2 Ahemfo 16 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 16:1-20

Ahas Di Yudahene

1Bere a ɔhene Peka adi hene wɔ Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas16.1 Ahas ne nʼagya Yotam dii hene afe 734 ansa na wɔrewo Kristo (AWK) mu. nso bedii ade wɔ Yuda. 2Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no. 3Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma Awurade a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no. 4Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.

5Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. 6Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi.

7Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, “Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam.” 8Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfi hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no. 9Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin.

10Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria. 11Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie. 12Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre. 13Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so. 14Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii Awurade Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam.

15Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, “Bɔ anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho wɔ so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma.” 16Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

17Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so. 18Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ wɔ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no fii hɔ.

19Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 20Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade sɛ ɔhene.