2 Beresosɛm 24 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 24:1-27

Yoas Siesie Asɔredan No

1Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba. 2Yoas yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa. 3Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea.

4Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie Awurade Asɔredan no. 5Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ.

6Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, Awurade somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.”

7Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni.

8Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi. 9Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ Awurade. 10Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree. 12Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.

13Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu Awurade asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.

15Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa. 16Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.

Yehoiada Ɔsom Nhyehyɛe No Sesa

17Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu. 18Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti. 19Awurade somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.

20Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni Awurade ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw Awurade ama ɔno nso agyaw mo!”

21Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ. 22Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “Awurade nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!”

Yoas Adedi Awiei

23Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko. 24Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso Awurade boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti Awurade buu atɛn tiaa Yoas. 25Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei.

26Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima. 27Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene.

Swedish Contemporary Bible

2 Krönikeboken 24:1-27

Joash regerar i Juda

(2 Kung 11:21—12:3)

1Joash var sju år gammal när han blev kung, och han regerade i fyrtio år i Jerusalem. Hans mor hette Sivja och var från Beer Sheva. 2Joash gjorde det som var rätt i Herrens ögon, så länge prästen Jojada levde. 3Jojada valde två hustrur åt honom och han fick söner och döttrar.

Joash reparerar templet

(2 Kung 12:4-16)

4En tid senare beslutade Joash att restaurera Herrens hus 5och sammankallade präster och leviter och sa till dem: ”Gå runt till alla städer i Juda och samla in pengar år för år från alla israeliter för underhåll av er Guds hus. Gör det utan dröjsmål!” Men leviterna gjorde sig ingen brådska.

6Då kallade kungen till sig översteprästen Jojada och frågade honom: ”Varför har du inte sett till att leviterna drivit in skatten från Juda och Jerusalem, som Herrens tjänare Mose och Israels församling bestämt för förbundstecknets tält?”

7Den ogudaktiga Ataljas söner hade brutit sig in i Guds hus och också använt för baalsgudarna det som var helgat åt Herren. 8På kungens befallning tillverkades en kista som sattes utanför porten till Herrens hus. 9Sedan gick ett påbud ut i Juda och Jerusalem, att alla skulle komma till Herren med den skatt som Guds tjänare Mose hade pålagt Israel i öknen. 10Alla furstarna och allt folket kom med sina bidrag med glädje och lade dem i kistan tills den blev full.

11När tiden var inne bars kistan genom leviternas försorg till särskilda granskningsmän som skulle räkna pengarna, och de såg att det var mycket pengar i den. Då kom kungens sekreterare och översteprästens tillsyningsman och tömde kistan och bar den tillbaka till sin plats. Så gjorde de dagligen och samlade in mycket pengar. 12Kungen och Jojada gav pengarna till de män som utförde arbetet i Herrens hus. De anställde stenhuggare och timmermän för restaureringen av Herrens hus, samt järn- och kopparsmeder för dess reparationsarbeten.

13Arbetarna satte igång med arbetet, och reparationerna utfördes väl genom deras försorg. De återställde Guds hus till dess ursprungliga skick och förstärkte det. 14När de var färdiga, bar de fram pengarna som var över till kungen och Jojada. Av dem gjordes föremål till Herrens hus, för gudstjänsten och offren, skålar och andra guld- och silverföremål.

Så länge Jojada levde offrades dagligen brännoffer i Herrens hus. 15Jojada blev gammal och mätt på att leva, och han dog vid 130 års ålder. 16Han begravdes bland kungarna i Davids stad, eftersom han hade gjort så mycket gott i Israel, för Gud och för hans tempel.

Guds dom drabbar Joash

(2 Kung 12:17-21)

17Men efter Jojadas död, kom furstarna i Juda till kungen och visade vördnad, och han lyssnade till dem. 18De övergav Herren, sina fäders Gud, och tillbad asheror och avgudar. Då kom Guds vrede över Juda och Jerusalem på grund av denna deras skuld. 19Herren sände profeter för att föra dem tillbaka till honom, och de varnade dem, men folket ville inte lyssna.

20Då kom Guds Ande över Sakarja, prästen Jojadas son. Han ställde sig framför folket och talade till dem: ”Så säger Gud: ’Varför är ni olydiga mot Herrens bud, till er egen olycka? Eftersom ni har övergett Herren, har han också övergett er.’ ”

21De formade en sammansvärjning mot honom och på kungens befallning stenade de honom till döds på förgården till Herrens hus. 22Kung Joash tänkte inte på den välvilja Sakarjas far Jojada hade visat mot honom, utan dödade hans son. När han dog sa han: ”Må Herren se detta och göra dem ansvariga!”

23Vid årsskiftet kom den arameiska hären mot Joash. De kom till Juda och Jerusalem, dödade alla folkets ledare, och allt sitt krigsbyte skickade de till kungen i Damaskus. 24Den arameiska hären hade bara kommit med en liten skara, men Herren lät en mycket större armé falla i deras händer. Eftersom de hade övergett Herren, sina fäders Gud, verkställdes domen över Joash.

25När araméerna drog sig tillbaka, lämnade de Joash svårt sårad. Då sammansvor sig hans närmaste män för att döda honom, därför att han hade dödat prästen Jojadas son. De dödade honom i hans säng. Så dog han, och han begravdes i Davids stad, men inte i kungagravarna. 26De som sammansvurit sig mot honom var Savad, son till ammonitiskan Shimat, och Josavad, son till moabitiskan Shimrit.

27Om Joash söner och de många profetiorna över honom och om renoveringen av Guds hus finns skrivet i tilläggsskriften till boken om kungarna.

Hans son Amasja blev kung efter honom.