2 Mose 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 11:1-10

Misraimfo Mmakan Wu Ho Kɔkɔbɔ

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu. 2Monka nkyerɛ Israelfo mmarima ne mmaa nyinaa se wɔnsrɛ wɔn amannifo Misraimfo no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinne.” 3Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu.

4Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea Awurade se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so. 5Na Misraim fi biara mu ɔbabarima panyin bewu. Efi Farao babarima panyin so, ne dehye a obedi nʼade, ne somfo mu somfo kumaa koraa ba panyin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bewuwu. 6Na owu no ho agyaadwotwa bedu Misraim asase so nyinaa. Awerɛhow a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na bi nso remma da bio. 7Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam! 8Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.

9Na Awurade aka akyerɛ Mose se, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na megyina ayɛ anwonwade de ada me tumi adi.” 10Ɛwɔ mu sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwonwade no nyinaa wɔ Farao anim de, nanso Awurade pirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no mfi asase no so nkɔ.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 11:1-10

Misraimfoɔ Mmakan Wuo Ho Kɔkɔbɔ

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu. 2Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa sɛ, wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ.” 3Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu.

4Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so. 5Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu. 6Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio. 7Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam! 8Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ.

9Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi.” 10Ɛwom sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa wɔ Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ.