3 Mose 14 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 14:1-57

Akwatafo Ahodwira

1Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, 2“Da a wobedwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara ni: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfo, 3na ɔsɔfo no ahwɛ no wɔ nsraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no agyae a, 4obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no. 5Ɔsɔfo no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ asanka a nsu wɔ mu so. 6Na anomaa a wonnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne sida dua no ne koogyan hama no ne adwerɛ mman no bɛhyɛ anomaa a wokum no no mogya no mu. 7Na ɔsɔfo no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afi no so mpɛn ason, na wapae mu aka se ne ho atew na wagyaa anomaa a wonkum no no.

8“Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson. 9Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew.

10“Da a edi so a ɛyɛ nnaawɔtwe so no, ɔbɛfa adwennini abien a wɔn ho nni dɛm ne oguamma bere baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikresiam muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. 11Afei ɔsɔfo a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefo no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔde bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.

12“Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ afɔdi afɔrebɔ a wohim no wɔ afɔremuka no anim. 13Afei, wobekum oguamma no wɔ beae a wɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdi afɔrebɔde yi bɛma ɔsɔfo no sɛnea wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa. 14Ɔsɔfo no bɛfa saa afɔdi afɔrebɔde mogya na ɔde akeka ɔyarefo a wɔretew ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 15Afei, ɔsɔfo no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu 16na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim. 17Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfo no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔde afɔdi mogya yɛe wɔ afɔdi afɔrebɔ no mu no ara pɛ. 18Ɔde ngo no nkae a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔw ɔbarima no ti ho. Eyi bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no de ne ho ayɛ mpata ama onipa no wɔ Awurade anim.

19“Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no bɔ bɔne afɔre na ɔsan yɛ mpata ho ade ma onipa a wɔrehohoro ne ho afi ne kwata mu no ho; ɛno akyi no, ɔsɔfo no bekum ɔhyew afɔrebɔde no 20na ɔde abɔ ɛne atoko afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ mpata ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afi no.

21“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama Awurade sɛ mpata a wohim wɔ afɔremuka no anim; na wɔde asikresiam fitaa muhumuhu lita abien ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atoko afɔre no a ngo tumpan ka ho. 22Ɛno akyi no, ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien mu biara a obenya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na ɔde baako a ɛbɛka no nso abɔ ɔhyew afɔre.

23“Da a ɛto so awotwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔsɔfo no de adwira no wɔ Awurade anim. 24Ɔsɔfo no bɛfa oguamma no de abɔ afɔdi afɔre. Ɔde ngo tumpan ma bɛka ho na wahim wɔ afɔremuka no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade. 25Afei, wobekum oguamma no de no abɔ afɔdi afɔre na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 26Ɔsɔfo no behwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu 27na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mpɛn ason wɔ Awurade anim. 28Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔyɛɛ mogya no, bere a ɔrebɔ afɔdi afɔre no. 29Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔw ɔbarima a wɔredwira no no ti ho de yɛ mpata wɔ Awurade anim. 30Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma abien no mu biara a otumi tɔe no ba. 31Wɔde abien a onyae no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyew afɔre a saa bere no ara mu wɔbɛbɔ atoko afɔre nso, na ɔsɔfo no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”

32Eyinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔtew wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wontumi mfa afɔrebɔde a ɛho hia no nyinaa mma no.

33Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 34“Sɛ mudu Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afi bi mu a, 35ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!’ 36Ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔatu ofie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka se kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforo ho fi wɔ hɔ. 37Sɛ ohu nsensansensan ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ ofie no afasu ho a anonom kɔ afasu no mu a, 38ɔbɛto ofi no mu nnanson 39na ne nnanson so no, wasan aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensansensan awurawura afasu no mu a, 40ɛno de, ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛw nsisii no afi hɔ na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. 41Afei, ɔbɛhyɛ ama afasu a ɛwɔ ofi no mu no, wɔawerɛwerɛw no yiye na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. 42Na wɔde abo foforo bi abɛhyɛ nea wɔwerɛwerɛw no anan na wɔde dɔte foforo asra ofi no ho.

43“Na sɛ nsisii no ba bio a, 44ɔsɔfo no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ ofi no ho ntew. 45Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu ofi no agu. Wɔbɛtwe mmubui no mu abo, nnua ne dɔte no nyinaa afi kurow no mu de akogu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.

46“Obiara a obewura ofi a wɔato mu no mu no ho ntew kosi anwummere. 47Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa obedidi wɔ fie hɔ no bɛhoro ne nneɛma nyinaa.

48“Na sɛ wɔsra ofi no ho bio na ɔsɔfo no bɛhwɛ na nsisii no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka se wɔatew ofi no ho na kwata no nso kɔ. 49Obedi ofi no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa abien, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne adwerɛ mman na ebedi saa dwuma no. 50Obekum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ asanka mu so, 51na ɔde sida dua no ne adwerɛ mman ne hama kɔkɔɔ ne anomaa a wonkum no no anu anomaa a wɔakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete ofi no mpɛn ason. 52Wɔyɛ eyi de tew ofi no ho. 53Afei, obegyaa anomaa a onwui no ama watu akɔ kurow no akyi baabi. Eyi ne ɔkwan a wɔfa so de yɛ mpata de ma ofi san de dwira ho no.”

54Eyinom ne mmara a ɛfa mmeaemmeae a kwata ba hɔ no ho. 55Sɛ ɛyɛ atade mu anaa ofi mu, 56anaa ɔhonam ani ahonhon, anaa ɔhyehyew mu mpumpunnya anaa ɔhonam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn. 57Saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa ahu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata.

Eyi nti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.

Nova Versão Internacional

Levítico 14:1-57

A Purificação da Lepra

1Disse também o Senhor a Moisés: 2“Esta é a regulamentação acerca da purificação de um leproso: Ele será levado ao sacerdote, 3que sairá do acampamento e o examinará. Se a pessoa foi curada da lepra14.3 O termo hebraico não se refere somente à lepra, mas também a diversas doenças da pele; também no restante do capítulo., 4o sacerdote ordenará que duas aves puras, vivas, um pedaço de madeira de cedro, um pano vermelho e um ramo de hissopo sejam trazidos em favor daquele que será purificado. 5Então o sacerdote ordenará que uma das aves seja morta numa vasilha de barro com água da fonte. 6Então pegará a ave viva e a molhará, com o pedaço de madeira de cedro, com o pano vermelho e com o ramo de hissopo, no sangue da ave morta em água corrente. 7Sete vezes ele aspergirá aquele que está sendo purificado da lepra e o declarará puro. Depois soltará a ave viva em campo aberto.

8“Aquele que estiver sendo purificado lavará as suas roupas, rapará todos os seus pelos e se banhará com água; e assim estará puro. Depois disso poderá entrar no acampamento, mas ficará fora da sua tenda por sete dias. 9No sétimo dia rapará todos os seus pelos: o cabelo, a barba, as sobrancelhas e o restante dos pelos. Lavará suas roupas e banhará o corpo com água; então ficará puro.

10“No oitavo dia pegará dois cordeiros sem defeito e uma cordeira de um ano sem defeito, com três jarros14.10 Hebraico: 3/10 de efa. O efa era uma medida de capacidade para secos. As estimativas variam entre 20 e 40 litros. da melhor farinha amassada com óleo, como oferta de cereal, e uma caneca14.10 Hebraico: 1 logue. O logue era uma medida de capacidade. As estimativas variam entre 1/4 de litro e 1/2 litro. de óleo. 11O sacerdote que faz a purificação apresentará ao Senhor, à entrada da Tenda do Encontro, tanto aquele que estiver para ser purificado como as suas ofertas.

12“Então o sacerdote pegará um dos cordeiros e o sacrificará como oferta pela culpa, com a caneca de óleo; ele os moverá perante o Senhor como gesto ritual de apresentação e 13matará o cordeiro no Lugar Santo, onde são sacrificados a oferta pelo pecado e o holocausto. Como se dá com a oferta pelo pecado, também a oferta pela culpa pertence ao sacerdote; é santíssima. 14O sacerdote porá um pouco do sangue da oferta pela culpa na ponta da orelha direita daquele que será purificado, no polegar da sua mão direita e no polegar do seu pé direito. 15Então o sacerdote pegará um pouco de óleo da caneca e o derramará na palma da sua própria mão esquerda, 16molhará o dedo direito no óleo que está na palma da mão esquerda e com o dedo o aspergirá sete vezes perante o Senhor. 17O sacerdote ainda porá um pouco do óleo restante na palma da sua mão, na ponta da orelha direita daquele que está sendo purificado, no polegar da sua mão direita e no polegar do seu pé direito, em cima do sangue da oferta pela culpa. 18O óleo que restar na palma da sua mão, o sacerdote derramará sobre a cabeça daquele que está sendo purificado e fará propiciação por ele perante o Senhor.

19“Então o sacerdote sacrificará a oferta pelo pecado e fará propiciação em favor daquele que está sendo purificado da sua impureza. Depois disso, o sacerdote matará o animal do holocausto 20e o oferecerá sobre o altar com a oferta de cereal; e assim fará propiciação pelo ofertante, o qual estará puro.

21“Se, todavia, o ofertante for pobre, sem recursos para isso, pegará um cordeiro como oferta pela culpa, o qual será movido para fazer propiciação pelo ofertante, com um jarro da melhor farinha, amassada com óleo, como oferta de cereal, uma caneca de óleo 22e duas rolinhas ou dois pombinhos, conforme os seus recursos, um como oferta pelo pecado e o outro como holocausto.

23“No oitavo dia o ofertante os trará, para a sua purificação, ao sacerdote, à entrada da Tenda do Encontro, perante o Senhor. 24O sacerdote pegará o cordeiro da oferta pela culpa, com uma caneca de óleo, e os moverá perante o Senhor como gesto ritual de apresentação. 25Matará o cordeiro da oferta pela culpa e pegará um pouco do sangue e o porá na ponta da orelha direita daquele que está sendo purificado, no polegar da sua mão direita e no polegar do seu pé direito. 26O sacerdote derramará um pouco do óleo na palma da sua mão esquerda, 27e com o dedo indicador direito aspergirá um pouco do óleo da palma da sua mão esquerda sete vezes perante o Senhor. 28Ele porá o óleo da palma da sua mão nos mesmos lugares em que pôs o sangue da oferta pela culpa: na ponta da orelha direita daquele que está sendo purificado, no polegar da sua mão direita e no polegar do seu pé direito. 29O que restar do óleo na palma da sua mão, o sacerdote derramará sobre a cabeça daquele que está sendo purificado, para fazer propiciação por ele perante o Senhor. 30Depois sacrificará uma das rolinhas ou um dos pombinhos, conforme os seus recursos, 31um como oferta pelo pecado e o outro como holocausto, com a oferta de cereal. Assim o sacerdote fará propiciação perante o Senhor em favor daquele que está sendo purificado”.

32Essa é a regulamentação para todo aquele que tem lepra e não tem recursos para fazer a oferta da sua purificação.

A Purificação do Mofo

33O Senhor disse a Moisés e a Arão: 34“Quando vocês entrarem na terra de Canaã, que dou a vocês como propriedade, e eu puser mancha de mofo numa casa, na terra que lhes pertence, 35o dono da casa irá ao sacerdote e dirá: Parece-me que há mancha de mofo em minha casa. 36Antes de examinar o mofo, o sacerdote ordenará que desocupem a casa para que nada que houver na casa se torne impuro. Depois disso, o sacerdote irá examinar a casa. 37Examinará as manchas nas paredes e, se elas forem esverdeadas ou avermelhadas e parecerem mais profundas do que a superfície da parede, 38o sacerdote sairá da casa e a deixará fechada por sete dias. 39No sétimo dia voltará para examinar a casa. Se as manchas se houverem espalhado pelas paredes da casa, 40ordenará que as pedras contaminadas pelas manchas sejam retiradas e jogadas num local impuro, fora da cidade. 41Fará que a casa seja raspada por dentro e que o reboco raspado seja jogado num local impuro, fora da cidade. 42Depois colocarão outras pedras no lugar das primeiras e rebocarão a casa com barro novo.

43“Se as manchas tornarem a alastrar-se na casa depois de retiradas as pedras e de raspada e rebocada a casa, 44o sacerdote irá examiná-la e, se as manchas se espalharam pela casa, é mofo corrosivo; a casa está impura. 45Ela terá que ser demolida: as pedras, as madeiras e todo o reboco da casa; tudo será levado para um local impuro, fora da cidade.

46“Quem entrar na casa enquanto estiver fechada estará impuro até a tarde. 47Aquele que dormir ou comer na casa terá que lavar as suas roupas.

48“Mas, se o sacerdote for examiná-la e as manchas não se houverem espalhado depois de rebocada a casa, declarará pura a casa, pois as manchas de mofo desapareceram. 49Para purificar a casa, ele pegará duas aves, um pedaço de madeira de cedro, um pano vermelho e hissopo. 50Depois matará uma das aves numa vasilha de barro com água da fonte. 51Então pegará o pedaço de madeira de cedro, o hissopo, o pano vermelho e a ave viva, e os molhará no sangue da ave morta e na água da fonte, e aspergirá a casa sete vezes. 52Ele purificará a casa com o sangue da ave, com a água da fonte, com a ave viva, com o pedaço de madeira de cedro, com o hissopo e com o pano vermelho. 53Depois soltará a ave viva em campo aberto, fora da cidade. Assim fará propiciação pela casa, e ela ficará pura”.

54Essa é a regulamentação acerca de qualquer tipo de lepra, de sarna, 55de mofo nas roupas ou numa casa 56e de inchaço, erupção ou mancha brilhante, 57para se determinar quando uma coisa é pura ou impura.

Essa é a regulamentação acerca de qualquer tipo de lepra e de mofo.