2 Beresosɛm 36 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 36:1-23

1Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene wɔ Yerusalem.

Yehoahas Di Hene Wɔ Yuda

2Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa pɛ. 3Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so. 4Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim.

Yehoiakim Di Hene Wɔ Yuda

5Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, ani so. 6Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia. 7Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi wɔ Babilonia.

8Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene.

Yehoiakyin Di Hene Wɔ Yuda

9Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 10Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem.

Sedekia Di Hene Wɔ Yuda

11Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. 12Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho. 14Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛe no bi, na woguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.

15Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no. 16Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii sɛ Awurade abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano.

Yerusalem Asehwe

17Enti Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa. 18Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe. 19Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.

20Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii sɛ Persia ahenni bedii tumi. 21Enti Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no.

Kores Gya Nnommum No Kwan

22Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, Awurade maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru wɔ nʼahenni nyinaa mu se,

23“Sɛnea Persiahene Kores ka ni:

“ ‘Awurade, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. Awurade, mo Nyankopɔn nka mo ho.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 36:1-23

犹大王约哈斯

1犹大人在耶路撒冷约西亚的儿子约哈斯接替他父亲做王。 2约哈斯二十三岁登基,在耶路撒冷执政三个月。 3埃及王在耶路撒冷废掉他,并要求犹大埃及进贡三点四吨银子、三十四公斤金子。 4埃及王另立约哈斯的兄弟以利雅敬为王统治犹大耶路撒冷,给他改名为约雅敬,并把约哈斯带到埃及

犹大王约雅敬

5约雅敬二十五岁登基,在耶路撒冷执政十一年。他做他的上帝耶和华视为恶的事。 6巴比伦尼布甲尼撒起兵攻打他,用铜链把他锁着带到巴比伦7尼布甲尼撒把耶和华殿里的一些器皿带到巴比伦,放在他在巴比伦的王宫里36:7 王宫里”或译“神庙里”。8约雅敬其他的事及可憎行径和恶迹都记在以色列犹大的列王史上。他儿子约雅斤继位。

犹大王约雅斤

9约雅斤十八岁36:9 十八岁”希伯来文是“八岁”,七十士译本、叙利亚译本和列王纪下24:8是“十八岁”。登基,在耶路撒冷执政三个月零十天。他做耶和华视为恶的事。 10那年春天,尼布甲尼撒王派人把他和耶和华殿里的贵重器皿一同带到巴比伦尼布甲尼撒另立约雅斤的叔叔36:10 叔叔”参考列王纪下24:17西底迦犹大耶路撒冷的王。

犹大王西底迦

11西底迦二十一岁登基,在耶路撒冷执政十一年。 12他做他的上帝耶和华视为恶的事,耶利米先知向他传讲耶和华的话,他仍不肯在耶利米面前谦卑下来。

耶路撒冷沦陷

13尼布甲尼撒曾让他奉上帝的名起誓,他却背叛了尼布甲尼撒。他顽固不化,不肯归向以色列的上帝耶和华。 14所有祭司长和民众也都仿效外族人的一切可憎行径,犯了大罪,玷污了耶和华在耶路撒冷使之圣洁的殿。 15他们祖先的上帝耶和华因为怜爱祂的子民和祂的居所,就不断派使者来劝告他们。 16他们却嘲弄耶和华上帝的使者,藐视祂的话,嘲笑祂的先知,以致祂的愤怒临到祂的子民身上,无可挽救。

17耶和华使迦勒底人的王起兵攻打他们,在他们的圣殿里用刀击杀他们的壮丁,毫不怜悯少男少女、老人和年高者。耶和华把他们全部交在他的手中。 18上帝殿里的大小器皿,以及耶和华殿里、王宫里和众官员的所有珍宝,都被他带到巴比伦去了。 19迦勒底人焚烧上帝的殿,拆毁耶路撒冷的城墙,并且焚烧所有的宫殿,毁坏其中所有珍贵的器皿。 20没有被杀戮的人都被掳往巴比伦,做他和他子孙的奴隶,直到波斯帝国的时代。 21这就应验了耶和华借耶利米之口所说的话:这片土地享受了安息,它在荒凉中守安息,直到满了七十年。

塞鲁士王准许被掳之民返国

22波斯塞鲁士元年,耶和华为了应验祂借耶利米所说的话,就感动波斯塞鲁士,使他下诏通告全国: 23波斯塞鲁士如此说,‘天上的上帝耶和华已把天下万国都赐给我,祂吩咐我在犹大耶路撒冷为祂建造殿宇。你们当中凡属耶和华的子民,都可以去那里。愿你们的上帝耶和华与你们同在!’”