2 Ahemfo 21 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 21:1-26

Manase Di Yudahene

1Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. 3Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara pɛ. Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo. 4Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din anuonyam no. 5Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. 6Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo hɔ ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw.

7Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu. 8Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” 9Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a Awurade sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo.

10Awurade nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se, 11“Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo21.11 Din Amorini no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan so ansa na Israelfo redi wɔn so no. a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu. 12Enti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn. 13Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no. 14Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo sɛ asade. 15Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no.”

16Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.

17Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 18Manase wui no, wosiee no wɔ ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade sɛ ɔhene.

Amon Di Ade Wɔ Yuda

19Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea. 20Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara pɛ. 21Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no. 22Ogyaw Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.

23Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no wɔ nʼahemfi. 24Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

25Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 26Wosiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

New Russian Translation

4 Царств 21:1-26

Манассия – царь Иудеи

(2 Пар. 33:1-10, 18-20)

1Манассии было двенадцать лет, когда он стал царем, и правил он в Иерусалиме пятьдесят пять лет. Его мать звали Хефциба. 2Он делал зло в глазах Господа, следуя омерзительным обычаям народов, которых Господь прогнал от израильтян. 3Он отстроил святилища на возвышенностях, которые разрушил его отец Езекия, воздвиг жертвенники Баалу и сделал столб Ашеры, по примеру Ахава, царя Израиля. Он поклонялся всему небесному воинству и служил ему, 4построил жертвенники в доме Господа, о котором Господь сказал: «В Иерусалиме Я помещу Мое имя». 5В обоих дворах дома Господа он построил жертвенники всему небесному воинству. 6Он принес сына в огненную жертву, гадал, и ворожил, и общался с вызывателями умерших и волшебниками. Он сделал много зла в глазах Господа, вызывая Его гнев.

7Он взял резной столб Ашеры, который сделал, и поставил его в доме, о котором Господь говорил Давиду и его сыну Соломону: «В этом доме и в Иерусалиме, который Я избрал среди всех родов Израиля, Я помещу Мое имя навеки. 8Я не дам впредь ногам израильтян выйти из той земли, которую Я дал их отцам, если только они будут исполнять все, что Я повелел им, и соблюдать Закон, который дал им Мой слуга Моисей».

9Но народ не послушал. Манассия сбил их с пути, и они стали делать больше зла, чем те народы, которых Господь истребил перед израильтянами. 10Господь говорил через Своих слуг пророков:

11– Манассия, царь Иудеи, совершил омерзительные грехи. Он сделал больше зла, чем аморреи, которые были перед ним, и ввел Иудею в грех своими идолами. 12Поэтому так говорит Господь, Бог Израиля: «Я наведу на Иерусалим и Иудею такую беду, что у того, кто услышит о ней, зазвенит в ушах. 13Я отмерю наказание Иерусалиму, так же, как отмерил Самарии, и буду пользоваться такой же мерой праведности, как и для дома Ахава21:13 Букв.: «Я протяну над Иерусалимом мерную нить Самарии и свинцовый отвес дома Ахава». Мерная нить и свинцовый отвес, обычно используемые в строительстве, здесь становятся символами разрушения.. Я вытру Иерусалим, как вытирают блюдо – вытирают и переворачивают. 14Я покину оставшихся от Моего наследия и отдам их в руки врагов. Все их враги будут обирать их и грабить, 15потому что они делали зло в Моих глазах и вызывали Мой гнев с того дня, как их отцы вышли из Египта, по сегодняшний день».

16Манассия пролил столько безвинной крови, что наполнил Иерусалим от края до края, – и это не считая греха, к которому он склонил Иудею, чтобы они делали зло в глазах Господа.

17Что же до прочих событий правления Манассии и всего, что он сделал, и греха, который он совершил, то разве не записаны они в «Книге летописей царей Иудеи»? 18Манассия упокоился со своими предками и был похоронен в саду своего дворца, в саду Уззы. И Амон, его сын, стал царем вместо него.

Амон – царь Иудеи

(2 Пар. 33:21-25)

19Амону было двадцать два года, когда он стал царем, и правил он в Иерусалиме два года. Его мать звали Мешуллемет, она была дочерью Харуца, родом из Иотбы. 20Амон делал зло в глазах Господа, как и его отец Манассия. 21Он ходил всеми путями своего отца, служил идолам, которым служил его отец, и поклонялся им. 22Он оставил Господа, Бога его отцов, и не ходил путем Господа.

23Приближенные Амона составили против него заговор и убили царя в его дворце. 24Но народ страны перебил всех, кто был в заговоре против царя Амона, и сделал царем вместо него его сына Иосию.

25Что же до прочих деяний Амона, то разве не записаны они в «Книге летописей царей Иудеи»? 26Его похоронили в его гробнице в саду Уззы. И Иосия, его сын, стал царем вместо него.