2 Mose 21 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 21:1-36

1“Mmara a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ni:

Nkoa Ho Mmara

2“Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nni a ontua hwee. 3Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyiri no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfe ason no du a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa de a, ɔne ne yere no na wɔbɛkɔ. 4Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbea waree wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmabarima ne mmabea a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no de, na okunu no akɔ ne baabi.

5“Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ’ a, 6ne wura no de no bɛba atemmufo anim na wɔde fitii afiti nʼasom bagua mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ.

7“Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea sɛ afenaa a, mfe asia no du a, wɔrennyaa no sɛnea wogyaa mmarima nkoa no. 8Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho kwan sɛ ɔsan tɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛe so. 9Na sɛ afenaa wura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babea. 10Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsan ware foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew nʼaduan ne ntama a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. 11Na sɛ wantumi anni saa ahyɛde abiɛsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ontua sika biara.”

Awudi Ho Mmara

12“Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wobekum no bi. 13Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a onguan nkohintaw. 14Sɛ obi hyɛ da taataa ɔfoforo so pɛ sɛ okum no a, onii no gyina afɔremuka anim koraa a, montwe no nkokum no.

15“Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no.

16“Obi a owia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wonkum no.

17“Nea ɔdome nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no.

Akasakasa Ne Ntɔkwaw Ho Mmara

18“Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɔbo anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so, 19na akyiri no, otumi sɔre nantew na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no bere a wasɛe no no, obetua ho sika ama no, asan atua nʼayaresa ka nyinaa kosi sɛ ne ho bɛtɔ no.

20“Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenaa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso. 21Nanso sɛ nna bi akyi no akoa no anwu a, ɛno de, owura no renkɔ asotwe biara mu, efisɛ akoa no yɛ nʼagyapade.

22“Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wopira ɔpemfo ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a opiraa no no ka biara a ɔpemfo no kunu de bɛto atemmufo anim ama wɔapene so no. 23Na sɛ opira no ma ɔbea no wu a, wonkum saa ɔbarima no. 24Sɛ ɔpemfo no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne de bi. Nsa nsi nsa anan, nan nsi nan anan, 25ɔhyew nsi ɔhyew anan, apirakuru nsi apirakuru anan na atape nsi atape anan.

26“Sɛ owura bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenaa ani so ma nʼani bɔ a, esiane nʼani no nti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no de ne ho hyɛ anan. 27Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no nti, ɔmma ɔnne ne ho mfa nhyɛ anan.

28“Sɛ nantwi si ɔbea anaa ɔbarima ma no wu a, wonsiw nantwi no abo. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no, 29gye sɛ wɔate sɛ mmere bi a atwa mu no, nantwi no sisii nnipa ma wɔbɔɔ ne wura no amanneɛ a wanka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ okum obi a, wonsiw nantwi no abo na ne wura no nso, wonkum no. 30Sɛ nso owufo no abusuafo pɛ a, wɔbɛbɔ nantwi wura no ka. Atemmufo na wɔbɛkyerɛ nea ontua. 31Mmara koro no ara kyere nantwi a obesi abarimaa anaa ɔbea. 32Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (342) abien, na wɔasiw nantwi no abo.

33“Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔtɔ mu a, 34ka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.

35“Sɛ ɔbarima bi nantwi pira nantwi foforo na sɛ owu a, mmoa wuranom baanu no bɛtɔn aboa a onwui no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa. 36Na sɛ aboa no taa sisi na ne wura no abu nʼani agu so de a, ɛno de, sikakyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwi wɔ hɔ no betua nantwi a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

King James Version

Exodus 21:1-36

1Now these are the judgments which thou shalt set before them. 2If thou buy an Hebrew servant, six years he shall serve: and in the seventh he shall go out free for nothing. 3If he came in by himself, he shall go out by himself: if he were married, then his wife shall go out with him.21.3 by himself: Heb. with his body 4If his master have given him a wife, and she have born him sons or daughters; the wife and her children shall be her master’s, and he shall go out by himself. 5And if the servant shall plainly say, I love my master, my wife, and my children; I will not go out free:21.5 shall…: Heb. saying shall say 6Then his master shall bring him unto the judges; he shall also bring him to the door, or unto the door post; and his master shall bore his ear through with an aul; and he shall serve him for ever.

7¶ And if a man sell his daughter to be a maidservant, she shall not go out as the menservants do. 8If she please not her master, who hath betrothed her to himself, then shall he let her be redeemed: to sell her unto a strange nation he shall have no power, seeing he hath dealt deceitfully with her.21.8 please…: Heb. be evil in the eyes of, etc 9And if he have betrothed her unto his son, he shall deal with her after the manner of daughters. 10If he take him another wife; her food, her raiment, and her duty of marriage, shall he not diminish. 11And if he do not these three unto her, then shall she go out free without money.

12¶ He that smiteth a man, so that he die, shall be surely put to death. 13And if a man lie not in wait, but God deliver him into his hand; then I will appoint thee a place whither he shall flee. 14But if a man come presumptuously upon his neighbour, to slay him with guile; thou shalt take him from mine altar, that he may die.

15¶ And he that smiteth his father, or his mother, shall be surely put to death.

16¶ And he that stealeth a man, and selleth him, or if he be found in his hand, he shall surely be put to death.

17¶ And he that curseth his father, or his mother, shall surely be put to death.21.17 curseth: or, revileth

18¶ And if men strive together, and one smite another with a stone, or with his fist, and he die not, but keepeth his bed:21.18 another: or, his neighbour 19If he rise again, and walk abroad upon his staff, then shall he that smote him be quit: only he shall pay for the loss of his time, and shall cause him to be thoroughly healed.21.19 the loss…: Heb. his ceasing

20¶ And if a man smite his servant, or his maid, with a rod, and he die under his hand; he shall be surely punished.21.20 punished: Heb. avenged 21Notwithstanding, if he continue a day or two, he shall not be punished: for he is his money.

22¶ If men strive, and hurt a woman with child, so that her fruit depart from her, and yet no mischief follow: he shall be surely punished, according as the woman’s husband will lay upon him; and he shall pay as the judges determine. 23And if any mischief follow, then thou shalt give life for life, 24Eye for eye, tooth for tooth, hand for hand, foot for foot, 25Burning for burning, wound for wound, stripe for stripe.

26¶ And if a man smite the eye of his servant, or the eye of his maid, that it perish; he shall let him go free for his eye’s sake. 27And if he smite out his manservant’s tooth, or his maidservant’s tooth; he shall let him go free for his tooth’s sake.

28¶ If an ox gore a man or a woman, that they die: then the ox shall be surely stoned, and his flesh shall not be eaten; but the owner of the ox shall be quit. 29But if the ox were wont to push with his horn in time past, and it hath been testified to his owner, and he hath not kept him in, but that he hath killed a man or a woman; the ox shall be stoned, and his owner also shall be put to death. 30If there be laid on him a sum of money, then he shall give for the ransom of his life whatsoever is laid upon him. 31Whether he have gored a son, or have gored a daughter, according to this judgment shall it be done unto him. 32If the ox shall push a manservant or a maidservant; he shall give unto their master thirty shekels of silver, and the ox shall be stoned.

33¶ And if a man shall open a pit, or if a man shall dig a pit, and not cover it, and an ox or an ass fall therein; 34The owner of the pit shall make it good, and give money unto the owner of them; and the dead beast shall be his.

35¶ And if one man’s ox hurt another’s, that he die; then they shall sell the live ox, and divide the money of it; and the dead ox also they shall divide. 36Or if it be known that the ox hath used to push in time past, and his owner hath not kept him in; he shall surely pay ox for ox; and the dead shall be his own.