1 Tesalonikafo 3 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafo 3:1-13

Asɛmpa A Efi Timoteo Nkyɛn

1Akyiri yi a yehuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene. 2Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa nhyɛ mo gyidi den, 3sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti mo mu biara remmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. 4Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se wɔbɛtaa yɛn; na sɛnea munim no na aba mu saa pɛpɛɛpɛ no. 5Eyi nti esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa.

6Afei, Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se, daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo no ara pɛ. 7Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8efisɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu. 9Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛw yɛn wɔ nʼanim. 10Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.

11Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie ɔkwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. 13Mebɔ mpae sɛ Awurade ne ne nkurɔfo nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronkron a nkekae biara nni mu wɔ Agya Nyankopɔn anim.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

帖撒羅尼迦前書 3:1-13

1最後我們無法再忍受思念之苦,就決定我們這些人留在雅典, 2提摩太去你們那裡。他在傳揚基督福音的事工上是我們的弟兄、上帝的同工。他去是要鼓勵你們,使你們信心堅定, 3免得有人因遭受這些患難而動搖,因為你們知道我們必遭受患難。 4我們在你們那裡時曾預先告訴過你們,我們會遭遇患難,你們知道後來果然如此。 5因此,我無法再等下去了,就派提摩太到你們那裡看看你們的信心如何,免得那誘惑人的誘惑了你們,使我們的心血都白費了。

喜聞佳訊

6現在,提摩太剛從你們那裡回來,把有關你們信心和愛心的好消息告訴了我們。他說你們常常思念我們,很想見到我們,就像我們渴望見到你們一樣。 7弟兄姊妹,你們的信心使我們在萬般困苦和患難中得到了激勵。 8得知你們靠著主堅定不移,我們現在感到振奮。 9你們使我們在上帝面前感到非常喜樂,我們該怎樣為你們感謝上帝呢! 10我們晝夜懇切禱告,渴望能見到你們,彌補你們信心的不足之處。

11願我們的父上帝和我們的主耶穌引領我們到你們那裡。 12願主使你們彼此之間的愛和對他人的愛一齊增長,甚至滿溢出來,就像我們愛你們一樣。 13這樣,當我們的主耶穌帶著祂的眾聖徒再來時,你們可以在我們的父上帝面前心裡剛強,完全聖潔,無可指責。