2 Mose 36 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 36:1-38

1Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea Awurade ahyɛ no.”

2Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase. 3Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo. 4Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no 5kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.”

6Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio. 7Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo.

8Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu. 9Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. 10Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo. 11Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano 12a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim. 13Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako.

14Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ 15a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so. 16Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. 17Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano 18na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn. 19Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ.

20Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho. 21Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra, 22nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. 23Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo 24a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase. 25Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho 26a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. 27Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho, 28na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ. 29Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ. 30Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe.

31Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako. 32Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam. 33Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti. 34Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.

35Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu. 36Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 37Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe. 38Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe.

Japanese Contemporary Bible

出エジプト記 36:1-38

36

1-2ほかにも、才能に恵まれた技術者がたくさんいる。二人を中心にみなで力を合わせ、調度品を作り上げてほしい。」

ベツァルエルとオホリアブをはじめ、この仕事に参加したいと思った者たち全員に、モーセは仕事を始めるよう命じました。 3そして、人々がささげた材料を彼らに渡しました。しかしそのあとも、新しい材料が毎朝ささげられました。 4-7あまりに多くて、もうとても、現場ではさばききれません。彼らは仕事を中断し、モーセに実情を報告しました。「材料があまりにたくさん集まりすぎて、使いきれないくらいです。」そこでモーセは野営地中に、これ以上奉納する必要はないと伝えさせたので、ようやく人々は持って来るのをやめました。

8-9腕のいい織物師たちが、まず上等の細い撚り糸で織った亜麻布で幕を十枚作り、青、紫、緋色の撚り糸でケルビム(天使の像)を織り出しました。幕の大きさは長さが二十八キュビト(十二メートル)、幅が四キュビトで、 10これを五枚ずつつなぎ合わせ、長い布を二枚作りました。 11-12次に、それぞれの端に青いひもでループを五十ずつ作り、対になるようにしました。 13ループをつなぎ合わせる留め金を五十個作り、二枚の長い布を一枚にして、天幕ができ上がりました。

14-15布の上には、二番目の覆いとして、やぎの毛皮で作った十一枚の幕を使いました。それぞれ長さ三十キュビト(十三メートル)、幅四キュビトのものです。 16ベツァルエルはこの五枚をつなぎ合わせて一枚の長い幕とし、残りの六枚も別の長い幕としました。 17次に、それぞれのへりに沿ってループを五十ずつ作り、 18五十個の小さな青銅の留め金でつなぎ、二枚の幕をぴったりつなぎ合わせました。

19屋根の外側にかぶせる覆いは、赤く染めた雄羊のなめし皮とじゅごん(海に住む哺乳動物)の皮で作りました。

20天幕の側面にするために、まっすぐ立ったわく組みをアカシヤ材で作りました。 21一枚の板は高さ十キュビト(四・四メートル)、幅一キュビト半です。 22それぞれの板には二個のほぞをつけて、隣の板にはめ込みます。 23南側に板が二十枚、 24下の部分は銀の土台四十個にさし込みます。一枚の板に二個ずつの土台とほぞを使って、しっかり固定しました。 25-26北側にも板が二十枚、それぞれに二個ずつ、全部で四十個の銀の土台を作りました。 27西側、つまり天幕のうしろ側は板六枚と、 28両隅に一枚ずつの板を置きました。 29この二枚はそれぞれ下を重ね、上を環でつなぎます。 30ですから西側には、全部で板が八枚、それぞれの下に二個ずつ、計十六個の銀の土台があることになります。

31-32次にベツァルエルは、わく組みの板をしっかりつなぎ合わせるために、アカシヤ材で横木を作りました。天幕の三方に五本ずつの横木です。 33五本のうち真ん中の横木は、板のほぼ中央を端から端まで通っています。 34板と横木にはすべて金をかぶせ、木を通す環は純金で作りました。

35天幕内を仕切る垂れ幕は、青、紫、緋色の撚り糸で亜麻布を織り、ケルビムを織り出しました。 36幕は、アカシヤ材の四本の柱に金のかぎを四つ取りつけ、そこから垂らしました。柱には金をかぶせ、四個の銀の土台にはめ込んでありました。

37次に幕屋の入口用の垂れ幕を作りました。目のつまった亜麻布に青、紫、緋色の刺しゅうをしたものです。 38垂れ幕は五個のかぎで取りつけ、柱の頭部と環に金をかぶせました。土台は青銅で五個作りました。