1 Samuel 11 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 11:1-15

Saulo Di Amonfo So Nkonim

1Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”

2Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”

3Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.”

4Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui. 5Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ.

6Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye. 7Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. 8Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa.

9Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei. 10Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.”

11Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako.

12Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.”

13Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, Awurade agye Israel nnɛ.”

14Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.” 15Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani.

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 11:1-15

11

王となったサウル

1さて、アモン人ナハシュが軍を率いて、イスラエル人の町ヤベシュ・ギルアデに迫りました。ヤベシュの人々は講和を求め、「どうか、お助けください。あなたがたにお仕えしますから」とすがりました。 2ナハシュの答えは情け容赦のないものでした。「よし、わかった。ただし、一つ条件がある。全イスラエルへの見せしめに、おまえたち一人一人の右目をえぐり取らせてもらおう。」

3なんということでしょう。ヤベシュの長老たちは困りました。「七日間の猶予を下さい。その間に、だれも助けに来てくれなければ、お申し出に従うまでです。」

4使者がサウルの住むギブアの町に駆けつけ、苦境を訴えると、だれもが声を上げて泣きだしました。

5そこへ、畑を耕しに行っていたサウルが戻って来て、「いったい、どうしたのだ。なぜ、みんな泣いているのか」と尋ねました。人々はヤベシュからの知らせを伝えました。 6その時、神の霊が激しくサウルに下ったのです。サウルは満身を怒りに震わせ、 7二頭の雄牛を捕まえるや、それを切り裂き、使者に託してイスラエル中に送りました。そして、「サウルとサムエルに従って戦うことを拒む者の雄牛は、このようにされる」と言い送ったのです。主が人々にサウルの怒りを恐れさせたのか、みな、いっせいに集まって来ました。 8ベゼクでその数を調べると、イスラエルから三十万人、さらにユダから三万人が加わったことがわかりました。

9そこでサウルは、使者をヤベシュ・ギルアデに送り帰し、「明日の昼過ぎまでに助けに行く」と告げさせたのです。この知らせに、どれほど町中が喜びにわき立ったことでしょう。 10ヤベシュの人々は、敵にこう通告しました。「降伏いたします。明日、あなたがたのところへまいりますから、どうぞお気のすむようになさってください。」

11翌朝早く、サウルはヤベシュ・ギルアデに駆けつけ、全軍を三隊に分けてアモン人を急襲し、午前中にほとんど全員を打ち殺してしまいました。残った者たちも散り散りになり、二人の者が共に残ることさえありませんでした。

12その時、人々はサムエルに言いました。「サウルなどわれわれの王ではないと言った者たちはどこでしょうか。引っぱり出してください。息の根を止めてやります。」

13しかし、サウルは答えました。「今日はだめだ。この日、主はイスラエルを救ってくださったのだから、だれをも殺してはならない。」

14続いて、サムエルが呼びかけました。「さあ、ギルガルへ行こう。サウルがわれわれの王であることを、改めて確認するのだ。」

15人々はこぞってギルガルへ行き、主の前でサウルを王として立てました。それから、主に和解のいけにえをささげ、共に喜び合ったのです。