1 Yohane 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Yohane 5:1-21

Sɛnea Nhyehyɛe No Bɛyɛ

1Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso. 2Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛde so. 3Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn, 4efisɛ Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Yɛnam yɛn gyidi so di wiase so nkonim. 5Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.

Yesu Kristo Ho Adansedi

6Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom, nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ Honhom no ne nokware no. 7Nnansefo baasa na wɔwɔ hɔ. 8Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa nnansefo yi adwene hyia. 9Yegye adanse a nnipa di no di; nanso adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho. 10Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanse yi adi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni. 11Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.

Nkwa A Enni Awiei

13Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei. 14Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn. 15Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.

16Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka sɛ mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn. 17Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu.

18Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. 19Yenim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na wiasefo de wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. 20Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahu nokware Nyankopɔn no. Ɔno ne nokware no, Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no. Ɔno ne Nyankopɔn nokwafo a ɔma daa nkwa no.

21Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Yohane 5:1-21

Sɛdeɛ Nhyehyɛeɛ No Bɛyɛ

1Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso. 2Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so. 3Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn, 4ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim. 5Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.

Yesu Kristo Ho Adansedie

6Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri sɛ, Honhom no ne nokorɛ no. 7Adansefoɔ baasa na wɔwɔ hɔ. 8Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia. 9Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. 10Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni. 11Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no.

Nkwa A Ɛnni Awieeɛ

13Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 14Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn. 15Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.

16Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn. 17Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu.

18Yɛnim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. 19Yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. 20Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no.

21Me mma, montwe mo ho mfiri abosom ho.