’Eternel, aura une odeur apaisante, et une libation d’un litre et demi de vin23.13 Il s’agit d’un quart de hîn. Le hîn contenait six litres.. 14Avant ce jour où vous apporterez l’offrande à votre Dieu, vous ne mangerez ni pain, ni épis grillés ou grains nouveaux. C’est là une ordonnance en vigueur à perpétuité pour toutes les générations partout où vous habiterez.

La fête des Semaines23.15 titre Ainsi nommée parce qu’elle tombe sept semaines après le premier dimanche tombant lors de la Pâque ou de la fête des Pains sans levain.

15Vous compterez sept semaines entières à partir du lendemain du jour du sabbat, jour où vous aurez apporté la gerbe destinée à m’être présentée23.15 Pour les v. 15-21, voir Ex 23.16 ; 34.22 ; Nb 28.26 ; Dt 16.9-16.. 16Vous compterez cinquante jours jusqu’au lendemain du septième jour de sabbat et, ce jour-là, vous me présenterez une nouvelle offrande. 17Vous apporterez, des lieux où vous habiterez, deux pains pour le geste de présentation : chacun d’eux sera fait de six kilogrammes de fleur de farine cuits en pâte avec du levain. Ce sera une offrande de vos premières récoltes pour l’Eternel. 18Avec le pain vous offrirez aussi sept agneaux sans défaut, dans leur première année, un jeune taureau et deux béliers, qui me seront offerts en holocauste, accompagnés de leur offrande et de leur libation. Ce sera un sacrifice consumé par le feu, à l’odeur apaisante pour l’Eternel. 19Vous offrirez aussi un bouc en sacrifice pour le péché et deux agneaux d’un an en sacrifice de communion. 20Le prêtre fera avec le pain des premières récoltes le geste de présentation devant l’Eternel. Ils me seront consacrés avec les deux agneaux et reviendront au prêtre. 21Ce même jour, vous convoquerez le peuple pour qu’il me rende un culte. Vous n’accomplirez aucune des tâches de votre travail de la semaine ; c’est une ordonnance en vigueur à perpétuité et pour toutes les générations dans tous les lieux où vous habiterez.

22Quand vous ferez la moisson dans votre pays, vous ne moissonnerez pas vos champs jusqu’au bord, et vous ne glanerez pas ce qui pourra rester de votre moisson ; vous laisserez cela au pauvre et à l’immigré. Je suis l’Eternel votre Dieu23.22 Voir Lv 19.9-10 ; Dt 24.19-22..

La fête des Trompettes

23L’Eternel s’adressa à Moïse en ces termes : 24Parle aux Israélites, et dis-leur : Le premier jour du septième mois sera pour vous un grand jour de repos et de sonnerie de trompettes pour vous rappeler à mon souvenir, ainsi que d’un rassemblement cultuel23.24 Pour les v. 24-25, voir Nb 29.1-6.. 25Vous n’accomplirez ce jour-là aucune des tâches de votre travail de la semaine, et vous offrirez à l’Eternel des sacrifices consumés par le feu.

Le jour des Expiations

26L’Eternel parla encore à Moïse en ces termes : 27Le dixième jour de ce septième mois est le jour des Expiations23.27 Il s’agit du jour du Yom Kippour (pour les détails, voir chap. 16 ; Nb 29.7-11). ; ce sera un jour d’assemblée cultuelle, vous vous humilierez et vous offrirez à l’Eternel des sacrifices consumés par le feu. 28Vous ne ferez aucun travail ce jour-là, car c’est le jour des Expiations destiné à faire l’expiation pour vous devant l’Eternel votre Dieu. 29Toute personne qui ne s’humilierait pas ce jour-là sera exclue de son peuple. 30Et je ferai moi-même disparaître de mon peuple celui qui fera un travail quelconque ce jour-là. 31Vous ne ferez aucune sorte de travail. C’est une ordonnance en vigueur à perpétuité pour toutes les générations dans tous les lieux où vous habiterez. 32Ce sera pour vous un jour de repos complet, au cours duquel vous vous humilierez. Dès le soir du neuvième jour du mois jusqu’au lendemain soir, vous observerez ce repos.

La fête des Cabanes

33L’Eternel s’adressa à Moïse en ces termes : 34Parle aux Israélites, et dis-leur : Le quinzième jour de ce septième mois, aura lieu la fête des Cabanes ; on la célébrera durant sept jours en l’honneur de l’Eternel. 35Le premier jour, il y aura une assemblée cultuelle ; vous n’accomplirez ce jour-là aucune des tâches de votre travail de la semaine. 36Pendant sept jours, vous offrirez à l’Eternel des sacrifices consumés par le feu23.36 Voir Nb 29.12-39.. Le huitième jour, vous aurez encore une assemblée cultuelle et vous m’offrirez des sacrifices consumés par le feu. C’est un jour de fête cultuelle ; vous n’accomplirez ce jour-là aucune des tâches de votre travail de la semaine.

37Telles sont les fêtes à célébrer en l’honneur de l’Eternel, et pour lesquelles vous convoquerez le peuple pour qu’il rende un culte à l’Eternel et lui offre, en sacrifices consumés par le feu, les holocaustes et les offrandes, les sacrifices et les libations requis pour chaque jour. 38Ils viendront s’ajouter à ceux que vous offrirez lors des sabbats de l’Eternel, ainsi qu’à vos dons, et aux sacrifices que vous offrez à l’Eternel pour accomplir un vœu ou volontairement.

39Le quinzième jour du septième mois quand vous aurez récolté tous les produits de vos terres, vous célébrerez une fête en l’honneur de l’Eternel pendant sept jours23.39 Cette fête des récoltes est identique à la fête des Cabanes (v. 34-36 : mêmes dates).. Le premier et le huitième jour seront des jours de repos23.39 Pour les v. 39-43, voir Ex 23.16 ; 34.22 ; Nb 29.12 ; Dt 16.13-15..

40Le premier jour, vous prendrez du produit de vos arbres d’ornement, des branches de palmiers, des rameaux d’arbres touffus et de saules des rivières. Pendant sept jours, vous vous réjouirez devant moi, l’Eternel votre Dieu. 41Vous célébrerez cette fête en l’honneur de l’Eternel sept jours par an. C’est une ordonnance en vigueur à perpétuité, pour toutes les générations : vous la célébrerez le septième mois. 42Vous habiterez pendant sept jours dans des cabanes ; tous ceux qui seront nés en Israël logeront dans des cabanes 43pour que vos descendants sachent que j’ai fait habiter les Israélites sous des tentes23.43 En hébreu, un même terme signifie tantôt « cabanes » (v. 42), tantôt « tentes ». lorsque je les ai fait sortir d’Egypte. Je suis l’Eternel votre Dieu.

Conclusion

44Moïse transmit aux Israélites les instructions concernant les fêtes de l’Eternel.