1 Petro 5 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Petro 5:1-14

Mpanyimfo Ne Nguankuw No

1Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se, 2monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so. 3Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no. 4Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛrempa da.

5Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan

na ɔdom ahobrɛasefo.”

6Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu. 7Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.

8Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene. 9Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim sɛ mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.

10Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso. 11Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

12Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.

13Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo.

14Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho.

Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.

New International Version – UK

1 Peter 5:1-14

To the elders and the flock

1To the elders among you, I appeal as a fellow elder and a witness of Christ’s sufferings who also will share in the glory to be revealed: 2be shepherds of God’s flock that is under your care, watching over them – not because you must, but because you are willing, as God wants you to be; not pursuing dishonest gain, but eager to serve; 3not lording it over those entrusted to you, but being examples to the flock. 4And when the Chief Shepherd appears, you will receive the crown of glory that will never fade away.

5In the same way, you who are younger, submit yourselves to your elders. All of you, clothe yourselves with humility towards one another, because,

‘God opposes the proud

but shows favour to the humble.’5:5 Prov. 3:34

6Humble yourselves, therefore, under God’s mighty hand, that he may lift you up in due time. 7Cast all your anxiety on him because he cares for you.

8Be alert and of sober mind. Your enemy the devil prowls around like a roaring lion looking for someone to devour. 9Resist him, standing firm in the faith, because you know that the family of believers throughout the world is undergoing the same kind of sufferings.

10And the God of all grace, who called you to his eternal glory in Christ, after you have suffered a little while, will himself restore you and make you strong, firm and steadfast. 11To him be the power for ever and ever. Amen.

Final greetings

12With the help of Silas,5:12 Greek Silvanus, a variant of Silas whom I regard as a faithful brother, I have written to you briefly, encouraging you and testifying that this is the true grace of God. Stand fast in it.

13She who is in Babylon, chosen together with you, sends you her greetings, and so does my son Mark.

14Greet one another with a kiss of love.

Peace to all of you who are in Christ.