3 Mose 17 – AKCB & HTB

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 17:1-16

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Hyɛ saa mmara a efi Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfo no nyinaa. 3Israelni biara a ɔde nantwi, oguamma anaa abirekyi bɛbɔ afɔre wɔ nsraban mu anaa akyi no, 4a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔde wɔ Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu. 5Saa mmara yi bɛbra Israelfo no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wuram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔde no abrɛ ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea ɔsɔfo no betumi de ama Awurade sɛ asomdwoe afɔrebɔde. 6Sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu Awurade afɔremuka no so wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no sɛ ohuam ama Awurade ani asɔ. 7Na ama ɔmanfo agyae afɔre a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wuram no. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo fi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.

8“Miti mu sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔne mo te no de ɔhyew afɔrebɔde no anaa afɔrebɔ no ba, 9na sɛ wamfa amma Ahyiae Ntamadan no kwan ano amfa amma Awurade a, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔmanfo no mu.

10“ ‘Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya wɔ ɔkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu. 11Efisɛ ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔremuka no so sɛ mpatade mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu nti na wɔde yɛ mpatade ma onipa kra. 12Ɛno nti, mereka akyerɛ Israelfo se, “Wɔn anaa ahɔho a wɔte wɔn mu no nni mogya.”

13“ ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɛ na obekum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔn ne mogya na ɔmfa mfutuma nkata so, 14efisɛ aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno nti na meka kyerɛɛ Israelfo se wonnni mogya no, efisɛ nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a odi mogya no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.

15“ ‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awu anaasɛ akekaboa bi na okum no no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere; ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka se ne ho atew. 16Na sɛ wanhoro ne ntama anguare a, wɔne no bedi no sɛnea mmara no se.’ ”

Het Boek

Leviticus 17:1-16

Verbod om bloed te eten

1-2 De Here gaf Mozes de volgende aanvullende voorschriften voor Aäron en de priesters en het gehele volk Israël: 3-4 ‘Iedere Israëliet die een os, lam of geit slacht in of buiten het kamp in plaats van het dier bij de ingang van de tabernakel te brengen, is schuldig omdat hij bloed heeft vergoten. Hij zal uit het volk worden verstoten. 5Het is de bedoeling dat de Israëlieten hun offers niet meer in het open veld brengen, maar ze naar de priester brengen bij de ingang van de tabernakel, zodat deze het als een vredeoffer aan de Here kan offeren.

6De priester kan dan het bloed sprenkelen op het altaar van de Here bij de ingang van de tabernakel en het vet als een aangenaam offer voor de Here verbranden. 7De mensen zullen dan niet meer in het veld aan boze geesten offeren en deze daardoor overspelig nalopen. Dit zal een altijd geldende wet voor u zijn, van generatie op generatie. 8-9 Ik herhaal: ieder, zowel een Israëliet als een buitenlander die bij u woont, die een brandoffer of een ander soort offer ergens anders brengt dan bij de ingang van de tabernakel, waar het aan de Here wordt geofferd, zal worden verstoten.

10En Ik zal mijn gelaat keren tegen ieder, ongeacht Israëliet of buitenlander die bij u woont, die—in welke vorm dan ook—bloed eet. Ik zal hem verstoten uit het volk. 11Want de ziel van het vlees zit in het bloed en Ik heb u het bloed gegeven om op het altaar te sprenkelen als verzoening voor uw zielen, het is het bloed dat voor de ziel verzoening doet. 12Dat is de bedoeling van mijn wet voor het volk Israël dat noch zij noch een vreemdeling die bij hen woont, bloed mogen eten. 13Ieder die op jacht gaat (zowel Israëliet als buitenlander die bij u woont) en een dier of een vogel doodt die mag worden gegeten, moet het bloed laten weglopen en het bedekken met aarde. 14Want in het bloed is de ziel. Daarom heb Ik het volk Israël gezegd nooit bloed te eten, want de ziel van elke vogel en elk dier is in zijn bloed. Daarom moet ieder die bloed eet, worden verstoten. 15En als iemand, Israëliet of buitenlander, eet van het lichaam van een dier dat is gestorven of door een wild dier is verscheurd, moet hij zijn kleren wassen en zich baden en hij zal onrein zijn tot de avond, daarna is hij weer rein. 16Maar als hij zijn kleren niet wast en zich niet baadt, zal hij zelf de gevolgen van zijn zonde dragen.’