2 Ahemfo 3 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 3:1-27

Moab Ne Israel Ɔko

1Ahab babarima Yoram na odii hene wɔ Israel bere a na Yudahene Yehosafat adi ade mfe dunwɔtwe wɔ Yuda no. Odii ade wɔ Samaria mfe dumien. 2Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso na nʼamumɔyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne na de no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya sii no. 3Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛnea Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no.

4Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfo yɛn nguan. Na wotua sonkahiri a ɛyɛ nguamma mpem ɔha ne adwennini mpem ɔha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5Nanso Ahab wu akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano. 7Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?”

Na Yehosafat buae se, “Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ.”

8Na Yehosafat bisae se, “Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?”

Yoram buae se, “Yɛbɛtoa wɔn afi Edom3.8 Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wofi atɔe fam twa fa Nkyene Po na wotumi kotua Moab fi anafo fam. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔfa Edom mantam a na Yuda di so no mu. sare so.”

9Edomhene3.9 Nokware, na Edomhene yɛ amrado a Yehosafat na oyii no (8.20; 1 Ah 22.48). ne nʼakofo kɔkaa wɔn ho. Na asraafo dɔm abiɛsa no bɔɔ nsra twaa wɔn ho besii wɔn anan mu saa nnanson no, na wɔne wɔn mmoa nnya nsu nnom.

10Israelhene teɛɛ mu bisae se, “Yɛnyɛ yɛn ho dɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so ana?”

11Nanso Yudahene Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nka yɛn ho wɔ ha ana? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yebetumi abisa Awurade nea yɛnyɛ.”

Ɔhene Yoram mpanyimfo no mu baako kae se, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia boafo.”

12Enti Yehosafat kae se, “Ɛno de, Awurade betumi akasa afa no so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.

13Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!”

14Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade Tumfo a mesom no no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mibu no a, anka merenhaw me ho wɔ wo ho. 15Afei, ma obi a obetumi abɔ sanku mmra.”

Bere a wɔrebɔ sanku no, Awurade tumi baa Elisa so, 16ma ɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Saa obon a emu nsu ayow yi, wɔde nsu bɛhyɛ no ma. 17Worenhu mframa anaa osu sɛnea Awurade ka no, nanso saa obon yi, wɔbɛhyɛ no nsu ma. Mubenya bi ama mo ho, mo anantwi ne mo mmoa a aka no. 18Na eyi yɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab asraafo so nkonim. 19Mubedi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mubetwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mubesisiw wɔn asu aniwa, na mode abo asɛe wɔn nsase pa.”

20Na ade kyee a eduu bere a wɔbɔ anɔpa afɔre no, nsu puee prɛko pɛ. Na ɛsen fii Edom, na ankyɛ biara na nsu abu so wɔ baabiara.

21Bere a Moabfo tee sɛ asraafo dɔm abiɛsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wobetumi ako, mmofra ne mpanyin ano, de wɔn sisii wɔn ahye so. 22Na ade kyee a wɔsɔree no, na owia no abɔ wɔ asu no so, ama ani abere sɛ mogya. 23Moabfo no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ mogya. Sesɛɛ asraafo dɔm abiɛsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfow asade no!”

24Bere a woduu Israelfo nsraban mu no, Israel asraafo gyee bum, kɔtoaa Moabfo, ma woguanee. Israel asraafo no taa wɔn koduu Moab asase so. Wɔretaa Moabfo no nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. 25Wɔsɛee wɔn nkurow akɛse, de abo kataa wɔn nsase pa so, sisiw asuti nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkae, na ɛno mpo, wɔtow hyɛɛ so.

26Bere a Moabhene huu sɛ ɔredi nkogu no, odii nʼakofo ahanson anim, yeree wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfo no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. 27Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

New International Version – UK

2 Kings 3:1-27

Moab revolts

1Joram3:1 Hebrew Jehoram, a variant of Joram; also in verse 6 son of Ahab became king of Israel in Samaria in the eighteenth year of Jehoshaphat king of Judah, and he reigned for twelve years. 2He did evil in the eyes of the Lord, but not as his father and mother had done. He got rid of the sacred stone of Baal that his father had made. 3Nevertheless he clung to the sins of Jeroboam son of Nebat, which he had caused Israel to commit; he did not turn away from them.

4Now Mesha king of Moab raised sheep, and he had to pay the king of Israel a tribute of a hundred thousand lambs and the wool of a hundred thousand rams. 5But after Ahab died, the king of Moab rebelled against the king of Israel. 6So at that time King Joram set out from Samaria and mobilised all Israel. 7He also sent this message to Jehoshaphat king of Judah: ‘The king of Moab has rebelled against me. Will you go with me to fight against Moab?’

‘I will go with you,’ he replied. ‘I am as you are, my people as your people, my horses as your horses.’

8‘By what route shall we attack?’ he asked.

‘Through the Desert of Edom,’ he answered.

9So the king of Israel set out with the king of Judah and the king of Edom. After a roundabout march of seven days, the army had no more water for themselves or for the animals with them.

10‘What!’ exclaimed the king of Israel. ‘Has the Lord called us three kings together only to deliver us into the hands of Moab?’

11But Jehoshaphat asked, ‘Is there no prophet of the Lord here, through whom we may enquire of the Lord?’

An officer of the king of Israel answered, ‘Elisha son of Shaphat is here. He used to pour water on the hands of Elijah.3:11 That is, he was Elijah’s personal servant.

12Jehoshaphat said, ‘The word of the Lord is with him.’ So the king of Israel and Jehoshaphat and the king of Edom went down to him.

13Elisha said to the king of Israel, ‘Why do you want to involve me? Go to the prophets of your father and the prophets of your mother.’

‘No,’ the king of Israel answered, ‘because it was the Lord who called us three kings together to deliver us into the hands of Moab.’

14Elisha said, ‘As surely as the Lord Almighty lives, whom I serve, if I did not have respect for the presence of Jehoshaphat king of Judah, I would not pay any attention to you. 15But now bring me a harpist.’

While the harpist was playing, the hand of the Lord came on Elisha 16and he said, ‘This is what the Lord says: I will fill this valley with pools of water. 17For this is what the Lord says: you will see neither wind nor rain, yet this valley will be filled with water, and you, your cattle and your other animals will drink. 18This is an easy thing in the eyes of the Lord; he will also deliver Moab into your hands. 19You will overthrow every fortified city and every major town. You will cut down every good tree, block up all the springs, and ruin every good field with stones.’

20The next morning, about the time for offering the sacrifice, there it was – water flowing from the direction of Edom! And the land was filled with water.

21Now all the Moabites had heard that the kings had come to fight against them; so every man, young and old, who could bear arms was called up and stationed on the border. 22When they got up early in the morning, the sun was shining on the water. To the Moabites across the way, the water looked red – like blood. 23‘That’s blood!’ they said. ‘Those kings must have fought and slaughtered each other. Now to the plunder, Moab!’

24But when the Moabites came to the camp of Israel, the Israelites rose up and fought them until they fled. And the Israelites invaded the land and slaughtered the Moabites. 25They destroyed the towns, and each man threw a stone on every good field until it was covered. They stopped up all the springs and cut down every good tree. Only Kir Hareseth was left with its stones in place, but men armed with slings surrounded it and attacked it.

26When the king of Moab saw that the battle had gone against him, he took with him seven hundred swordsmen to break through to the king of Edom, but they failed. 27Then he took his firstborn son, who was to succeed him as king, and offered him as a sacrifice on the city wall. The fury against Israel was great; they withdrew and returned to their own land.