1 Samuel 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 8:1-22

Israel Hwehwɛ Ɔhene

1Samuel bɔɔ akwakoraa no, oyii ne mmabarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufo. 2Nʼabakan no din de Yoel, na ne ba a ɔto so abien no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufo wɔ Beer-Seba. 3Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew.

4Enti Israel mpanyimfo nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bedii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. 5Wɔka kyerɛɛ no se, “Woabɔ akwakoraa, na wo mmabarima nso nnantew wʼakwan so; enti si ɔhene na onni yɛn anim sɛnea aman bebree yɛ no no.”

6Wɔn abisade no anyɛ Samuel dɛ nti, ɔkɔɔ Awurade anim kobisaa akwankyerɛ. 7Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio. 8Efi bere a miyii wɔn fii Misraim no besi nnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akodi anyame afoforo akyi; na nnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. 9Ɛno nti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibere so, na ma wonhu ɔkwan a ɔhene a ɔrebedi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”

10Enti Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. 11“Sɛɛ na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmabarima na wama wɔde ne nteaseɛnam ne apɔnkɔ asom, na wama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12Ebinom bɛyɛ nʼakofo mpem ne aduonum so asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa ma wɔafuntum nʼasase, na wɔatwa ne nnɔbae, na afoforo ayɛ nʼakode ne ne teaseɛnam ho nneɛma. 13Ɔhene no begye mo mmabea afi mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuan, na wɔato nnuan, na wɔayɛ nnuhuam nso ama no. 14Obegye mo mfuw ne mo bobe mfuw ne mo ngo mfuw a eye no afi mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfo. 15Obegye mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfo ne nʼasomfo. 16Ɔbɛpɛ sɛ obenya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwi papa ne mo mfurum de wɔn ayɛ nʼadwuma. 17Obegye mo nguan mu nkyɛmu du mu baako na moayɛ nʼasomfo. 18Sɛ da no du a, mobɛsrɛ ahomegye afi saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”

19Nanso ɔmanfo no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkae ara ne se, “Yɛpɛ ɔhene. 20Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn hene bedi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”

21Enti Samuel kaa asɛm a nkurɔfo no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade, 22na Awurade buae se, “Yɛ nea wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 8:1-22

Israel Hwehwɛ Ɔhene

1Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ. 2Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. 3Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea.

4Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. 5Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”

6Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ. 7Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio. 8Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. 9Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”

10Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. 11“Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma. 13Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no. 14Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ. 15Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ. 16Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma. 17Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ. 18Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”

19Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene. 20Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”

21Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade, 22na Awurade buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.