1 Tesalonikafo 5 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafo 5:1-28

Munsiesie Mo Ho Mma Awurade Ba No

1Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. 2Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. 3Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no.

4Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfo. 5Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. 6Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 7Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. 8Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. 9Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn sɛ yebenya nkwagye wɔ Awurade Yesu Kristo mu. 10Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛanyan oo, anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. 11Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.

Afotu Ne Nkradi

12Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu. 14Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.

16Momma mo ani nnye da biara 17na bere biara nso, mommɔ mpae; 18biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.

19Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20munnsi adiyisɛm atwetwe. 21Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye. 22Na munkyi bɔne biara.

23Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

25Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.

26Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.

27Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.

28Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

帖撒羅尼迦前書 5:1-28

主來的日子

1弟兄姊妹,這件事會在什麼日期、什麼時候發生,不必我寫信告訴你們, 2因為你們已經清楚知道,將來有一天,主會突然來到,像賊在夜裡忽然出現一樣。 3當人們正在說一切平安穩妥的時候,災禍會像產痛臨到孕婦一樣突然臨到他們,令他們無法逃脫。

4然而,弟兄姊妹,你們不是活在黑暗裡,因此那日子不會像賊一樣突然臨到你們。 5你們都是光明之子,白晝之子。我們既不屬於黑夜,也不屬於黑暗。 6所以不要像其他人一樣沉睡,要警醒戒備, 7因為睡覺的人是在夜裡睡,醉酒的人是在夜裡醉。 8我們既屬於白晝,就應當保持清醒,要把信心和愛心當作護心鏡遮胸,把得救的盼望當作頭盔戴上。 9因為上帝不是預定我們受懲罰,而是預定我們靠著主耶穌基督得救。 10主替我們死,使我們無論是醒是睡5·10 是醒是睡」或譯「是生是死」。,都可以與祂同活。 11所以,你們要彼此鼓勵、互相造就,正如你們一向所做的。

勸勉與問候

12弟兄姊妹,我勸你們要敬重那些在你們當中辛勤工作、在主裡領導和勸誡你們的人。 13因為他們的工作,你們要懷著愛心格外敬重他們。你們要彼此和睦相處。 14此外,我勸你們要告誡懶惰的人,鼓勵灰心的人,扶持軟弱的人,耐心對待所有的人。 15你們要小心,誰都不可冤冤相報,總要彼此善待,也要善待眾人。

16要常常喜樂, 17不斷地禱告, 18凡事謝恩,因為這是上帝在基督耶穌裡給你們的旨意。

19不要抑制聖靈的感動, 20不要輕視先知的信息。 21凡事都要小心察驗,持守良善的事, 22杜絕所有的惡事。

23願賜平安的上帝使你們完全聖潔!願祂保守你們的靈、魂、體,使你們在主耶穌基督再來的時候無可指責! 24呼召你們的主是信實可靠的,祂必為你們成就這事。

25弟兄姊妹,請為我們禱告。 26要以聖潔的吻問候眾弟兄姊妹。 27最後,我奉主的名吩咐你們把這封信讀給所有弟兄姊妹聽。

28願我們主耶穌基督的恩典與你們同在!