1 Samuel 22 – AKCB & CARST

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 22:1-23

Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu

1Dawid22.1 Na Dawid aseni yɛ Moabni (Rut 1.22; 4.17-22). guan fii Gat kɔtɛw ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛ biara na ne nuanom mmarima ne ne fifo bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ. 2Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan.

3Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?” 4Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea hɔ.

5Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, “Ntena hintabea hɔ. Kɔ Yuda asase so.” Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu.

6Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia. 7Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana? 8Ɛno nti na mo nyinaa abɔ pɔw atia me yi? Na amfa mo mu biara ho sɛ morenka biribi nkyerɛ me se me ara me babarima wɔ Dawid afa. Munnwen ho! Me ara me babarima hyɛ mʼakoa nkuran sɛ ɔnkɔtɛw me mpɛ me nkum me!”

9Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofo gyina hɔ no kae se, “Mihuu Yisai ba no sɛ ɔbae Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10Ahimelek bisaa Awurade nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no.”

Wokum Asɔfo No

11Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfo Ahimelek ne ne fifo a na wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra. 12Wɔbae no, Saulo kae se, “Tie! Ahitub ba.”

Obuae se, “Nana asɛm bɛn.”

13Na Saulo bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne Dawid apam me ti so, na womaa no brodo ne afoa, san bisaa Awurade maa no. Adɛn nti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ adɔm ntia me na ɔmmɛtow nhyɛ me so wɔ ha?”

14Ahimelek buae se, “Nana, mesrɛ mibisa sɛ, wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafo te sɛ wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wɔ wo fidua mu. 15Ɛnyɛ saa da no ne da a edi kan a mabisa Awurade ama no. Dabi da! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de sobo bɔ ne somfo ne ne fifo, efisɛ wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”

16Na ɔhene kae se, “Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu.”

17Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ hɔ no se, “Munkunkum Awurade asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim sɛ ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me.”

Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no.

18Enti ɔhene hyɛɛ Doeg se, “Dan wo ho na kunkum asɔfo no.” Enti Edomni Doeg dan ne ho kunkum wɔn. Da no, okum mmarima a na wɔhyɛ sirikyi asɔfotade aduɔwɔtwe anum. 19Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa.

20Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn. 21Bere a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfo no, 22Dawid teɛɛ mu se, “Na minim! Bere a mihuu Doeg wɔ hɔ saa da no, na minim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Mprempren, mama wʼagya fifo nyinaa awuwu. 23Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, efisɛ onipa koro no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

1 Царств 22:1-23

Довуд находит соратников

1Довуд покинул Гат и укрылся в пещере Адуллама. Когда его отец и весь его дом услышали об этом, они спустились к нему. 2Все несчастные, обиженные и все должники собрались вокруг него, и он стал их вождём. С ним было около четырёхсот человек.

3Оттуда Довуд пошёл в Мицпу, что в Моаве, и сказал царю Моава:

– Пожалуйста, позволь моим родителям прийти и побыть у вас, пока я не узнаю, что сделает для меня Всевышний.

4Он оставил их у царя Моава, и они оставались у него всё время, пока Довуд находился в том убежище. 5Но пророк Гад сказал Довуду:

– Не оставайся в убежище. Иди в Иудею.

И Довуд ушёл из Моава и пришёл в Херетский лес.

Шаул убивает священнослужителей Нова

6А Шаул услышал о том, что Довуд и его люди обнаружены. Шаул с копьём в руке сидел под тамариском на холме в Гиве, и его приближённые стояли вокруг него.

7Шаул сказал им:

– Слушайте, вениамитяне! Разве сын Есея даст вам всем поля и виноградники? Разве он сделает всех вас тысячниками и сотниками? 8Неужели поэтому вы все сговорились против меня? Никто не открыл мне, когда мой сын заключил дружеский союз с сыном Есея. Никто из вас не пожалел меня и не открыл мне, что мой сын настроил против меня моего слугу, чтобы тот устроил мне засаду, как он и делает сегодня.

9Но эдомитянин Доэг, который стоял вместе с приближёнными Шаула, сказал:

– Я видел, как сын Есея приходил к Ахи-Малику, сыну Ахитува, в город Нов. 10Ахи-Малик спрашивал для него Вечного. Ещё он снабдил его продовольствием и дал ему меч филистимлянина Голиафа.

11Тогда царь послал за священнослужителем Ахи-Маликом, сыном Ахитува, и за всей семьёй его отца, члены которой были священнослужителями в Нове, и все они пришли к царю. 12Шаул сказал:

– Послушай-ка, сын Ахитува.

– Да, мой господин, – ответил тот.

13Шаул сказал ему:

– Почему вы сговорились против меня, ты и сын Есея?! Ты дал ему хлеб и меч, спрашивал для него Всевышнего, чтобы он восстал против меня и устроил мне засаду, как он и делает сегодня.

14Ахи-Малик ответил царю:

– Кто из всех твоих слуг так верен тебе, как Довуд, который и зять царя, и начальник над твоей стражей, и высоко почитаем в твоём доме? 15Разве в тот день я в первый раз спрашивал для него Всевышнего? Конечно нет! Пусть царь не винит ни меня, твоего раба, ни мою семью, ведь я совсем ничего не знаю об этом деле.

16Но царь сказал:

– Ты непременно умрёшь, Ахи-Малик, ты и вся семья твоего отца.

17И царь приказал страже, которая стояла при нём:

– Ступайте и убейте священнослужителей Вечного, потому что они также примкнули к Довуду. Они знали, что он сбежал, а мне не открыли.

Но слуги царя не хотели поднять руку на священнослужителей Вечного. 18Тогда царь приказал Доэгу:

– Ты ступай и умертви священнослужителей.

И эдомитянин Доэг пошёл и умертвил их. В тот день он убил восемьдесят пять человек, которые носили льняной ефод. 19Затем он предал мечу Нов, город священнослужителей, вместе со всеми его мужчинами и женщинами, детьми и младенцами, волами, ослами и овцами.

20Но один из сыновей Ахи-Малика, сына Ахитува, по имени Авиатар, спасся и бежал к Довуду. 21Он рассказал Довуду, что Шаул убил священнослужителей Вечного. 22И Довуд сказал Авиатару:

– Когда там был эдомитянин Доэг, я знал, что он непременно расскажет Шаулу. Я в ответе за гибель всей семьи твоего отца. 23Оставайся со мной, не бойся, тот, кто охотится за твоей жизнью, охотится и за моей. У меня ты в безопасности.