3 Mose 16 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 16:1-34

Mpata Da

1Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ Awurade anim no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu.

3“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre. 4Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. 5Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.

6“Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo. 7Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 8Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu Awurade de, ne nea ɛsɛ sɛ wɔsan de no kɔ. 9Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre. 10Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no wɔ hɔ sɛ mpata guan.

11“Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo. 12Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ Awurade afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi. 13Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so wɔ Awurade anim na ayɛ wusiw kumɔnn wɔ mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu. 14Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae hɔ apuei fam na wapete no mpɛn ason wɔ anim.

15“Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ. 16Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. 17Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie.

18“Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho. 19Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron.

20“Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann. 21Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so. 22Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ.

23“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ. 24Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn. 25Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so.

26“Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio. 27Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho. 28Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio.

29“Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te; 30efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim. 31Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ mudi da no dinn wɔ ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. 32Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma wɔ beae hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atade kronkron hanahana no 33na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no.

34“Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.”

Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no no nyinaa so.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 16:1-34

贖罪日的條例

1亞倫的兩個兒子死在耶和華面前以後, 2耶和華對摩西說:「告訴你哥哥亞倫,他不可隨意進入幔子裡面的至聖所,走到約櫃上的施恩座前,免得死亡,因為我要在施恩座之上的雲彩中顯現。 3亞倫進入聖所時,要帶一隻作贖罪祭的公牛犢和一隻作燔祭的公綿羊。 4他要穿上聖潔的細麻內袍、細麻褲子,束上細麻腰帶,戴上細麻禮冠。這些是聖潔的衣物,他必須沐浴後才可穿戴。 5他要從以色列會眾那裡取兩隻公山羊作贖罪祭、一隻公綿羊作燔祭。 6亞倫要先獻上那頭公牛犢作贖罪祭,為自己和全家贖罪。 7然後,他要把兩隻公山羊帶到會幕門口,放在耶和華面前, 8抽籤決定哪隻歸耶和華、哪隻歸阿撒瀉勒16·8 阿撒瀉勒」是希伯來文的音譯,意義不確定。9亞倫要獻上那隻歸耶和華的公山羊作贖罪祭, 10要將那隻歸阿撒瀉勒的公山羊活著獻給耶和華,然後把牠放到曠野歸阿撒瀉勒,用來贖罪。

11亞倫要把那隻為他作贖罪祭的公牛犢牽來宰殺,為自己和全家贖罪, 12然後拿一個香爐,盛滿從耶和華面前的祭壇上取的火炭,再拿兩把磨細的香帶進幔子裡。 13他要在耶和華面前燒香,使香的煙籠罩約櫃上的施恩座,免得他死亡。 14他要取一些牛血,用手指彈灑在施恩座的東面,也要在施恩座前用手指彈灑七次。 15然後,亞倫要出去宰殺那隻為民眾作贖罪祭的公山羊,把羊血帶進幔子裡,像灑牛血一樣灑在施恩座的上面和前面。 16以色列人的污穢、叛逆和罪惡,他要這樣為至聖所贖罪。他也要同樣為會幕贖罪,因為會幕座落在以色列人中間,處在他們的污穢中。 17從他進入聖所為自己全家和以色列全體會眾贖罪開始,直到他贖完罪出來為止,任何人都不可待在會幕裡。 18之後,他要來到耶和華面前的祭壇那裡,為祭壇贖罪。他要取一些牛血和羊血,抹在祭壇的四角上, 19用手指向祭壇灑血七次,除掉以色列人的污穢,使祭壇聖潔。

20「他為至聖所、會幕和祭壇贖罪後,要牽來那隻活山羊, 21把雙手放在羊頭上,承認以色列人的過犯、叛逆和罪惡,將這一切罪歸到公山羊的頭上,然後派人把牠送到曠野。 22這隻公山羊擔當他們的一切罪,將這一切罪帶到荒無人煙的地方。

23亞倫要走進會幕,脫下他進至聖所時穿的細麻衣服,放在會幕裡。 24他要在聖潔之處沐浴,穿上平時的衣服出去為自己和民眾獻燔祭,為自己和民眾贖罪。 25他要將贖罪祭牲的脂肪焚燒在壇上。 26把羊送交阿撒瀉勒的人要洗衣、沐浴,然後才可回到營裡。 27作贖罪祭的公牛和公山羊的血被帶進聖所用來贖罪,要把公牛和公山羊帶到營外,用火焚燒牠們的皮、肉和糞。 28負責焚燒的人要洗衣、沐浴,然後才可回到營裡。

29「每年七月十日,不論是你們,還是寄居在你們中間的外族人,都要禁食,停止所有工作。這是你們要永遠遵守的律例。 30因為在這一天要為你們贖罪,使你們在耶和華面前潔淨。 31這天是你們的安息日,你們要禁食。這是一條永遠不變的律例。 32那受膏、承受聖職、替代父親做大祭司的要獻祭贖罪。他要穿上聖潔的細麻衣, 33為至聖所、會幕和祭壇贖罪,也要為祭司和全體會眾贖罪。 34這是你們要永遠遵守的律例——每年一次為以色列人贖罪。」

於是,摩西遵行了耶和華的吩咐。