1 Samuel 29 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 29:1-11

Filistifo Pam Dawid

1Filistifo no boaboaa wɔn asraafo nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso kɔkyeree nsraban wɔ asuti bi ho wɔ Yesreel. 2Bere a Filistifo ntuanofo de wɔn asraafo akuwakuw ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu ɔsa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. 3Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?”

Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.”

4Na Filistifo asahene no bo fuw no kae se, “Ma ɔbarima no nsan nkɔ, sɛnea ɔbɛkɔ faako a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, efisɛ sɛ anhwɛ a, ɔbɛdan nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɔkwan foforo bi nni hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛbɛma no ako atia yɛn ana? 5Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asaw mu se:

“Saulo akum ne apem apem

na Dawid de, wakum mpem du du no?”

6Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, minhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifo asodifo a wɔaka no mpene so. 7Enti san wʼakyi na kɔ no asomdwoe mu. Ɛno nti, nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo no.”

8Dawid bisae se, “Dɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɔkwan yi so? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfo?”

9Nanso Akis gyinaa mu pintinn kae se, “Me nko ara me fa mu de, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Nanso asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. 10Enti sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ bere a anim retetew no.”

11Na Dawid san kɔɔ Filistifo asase so, na Filistifo asraafo no nso kɔɔ Yesreel.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒母耳記上 29:1-11

非利士人不信任大衛

1非利士人把全部軍隊聚集在亞弗以色列軍則在耶斯列水泉旁紮營。 2非利士首領統率以百人和千人為單位的士兵向前推進,大衛和他的部下跟著亞吉走在隊伍的後面。 3非利士人的官長說:「這些希伯來人在這裡做什麽?」亞吉告訴他們說:「這是以色列掃羅的臣僕大衛,他追隨我有一段日子了,自從他投奔我以來,我沒發現他有什麼過錯。」 4他們卻生氣地說:「請送這個人回到你安置他的地方,他不可和我們一起去打仗,免得他在戰場上倒戈。他提著我們的腦袋去重投故主豈不是最好的方法嗎? 5以前婦女們跳舞歌唱『掃羅殺死千千,大衛殺死萬萬』,歌頌的不就是這個大衛嗎?」

6亞吉便叫大衛過來,對他說:「我憑永活的耶和華起誓,你一向忠心耿耿,自從你投奔我以來,我沒發現你有什麼過錯,我很願意你與我一同作戰,只是眾首領不贊成。 7你安心地回去吧,免得他們不悅。」 8大衛說:「我究竟做錯了什麼?自從僕人投奔你以來,你發現僕人有什麼過錯?為什麼不讓我為我主我王殺敵呢?」 9亞吉說:「你在我眼中就像上帝的天使一樣好,只是非利士眾官長反對你與我們一起出戰。 10明天一早,你就和從掃羅手下投奔你的人啟程回去吧。」

11於是,大衛和部下清早起來返回非利士非利士軍則前往耶斯列