2 Mose 22 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 22:1-31

Agyapade Ho Bammɔ

1“Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan na okum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwi anum besi nantwi baako anan mu. Na ɔde nguan anan asi oguan baako biara anan mu.

2“Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ. 3Na sɛ asɛm no si awia de a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi enti onipa a okum ɔkorɔmfo no di fɔ.

“Sɛ mokyere ɔkorɔmfo bi a, momma ontua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ka no. 4Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwi anaa afurum anaa oguan a onwui anaa biribi foforo bi a, mommɔ no dekode a owiae no ho ka mpemanim.

5“Sɛ obi hyɛ da gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afum kodidi wɔ hɔ, sɛe nnɔbae a, ɔmfa ɔno ara ne nnɔbae mu nea ɛsɔ ani pa ara no mmetua ka.

6“Sɛ obi rehyew nʼafuw, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforo afuw mu, hyew, sɛe ne nnɔbae a, nea ɔsɔɔ gya no betua nnɔbae a asɛe no nyinaa ho ka.

7“Sɛ obi ma ɔfoforo sika anaa ade foforo bi sɛ ɔmfa nsie mma no na wowia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfo no a, obetua ne mpemanim. 8Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfo no a, wɔde onipa a wɔde agyapade no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ ɔno ankasa na owiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. 9Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no.

10“Sɛ obi de afurum, nantwi, oguan anaa aboa foforo bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa opira anaa oguan na sɛ obi anhu ammɛka a, 11ɛsɛ sɛ nea ogyee aboa no ayɛn no ka ntam sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no, na ne wura no gye to mu a, onnye biribiara nsi anan mu. 12Nanso sɛ wia na wowiaa aboa no anaa dekode no wɔ ne nkyɛn de a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfo a wowiaa aboa no anaa dekode no fii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13Sɛ akekaboa na okum no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.

14“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforo bi fi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa opira, bere a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15Na sɛ ne wura no wɔ hɔ de a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfo no tua ka, efisɛ wobuu eyi nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.

Abrabɔ Ho Mmara

16“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa ɔbea bi a ɔnyɛɛ ne ho ade na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho ade na ɔware no. 17Sɛ ɔbea no agya se ɔmpene aware no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti sika.

18“Munkum mmea nkonyaayifo.

19“Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wonkum no.

20“Obiara a obefi Awurade akyi abɔ onyame foforo bi afɔre no, wonkum no.

21“Monnyɛ ɔhɔho ayayade, efisɛ na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim.

22“Munnsisi akunafo anaa ayisaa; 23na sɛ moyɛ saa na wosu frɛ me a, megye wɔn so. 24Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi.

25“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26Sɛ wugye ne ntama de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼade kɔma no. 27Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo.

28“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanyimfo anaa mo atemmufo anaa wɔn a wodi mo so.

29“Momfa mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako mmrɛ me ntɛm so.

“Saa ara nso na muntua mo mmakan mmarima nkwagye ho ka no. 30Ma wo nantwi anaa wo guan abakan no ne ne na ntena nnanson, na da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me.

31“Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me nti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Munnyaw ne funu no mma akraman mmɛwe.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 22:1-31

赔偿条例

1“倘若有人偷了别人的牛羊,然后宰了或卖了,他要用五头牛抵偿一头牛,四只羊抵偿一只羊。 2倘若有人打死正入屋偷窃的贼,这人不算犯杀人罪。 3倘若事情发生在白天,家主就犯了杀人罪。倘若盗贼被擒,他就要赔偿家主,若他一无所有,就要把他卖为奴隶作赔偿。 4倘若他偷的牲畜如牛、羊或驴在他手上还活着,他要偿还失主双倍。

5“倘若有人在田野或葡萄园里牧放牲畜,任由牲畜吃别人田里的农作物或葡萄,他必须拿自己田里最好的农作物或葡萄作赔偿。 6倘若有人在自己的田间焚烧荆棘,不小心烧掉了别人的庄稼、禾捆或整个田园,那生火的人就要赔偿一切损失。

7“倘若有人把金钱或物件交给邻居保管,邻居家遭盗,盗贼被缉拿归案后要赔偿双倍; 8倘若没捉到盗贼,邻居就要到审判官那里证明自己没有偷拿。 9倘若二人之间有什么纠纷,无论是为了牛、驴、羊、衣服或失物,争执的双方要把案件呈报审判官,审判官判谁败诉,谁就要赔偿双倍。 10倘若有人把驴、牛、羊或别的牲畜交给邻居看管,牲畜死伤或被人抢走,并且无人看见, 11看守的人就要在耶和华面前起誓没有动邻居的东西,这样失主就应当作罢,看守的人不用赔偿。 12但若牲畜是被人偷去的,受托人就要赔偿失主。 13倘若牲畜被野兽咬死,受托人要把残骸带来当证据,无需赔偿被咬死的牲畜。 14倘若有人向邻居借牲畜,牲畜受伤或死掉,而当时物主不在场,借的人就要赔偿。 15倘若物主当时在场,借的人就不用赔偿。倘若牲畜是租来的,租的人只需付租金不用赔偿。

社会条例

16“倘若有人诱奸了尚未许配的处女,他就要交出聘礼,娶她为妻; 17倘若女方家长反对婚事,男方要付出相当于聘礼的金钱给女方家长。

18“凡行邪术的女人,必须被处死。

19“与动物性交的人,必须被处死。

20“祭拜耶和华以外的其他任何神明的人,必须被处死。

21“不可欺压在你们中间寄居的人,因为你们在埃及也做过寄居的人。

22“不可亏待寡妇和孤儿, 23倘若你们欺凌他们,他们向我呼求,我必听他们的呼求, 24向你们发怒,用刀杀掉你们,使你们的妻子变为寡妇,儿女成为孤儿。

25“倘若有贫苦的同胞向你借钱,你不可像放债的一样从中取利。 26倘若他把衣服给你作抵押,你要在日落之前把衣服还给他。 27因为他只有这件蔽体的衣服,若是没有,他晚上如何睡觉?他若呼求我,我必定帮助他,因为我是仁慈的。 28不可亵渎上帝,也不可咒诅百姓的官长。 29你们要向我献上五谷和新酒,不可迟疑耽延。要把你们的长子献给我。 30也要献上头生的牛羊,它们生下来后可以留在母亲身边七天,第八天要献给我。 31你们要做我圣洁的子民,不要吃田野间被野兽咬死的牲畜,要把它丢给狗吃。