2 Beresosɛm 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 14:1-15

Asa Ahenni Mfiase

1Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du. 2Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn no, ani. 3Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa. 4Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so. 5Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu. 6Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na Awurade rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam.

7Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei.

8Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu.

9Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu. 10Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa.

11Asa teɛɛ mu, frɛɛ Awurade ne Nyankopɔn se, “Awurade, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, Awurade, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. Awurade, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!”

12Na Awurade dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee. 13Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe. 14Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso. 15Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 14:1-15

Asa Ahennie Ahyɛaseɛ

1Ɛberɛ a Abia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Asomdwoeɛ baa asase no so mfeɛ edu, 2ɛfiri sɛ, Asa yɛɛ deɛ ɛfata na ɛyɛ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, ani so. 3Ɔtutuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia ne wɔn abosonnan nyinaa guiɛ. Ɔdwirii wɔn afadum, twitwaa Asera afɔrebukyia nyinaa. 4Ɔhyɛɛ ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda sɛ, wɔnhwehwɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn na wɔnni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so. 5Asa sane bubuu abosonnan ne nnuhwam afɔrebukyia firii Yuda nkuro nyinaa mu. Ɛno enti, wɔnyaa asomdwoeɛ wɔ Asa ahennie mu. 6Saa asomdwoeɛ mfeɛ no mu no, ɔtumi siesiee banbɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa ɛberɛ yi, ɛfiri sɛ, na Awurade rema no ahomegyeɛ wɔ nʼatamfoɔ nsam.

7Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ.

8Na ɔhene Asa wɔ akofoɔ ɔpehasa a wɔfiri Yuda abusuakuo mu a wɔwɔ akokyɛm ne mpea akɛseɛ. Afei, na ɔwɔ akofoɔ ɔpehanu aduɔwɔtwe a wɔfiri Benyamin abusua mu a wɔkurakura akokyɛm ne agyan nketewa. Na akofoɔ akokoɔdurufoɔ wɔ saa akodɔm mmienu yi mu.

9Ɛberɛ bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de akodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahasa, kɔto hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ kɔduruu Maresa kuropɔn mu. 10Asa nso boaa nʼakodɔm ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bɔnhwa mu a ɛbɛn Maresa.

11Asa teaam, frɛɛ Awurade ne Onyankopɔn sɛ, “Ao Awurade, wo nko ara na wobɛtumi aboa deɛ ɔyɛ mmrɛ na watumi ako atia ɔhoɔdenfoɔ! Boa yɛn, Ao, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara ne yɛn anidasoɔ. Wo din mu na yɛrehyia ɛdɔm kɛseɛ yi. Ao, Awurade, woyɛ yɛn Onyankopɔn, na mma ɛkwan mma nnipa teta nnsɔre ntia wo!”

12Na Awurade dii Etiopiafoɔ no so nkonim wɔ Asa ne Yuda akodɔm no anim, na atamfoɔ no dwaneeɛ. 13Asa ne nʼakodɔm taa wɔn ara kɔsii Gerar, maa Etiopiafoɔ no bebree totɔeɛ a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakodɔm dwerɛɛ wɔn, na Yuda akodɔm no nyaa afodeɛ bebree kɔeɛ. 14Ɛberɛ a wɔwɔ Gerar no, wɔto hyɛɛ nkuro a ɛwɔ beaeɛ hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awieeɛ no, wɔnyaa afodeɛ bebree wɔ saa nkuro no so nso. 15Wɔsane to hyɛɛ mmoahwɛfoɔ atenaeɛ, kyekyeree nnwan ne nyoma, ansa na wɔresane akɔ Yerusalem.