1 Samuel 19 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 19:1-24

Saulo Pɛ Sɛ Okum Dawid

1Saulo hyɛɛ nʼasomfo ne ne babarima Yonatan sɛ wonkum Dawid. Nanso esiane sɛ na Yonatan adamfo pa ara ne Dawid nti, 2Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo se, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wuram baabi kɔbɔ wo ho aguaa, efisɛ mʼagya rehwehwɛ wo akum wo. 3Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mehu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amanneɛ.”

4Ade kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya se, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛhaw wo. Daa, ɔfa ɔkwan biara a obetumi so boa wo. 5Wo werɛ afi bere a ɔde ne nkwa too ne nsam, kokum Filistini no, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdi kɛse brɛɛ Israel no? Saa bere no, akyinnye biara nni ho sɛ, wʼani gyei. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wukum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛase pa biara nni mu koraa.”

6Enti Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nsew se, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”

7Akyiri no, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti ɔfaa Dawid de no kohuu Saulo, na biribiara totɔɔ yiye, sɛnea kan no na ɛte no ara pɛ.

8Ankyɛ biara na ɔko bi sii, maa Dawid dii nʼakofo anim kɔko tiaa Filistifo. Ɔde anibere toaa wɔn, maa wɔn nyinaa guanee.

9Nanso da bi, Saulo te fi ara no, honhommɔne a efi Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Bere a Dawid rebɔ ne sanku ama ɔhene no, 10Saulo tow ne peaw kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ okum no. Nanso Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu guan maa peaw no kaa ɔfasu no mu.

Mikal Gye Dawid Nkwa

11Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fi kɔwɛn hɔ sɛ, opue anɔpa a wonkum no. Nanso Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ se, “Sɛ woanguan ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wobekum wo.” 12Enti Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu ma oguanee. 13Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atade kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyi ho nwi katae.

14Bere a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔyare a ontumi nsɔre mfi mpa so.”

15Saulo san somaa mmarima no bio se, “Monkɔfa no mfi ne mpa so mmra, sɛnea metumi akum no.” 16Nanso mmarima no wuraa ɔdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyi ho nwi na ɛkata so.

17Saulo bisaa Mikal se, “Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?” Mikal buaa no se, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’ ”

18Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. 19Bere a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, 20ɔsomaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere no mmra. Nanso woduu a wohuu Samuel ne adiyifo bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. 21Saulo tee asɛm a aba no, ɔsan somaa asraafo foforo, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm koro no ara sii ne mprɛnsa so. 22Akyiri yi koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, koduu abura kɛse bi a ɛwɔ Seku ho. Obisae se, “Samuel ne Dawid wɔ he?”

Obi ka kyerɛɛ no se, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”

23Na ɔrekɔ Naiot no, ɔkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. 24Osunsuan nʼatade mu, de ne ho too fam, daa hɔ da mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teɛteɛɛ mu se, “Asɛm ni? Enti daa yi Saulo nso yɛ odiyifo?”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 19:1-24

扫罗试图杀大卫

1扫罗吩咐他儿子约拿单和众臣仆去杀掉大卫。但约拿单非常喜爱大卫2便告诉他,说:“我父亲要杀你,明天早上你要小心,找个僻静的地方躲起来。 3我会出去和父亲站在你藏身的田间,跟他提你的事,然后把消息告诉你。” 4约拿单就在父亲面前替大卫说好话,他说:“王不要伤害大卫,他从来没有对不起王,他所做的使王大受益处。 5他冒着生命危险去杀非利士人,耶和华使以色列人大获全胜,当时你看见了,非常欢喜,现在为什么要犯罪,枉杀无辜的大卫呢?” 6扫罗听了约拿单的话,就凭永活的耶和华起誓说:“我不杀大卫。” 7约拿单叫来大卫,把经过告诉他,带他去见扫罗大卫又像以前一样伺候扫罗

8后来,战事再度爆发,大卫领兵与非利士人交战,大败敌人,杀得他们四散溃逃。 9一天,扫罗手里拿着矛正坐在家中,从耶和华那里来的邪灵降临在扫罗身上。大卫正在弹琴, 10扫罗想用矛把大卫刺透,钉在墙上,大卫躲开了,矛插在了墙上。大卫当晚逃走了。

11扫罗派人监视大卫的家,要在早上杀死他。大卫的妻子米甲警告他说:“如果你今晚不逃命,明早必死无疑。” 12于是,她从窗口把大卫缒下去,让他逃走了。 13然后她把家中的神像放在床上,头枕在山羊毛的枕头上,盖上被子。 14扫罗派人来捉拿大卫的时候,米甲说他病了。 15扫罗又派人去见大卫,并吩咐说:“把他连床一起抬来,我好杀他。” 16众人进去发现躺在床上的是一个神像,头枕在山羊毛的枕头上。 17扫罗米甲:“你为什么欺骗我,让我的敌人逃走?”米甲答道:“他说如果我不让他逃走,就杀了我。”

18大卫逃到住在拉玛撒母耳那里,把扫罗的所作所为告诉他。后来,他和撒母耳拿约住了下来。 19扫罗听说大卫拉玛拿约20就派人去捉拿他。扫罗的人看到一群先知在说预言,撒母耳在当中带领他们。上帝的灵也临到扫罗的人,他们也说起预言来。 21扫罗听说后又派人去,派去的人也说起预言来。扫罗第三次派人去,派去的人同样说起预言来。 22最后扫罗亲自前往拉玛,走到西沽的大井,问撒母耳大卫在哪里,有人说在拉玛拿约23扫罗便去拉玛拿约。上帝的灵临到扫罗,他就一边走一边说起预言来,一直到拉玛拿约24他脱下自己的衣服,在撒母耳面前说起预言来。他赤身躺了一天一夜。因此有句俗语说:“扫罗也在先知当中吗?”