2 Korintofo 5 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 5:1-21

1Yenim sɛ sɛ yewu na yegyaw saa nipadua yi a yebenya nipadua foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. 2Mprempren, yesi apini pɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho, 3efisɛ sɛ wɔde kata yɛn ho a yɛn ho renna hɔ bio. 4Na sɛ yɛwɔ saa ɔhonam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yegyaw nipadua no, na mmom yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no. 5Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyinade.

6Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim sɛ mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware. 7Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so. 8Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebetu afi yɛn fi wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi. 9Sɛ yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sen biribiara. 10Efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase wɔ nipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn.

Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa

11Efisɛ yenim sɛnea yesuro Awurade nti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso sɛ munim me nso wɔ mo koma mu. 12Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde nnipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, eye ma mo yiyedi. 14Afei a yɛahu sɛ onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wu no mu kyɛfa bi. 15Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no.

16Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio. 17Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba. 18Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforo ntam mpata dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 19Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoe asɛnka ho dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 20Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. 21Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.

Japanese Contemporary Bible

コリント人への手紙Ⅱ 5:1-21

5

1私たちがいま住んでいる地上の家が取りこわされても〔すなわち、私たちが死んでこの肉体を離れても〕、天には新しい体、永遠に保証された家があります。それは、人の手ではなく、神の手でつくられた家です。 2今のこの体は傷み衰えていますが、天で与えられる体を新しい着物のようにまとえる日を、首を長くして待っているのです。 3それを着れば、体のない霊だけの状態でいることはないからです。 4この地上の体のために嘆きやうめきがありますが、だからといって、死んで、体のない状態になりたいとは思いません。その新しい体を着たいと願うばかりです。そうすれば、この死ぬべき体が、永遠のいのちにのみ込まれてしまうからです。 5これこそ、神様が私たちのために用意してくださったことであり、その保証として、御霊を遣わしてくださったのです。

6いま私たちは、確信をもって天で与えられる体を待ちこがれています。また、このように地上の体で過ごしている間は、イエスと共に過ごす、天国の永遠の家から離れていることもよく知っています。 7実際に見ることによってではなく、信じることによって、これを事実と認めているのです。 8ですから、少しも恐れません。むしろ、死ぬことは願わしいのです。それは、天の家に主と共に住むことを意味するからです。 9そういうわけで、地上でこの肉体のままでいようと、肉体を離れて主と共に天にいようと、私たちの目的は、いつも主に喜ばれることです。 10なぜなら、やがて私たちはみな、キリストの前でさばきを受けなければならず、全生活がさらけ出されることになるからです。善であれ悪であれ、地上の体でいる時の行いに応じて、私たちはそれぞれ、ふさわしい報いを受けるのです。

キリストの大使として

11ですから、私たちの心にいつも主を恐れる思いがあるのです。それで、ほかの人々を説得しようと必死になっているのです。それが純粋な気持ちから出ていることを、神様はご存じです。だから、あなたがたにもこのことをはっきり知っていただきたいと、心から願っています。 12またしても、私たちが自己推薦を始めたと思いますか。そうではありません。ただ、あなたがたを、外見上のりっぱさを誇りながら、実際には、心の中は偽りと不誠実で満ちている人たちに対抗できるようにさせたいのです。あなたがたは、私たちの動機が正しく、しかも誠実である点を誇ることができます。 13-14自分のことをこのように言うとは、気がおかしくなったのでしょうか。もしおかしくなったとすれば、それは神の栄光のためです。もし正気であるとすれば、あなたがたのためです。私たちは何をするにしても、自分の利益を求めるのではなく、キリストの愛に動かされて行っているのです。キリストが私たちのために死んでくださったことを信じる以上、自分が、今までの古い生活に対して死んだことも信じなければなりません。 15キリストは全人類のために死んでくださいました。それは、キリストから永遠のいのちをいただいて生きる人がみな、もはや自分を喜ばせるためではなく、自分のために死んで復活されたキリストに喜ばれるように生きるためです。

16ですから、世間の評判や、外見の良し悪しで、人を評価するのはやめなさい。以前、私は、その誤った考え方で、キリストのことを自分と同じ人間とみなしていました。しかし今では、その考えは一変しました。 17だれでもクリスチャンになると、内側が全く新しくされます。もはや今までと同じ人間ではありません。新しい人生が始まったのです。 18この新しい出来事はすべて神から出ています。神様は、キリスト・イエスの働きによって、私たちをご自分のもとに連れ戻してくださいました。そして、この恵みによる神との和解を、すべての人に勧める特権をも、私たちに与えてくださったのです。 19つまり、キリストによって、この世をご自分と和解させ、その罪を数え立てずに、かえって帳消しにしてくださったのです。これが、人々に伝えるようにと私たちにゆだねられた、すばらしい知らせです。

20こういうわけで、私たちはキリストの大使です。神様が、私たちの口を通して語りかけてくださるのです。キリストが懇願しておられるかのように、キリストに代わって、あなたがたにお願いします。どうか、差し出された愛を拒まず、神様と和解してください。 21それは神様が、罪のないキリストに私たちの罪を負わせ、それと引き換えに、私たちに恵みを注いでくださったのですから。