2 Beresosɛm 18 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 18:1-34

Yehosafat Ne Ahab

1Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.18.1 Ɛha na wɔka Yehosafat nhyira ne ahonya a onya fii ne nokwaredi mu ho asɛm. Wɔka ananafo nkabomdi a ɔnam aware a ɔne Ɔhene Ahab yɛe a na odiyifo no mpɛ ho asɛm (19.2-3). Saa Ahab babea Atalia aware yi, anka ɛrema wɔatɔre Dawid anato no ase. (22.10–23.21). 2Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.”

4Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”

5Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”

Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”

6Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”

7Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.”

Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”

8Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

9Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”

11Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”

12Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.”

13Nanso Mikaia buae se, “Sɛ Awurade te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”

14Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?”

Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.”

15Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”

16Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ fie asomdwoe mu.’ ”

17Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”

18Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so. 19Na Awurade bisae se, ‘Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’

“Adwenkyerɛ bebree baa ho, 20kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, ‘Metumi ayɛ!’ ”

Awurade bisae se, “ ‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’ ”

21Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.”

Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.

22“Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”

23Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?”

24Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”

25Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 26Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ”

27Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”

Ahab Wu

28Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

30Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa. 32Bere a nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa.

33Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.” 34Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 18:1-34

米该雅先知警告亚哈

1约沙法极有财富和尊荣,他与亚哈结为姻亲。 2几年后,约沙法下到撒玛利亚拜访亚哈亚哈宰了很多牛羊款待他和他的随从,又游说他与自己一起去攻打基列拉末3以色列亚哈犹大约沙法说:“你愿意与我一起去攻打基列拉末吗?”约沙法回答说:“你我不分彼此,我的民就是你的民,我必与你同去。” 4约沙法又对以色列王说:“你要先求问耶和华。”

5于是,以色列王召来四百名先知,问他们:“我可以去攻打基列拉末吗?”他们说:“可以去,上帝必把那城交在王手中。” 6约沙法问:“这里没有耶和华的先知供我们求问吗?” 7以色列王回答说:“还有一个人,是音拉的儿子米该雅,我们可以托他求问耶和华。可是我厌恶他,因为他给我的预言都是有凶无吉。”约沙法说:“王不要这样说。” 8以色列王召来一名内侍,说:“你快把音拉的儿子米该雅带来。”

9以色列王和犹大约沙法身穿朝服,坐在撒玛利亚城门前麦场的宝座上,众先知都在他们面前说预言。 10基拿拿的儿子西底迦造了两只铁角,说:“耶和华这样说,‘你必用这铁角抵亚兰人,直到毁灭他们。’” 11所有的先知也都预言说:“去攻打基列拉末吧,一定得胜,耶和华必将那城交在王的手中。”

12去召米该雅的使者对米该雅说:“众先知都异口同声地向王说吉言,你也像他们一样说些吉言吧。” 13米该雅回答说:“我凭永活的耶和华起誓,我的上帝对我说什么,我就说什么。” 14米该雅来到王面前,王就问他:“米该雅啊,我们可不可以去攻打基列拉末?”米该雅回答说:“上去攻打吧,一定得胜,敌人必被交在你们手中。” 15王却说:“我要嘱咐你多少次,你才肯奉耶和华的名对我说实话呢?” 16米该雅说:“我看见所有以色列人四散在山上,好像没有牧人的羊群一样。耶和华说,‘这些人没有主人,让他们各自平安地回家去吧。’”

17以色列王对约沙法说:“我不是告诉过你吗?他给我的预言都是有凶无吉。” 18米该雅说:“你们要听耶和华的话。我看见耶和华坐在宝座上,众天军侍立在祂左右。 19耶和华说,‘谁愿意去引诱以色列亚哈基列拉末去送死呢?’众天军议论纷纷。 20后来,有一个灵站出来对耶和华说他愿意去。耶和华问他用什么方法, 21他说,‘我要做谎言之灵,进入他众先知的口中。’耶和华说,‘你必能成功,就这样做吧。’ 22现在,耶和华已经把谎言之灵放进这些先知口中,耶和华已决意降祸给你。”

23基拿拿的儿子西底迦听了米该雅的话就上前打他的脸,说:“耶和华的灵怎会离开我向你说话呢?” 24米该雅说:“你躲进密室的那天就知道了。” 25以色列王下令说:“把米该雅交给亚们总督和约阿施王子, 26告诉他们,‘王说,要把这人关进监牢,只给他一些饼和水,直到我平安地回来。’” 27米该雅说:“你若能够平安回来,耶和华就没有借着我说话。”他又说:“众民啊,你们都要记住我的话。”

亚哈之死

28以色列王和犹大约沙法出兵攻打基列拉末29以色列王对约沙法说:“我要改装上阵,你就穿王袍吧。”以色列王改装后,他们就上阵去了。 30亚兰王已经吩咐战车长不要与对方的大小军兵交锋,只攻击以色列王。 31战车长看见约沙法,以为他就是以色列王,便转身攻击他。约沙法高声喊叫,耶和华上帝就帮助他,使敌人离开他。 32战车长见他不是以色列王,便不再追杀他。 33有人随手放了一箭,射进了以色列王的铠甲缝中。王对驾车的说:“调转车头拉我离开战场吧,我受了重伤。” 34那天的战事非常激烈,以色列王勉强支撑着站在车上迎战亚兰人,直到黄昏。太阳下山的时候,他就死了。