2 Mose 20 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 20:1-26

Mmaransɛm Du No

1Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi yi nyinaa:

2“Mene Awurade, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no.

3“Monnsom onyame foforo biara nka me ho.

4Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. 5Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, 6nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.

7Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.

8Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron. 9Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 10na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. 11Efisɛ Awurade de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.

12Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.

13Nni awu.

14Nsɛe aware.

15Mmɔ korɔn.

16Nni adansekurum.

17Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de.”

18Nnipa no nyinaa huu anyinam ne wusiw kumɔnn wɔ bepɔw no so. Wɔtee aprannaa ne torobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ denneennen. Enti wɔtew gyinae a ehu ama wɔn ho rewosow. 19Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yebetie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”

20Mose nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, efi nnɛ rekɔ no, mubesuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”

21Nanso, nnipa no tew wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose de, owuraa sum kabii no mu kɔɔ faako a Onyankopɔn wɔ hɔ no.

Afɔremuka No Ho Mmara

22Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfo no. ‘Mudi ho adanse sɛ, mifi ɔsoro ada me pɛ adi akyerɛ mo. 23Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforo ayɛ.

24“ ‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo. 25Mutumi de abo nso si afɔremuka, nanso abo a wontwae na momfa nsi. Sɛ mode afiri bi twa abo no di no adwinni a, enye sɛ wɔde si, efisɛ moagu ho fi. 26Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.’

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 20:1-26

十诫

1以下是上帝的训示:

2“我是你的上帝耶和华,曾把你领出埃及,使你不再受奴役。

3“除我以外,你不可有别的神。

4“不可为自己雕刻神像,不可仿照任何飞禽走兽或水族的样子造神像, 5不可跪拜它们,也不可供奉它们,因为我——你的上帝耶和华痛恨不贞,我必追讨背弃我之人的罪,从父到子直到三四代。 6但那些爱我、遵守我诫命的人,我必以慈爱待他们,直到千代。

7“不可妄用你上帝耶和华的名,违者必被耶和华定罪。

8“要记住安息日,守为圣日。 9你一周可工作六天, 10但第七天是你的上帝耶和华的安息日,这一天你和儿女、仆婢、牲畜及你那里的外族人不可做任何工。 11因为耶和华用六天造了天、地、海和其中的万物,第七天便休息了,所以耶和华赐福这日,把它定为圣日。

12“要孝敬父母,以便在你的上帝耶和华赐给你的土地上享长寿。

13“不可杀人。

14“不可通奸。

15“不可偷盗。

16“不可作伪证陷害人。

17“不可贪恋别人的房屋,不可贪恋别人的妻子、仆婢、牛驴或其他任何物品。”

18那时雷电交加,号角嘹亮,山上冒烟,百姓看见此情景,都吓得浑身颤抖,不敢挨近。 19他们对摩西说:“求你跟我们说话,我们必听从。不要让上帝直接跟我们说话,恐怕我们会丧命!” 20摩西对百姓说:“不用害怕,上帝降临是要试验你们,好让你们时时敬畏祂,不致犯罪。”

21百姓都站得远远的,摩西独自走进上帝所在的密云中。 22耶和华吩咐摩西以色列百姓说:“既然你们已经亲眼看见我从天上向你们说话, 23除了敬拜我之外,不可为自己制造金银神像。 24你们要为我筑一座土坛,把你们的牛羊献在坛上作燔祭和平安祭。凡是我使自己的名号被尊崇的地方,我会亲临那里赐福给你们。 25你们若为我筑石坛,不可用凿刻的石头,因为用工具凿刻的石头会玷污祭坛。 26不可踩着台阶登我的祭坛,免得露出你们的下体。