1 Mose 28 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 28:1-22

Isak Hyira Yakob

1Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da. 2Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako. 3Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba. 4Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” 5Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.

Esau Ware Ismael Babea

6Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.” 7Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram. 8Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm. 9Enti osii mu kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babea Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabea, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima no babea. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.

Yakob Dae A Ɔsoo Wɔ Bet-el

10Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii. 12Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian. 13Ohuu sɛ Onyankopɔn gyina antweri no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Awurade, Abraham Nyankopɔn, ne wʼagya Isak Nyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefo. 14Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa. 15Eyinom nyinaa akyi no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi, na mɛsan de wo aba saa asase yi so. Merennyaw wo da, kosi sɛ bɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”

16Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!” 17Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”

18Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.

20Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura, 21sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan aba mʼagya fi asomdwoe mu a, ɛno de, Awurade bɛyɛ me Nyankopɔn. 22Saa ɔbo a mede asi hɔ sɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu du mu baako bɛma wo.”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 28:1-22

Isak Hyira Yakob

1Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da. 2Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako. 3Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba. 4Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” 5Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima.

Esau Ware Ismael Babaa

6Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.” 7Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. 8Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. 9Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.

Yakob Daeɛ A Ɔsoo Wɔ Bet-el

10Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ. 12Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ. 14Wʼasefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa. 15Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi sɛ ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”

16Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beaeɛ ha yi, a na mennim!” 17Yakob suroeɛ, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie. Ɔsoro ɛpono ano ne ha.”

18Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus.

20Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, 21sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, Awurade bɛyɛ me Onyankopɔn. 22Saa ɛboɔ a mede asi hɔ sɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo.”