2 Mose 40 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 40:1-38

1Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si Ahyiae Ntamadan no. 3Wusi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamtam no twa Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ. 4Afei, fa ɔpon no besi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no. 5Fa sikakɔkɔɔ afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so no besi Apam Adaka no anim na fa ɔpon no nkataanim sɛn Ahyiae Ntamadan no ano.

6“Fa ɔhyew afɔremuka no si Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 7Fa hweaseammɔ no si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na hyɛ no nsu ma. 8Siesie adiwo twa Ahyiae Ntamadan no ho hyia na fa nsɛnanim no sɛn ne kwan no ano.

9“Fa ɔsrango no na pete gu Ahyiae Ntamadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkongua so, na fa tew ho. 10Ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na tew ho na ɛnyɛ kronkron. 11Sra hweaseammɔ no ne ne ntaease no ngo na fa tew ho.

12“Fa Aaron ne ne mmabarima no bra Ahyiae Ntamadan no kwan ano na fa nsu hohoro wɔn ho. 13Na fa atade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho ntew na ɔmmɛyɛ me sɔfo. 14Fa ne mmabarima no bra na fa wɔn ntade hyehyɛ wɔn. 15Sra wɔn ngo sɛnea woyɛɛ wɔn agya no, sɛnea wɔbɛsom me sɛ asɔfo. Wɔn ngosra no bɛyɛ asɔfodi wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.” 16Mose yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

17Afe a ɛto so abien no mu ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔkekaa Ahyiae Ntamadan no sisii anim. 18Mose sii Ahyiae Ntamadan no; ɔde nsisiso no sisii wɔn afa, de nnyinaso no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabea mu de mpuran sisii wɔn afa. 19Afei, ɔde nkuruso no kuruu mpuran no so de ne nguguso guguu so san de nguguso a edi akyi kuruu so sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

20Ɔde abo a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔde bɛsoa no susoo mu. Ɔde ne nkataso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkataso no kataa so. 21Afei, ɔde Apam Adaka no besii Ahyiae Ntamadan no mu de ntwamtam no twaa mu, sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

22Afei, ɔde ɔpon no sii atifi fam wɔ ɔdan no mu wɔ ntwamtam no akyi, 23de Ɔkyerɛ Brodo no too so wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛe no.

24Ɔde kaneadua no sii ɔpon no nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam. 25Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

26Mose de sikakɔkɔɔ afɔremuka sii ntwamtam no ho pɛɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu 27na ɔhyew nnuhuam wɔ so sɛnea Awurade hyɛe no.

28Ɔde Ahyiae Ntamadan no ano nkataano sɛn ano. 29Ɔde afɔremuka a esi akyi a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si bɛn ɔkwan no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre sɛnea Awurade hyɛe no.

30Ɔde hweaseammɔ sii Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na wɔhyɛɛ no nsu ma, sɛnea asɔfo no benya bi ahohoro wɔn ho, 31na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ. 32Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

33Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma.

34Omununkum no bɛkataa Ahyiae Ntamadan no so maa Awurade anuonyam hyɛɛ no ma. 35Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no nti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade anuonyam hyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ma.

36Bere biara a omununkum no bɛma ne ho so no, na Israelfo no nso di akyi. 37Na sɛ egyina a, na wɔn nso agyina akosi sɛ ɛbɛma ne ho so bio. 38Awia de, omununkum no gyina Ahyiae Ntamadan no so na sɛ edu anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛnea Israelfo no nyinaa behu. Eyi toaa so saa ara wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu.

Bibelen på hverdagsdansk

2. Mosebog 40:1-38

Åbenbaringsteltet rejses og klargøres

1Herren sagde nu til Moses: 2„Rejs åbenbaringsteltet på den første dag i det nye år, 3sæt pagtens ark ind i det, og hæng det indre forhæng op, så arken er afskærmet bag det. 4Sæt derefter bordet på plads og anbring de forskellige redskaber på det. Sæt også lysestagen på plads og gør lamperne klar.

5Placer nu røgelsesalteret af guld udenfor det indre forhæng lige over for arken. Hæng det ydre forhæng op ved teltets indgang 6og sæt brændofferalteret op foran indgangen. 7Anbring vaskefadet mellem teltet og alteret og fyld vand i det. 8Rejs derefter indhegningen, så der dannes en forgård rundt om teltet, og hæng forhænget op for indgangen til forgården.

9Tag salveolien og stænk den på boligen og alt det, der er inde i boligen, så det hele bliver indviet og helligt. 10Stænk også olie på brændofferalteret og dets tilbehør, så det bliver indviet og fuldkommen helligt. 11Gør det samme med vaskefadet og dets stativ, så det bliver indviet.

12Før derpå Aron og hans sønner til åbenbaringsteltets indgang og vask dem med vand. 13Giv så Aron den hellige dragt på og salv ham, så han indvies til at gøre præstetjeneste for mig. 14Giv også hans sønner deres dragter på 15og salv dem, så de ligeledes kan tjene som præster. Denne salvning skal være indvielse til en præstetjeneste, som skal fortsætte i alle kommende slægtled.”

16Moses gjorde nøjagtig, som Herren havde befalet ham. 17På den første dag i året efter udfrielsen blev boligen rejst. 18Først blev soklerne anbragt på deres pladser, vægmodulerne blev rejst på soklerne, tværstængerne blev skubbet på plads og stolperne på østsiden blev rejst op. 19Så bredte han teltdugen ud over det hele og lagde presenningerne ovenpå, nøjagtig som Herren havde befalet.

20Derpå lagde han stentavlerne med de ti bud ned i arken, satte bærestængerne fast og lagde forsoningstedet ovenpå som låg. 21Arken blev så båret ind i det allerhelligste rum, og det indre forhæng blev hængt op, så arken blev skjult, nøjagtig som Herren havde befalet.

22Bordet blev placeret uden for forhænget ved åbenbaringsteltets nordvæg, 23og de hellige brød blev lagt ud på bordet foran det allerhelligste, hvor Herrens nærvær var, nøjagtig efter forskriften.

24Ved teltets sydvæg, over for bordet, anbragte Moses lysestagen 25og satte lamperne på stagen foran det allerhelligste rum, hvor Herrens nærvær var, nøjagtig som Herren havde befalet ham.

26Røgelsesalteret af guld placerede han foran det indre forhæng, 27og han brændte vellugtende røgelse derpå, nøjagtig som Herren havde befalet.

28Dernæst hængte han det ydre forhæng op ved boligens indgang 29og anbragte brændofferalteret uden for teltet nær ved indgangen. Så ofrede han brændofferet og afgrødeofferet, nøjagtig som Herren havde befalet.

30Derefter placerede han vaskefadet mellem brændofferalteret og teltet og fyldte det med vand, 31og han selv og Aron og Arons sønner vaskede hænder og fødder. 32Hver gang de gik ind i Guds bolig eller skulle bringe et offer på alteret, vaskede de sig, sådan som Herren havde befalet Moses.

33Endelig rejste han forgårdens vægge rundt om teltet og alteret og hængte forhænget op for indgangen til forgården. Således fuldendte Moses værket.

Herrens herlighed fylder helligdommen

34Da dækkede skyen teltet, og Herrens herlighed fyldte boligen. 35Moses kunne ikke gå ind i teltet, for skyen dækkede det, og Herrens herlighed fyldte boligen.

36Under resten af rejsen mod det land, Gud havde lovet israelitterne, brød folket kun op, når skyen løftede sig fra teltet. 37Hvis skyen blev over teltet, blev folket, hvor de var, indtil skyen lettede. 38Om dagen hvilede skyen over boligen, og om natten lyste skyen som ild, så Israels folk kunne se, at Gud var med dem.