2 Mose 38 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 38:1-31

Ɔhyew Afɔremuka

1Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. 2Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho. 3Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. 4Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini. 5Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. 6Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no. 7Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso.

8Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no.

9Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe. 10Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. 11Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho.

12Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina. 13Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. 14Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu, 15na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu. 16Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho. 17Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa.

18Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no. 19Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.

21Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so. 22Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena. 23Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu. 24Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma.

25Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan (3,400). 26Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ. 27Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan. 28Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no.

29Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan (2,400). 30Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae, 31afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 38:1-31

祭坛、院子和奉献的物品

1比撒列用皂荚木造烧祭物的方形祭坛,长宽各二点三米,高一点三米, 2在坛的四角造四个角状物,与坛连成一体,祭坛外面包上铜。 3他用铜造一切的器具,就是盆、铲、碗、肉叉、火鼎。 4又造了一个铜网,铜网在祭坛围边的下方,向下伸展到祭坛的腰部, 5在铜网的四角铸四个铜环,以便抬坛。 6他用皂荚木做横杠,包上铜, 7把横杠穿在坛边的铜环里,以便抬坛。坛是中空的,用木板制作。

8他用在会幕门口服侍的妇女们的铜镜造铜盆和盆座。

9他用帷幔围成院子,南面的帷幔用细麻线织成,长四十六米。 10帷幔有二十根柱子,二十个带凹槽的铜底座,柱子上的钩子和横杆都是银的。 11北面的帷幔也是长四十六米,柱子、铜底座、钩子、横杆的样式与南面的一样。 12西面的帷幔宽二十三米,有十根柱子和十个带凹槽的底座,钩子和横杆都是银的。 13东面的帷幔也是宽二十三米。 14-15入口两边的两幅帷幔都是宽六点九米,各有三根柱子和三个带凹槽的底座。 16院子四面的帷幔都用细麻线织成。 17柱子带凹槽的底座是铜的,柱子上面的钩和横杆是银的,柱顶包银,院子所有的柱子都用银杆相连。 18院子入口的门帘用蓝色、紫色、朱红色毛线和细麻线绣制,长九米、高二点三米,与院子帷幔的高度一样。 19门帘有四根柱子和四个带凹槽的铜底座,柱子上的钩子和横杆都是银的,柱顶包银。 20圣幕和院子四围所有的橛子都是铜的。 21以上是安放约柜的圣幕中所用的物品,是照摩西的吩咐,由亚伦祭司的儿子以他玛指挥利未人清点的。

22犹大支派户珥的孙子、乌利的儿子比撒列做好了耶和华吩咐摩西预备的一切物品。 23他的助手是支派亚希撒抹的儿子亚何利亚伯,是雕刻家和设计师,并懂得用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线刺绣。

24按圣所的秤计算,建造圣所共用了奉献的金子一吨。 25按圣所的秤计算,从登记的人口所收到的银子是三点四二吨。 26这是所有登记的、年龄在二十岁以上的人所缴纳的银子,共有六十万三千五百五十人,每人交六克银子,以圣所的秤为准。 27铸造圣所带凹槽的底座和帷幔柱子带凹槽的底座共用了三点四吨银子,共铸造了一百个底座,每个底座用了三十四公斤银子。 28剩下的二十公斤银子用来制造柱子上的钩子和横杆以及包柱顶。 29百姓奉献的铜共有二点四吨, 30用来制造会幕入口带凹槽的底座、祭坛、坛上的铜网及一切器具、 31院子周围和院子入口带凹槽的底座以及圣幕、院子周围所有的橛子。