1 Korintofo 9 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 9:1-27

Paulo Kyɛfa Sɛ Ɔsomafo

1Menne me ho ana? Menyɛ ɔsomafo ana? Minhuu Yesu yɛn Awurade ana? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu ana? 2Na sɛ afoforo mpo nnye me nto mu sɛ ɔsomafo a, mo de, mugye me to mu saa. Sɛnea mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanse sɛ meyɛ ɔsomafo.

3Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɔkwan yi so na mefa yi me ho ano. 4Minni ho kwan sɛ mʼadwuma nti wɔma me aduan di ma me nsu nom ana? 5Minni ho kwan sɛ meyɛ nea asomafo a aka no yɛe no bi, sɛnea Awurade nuanom ne Petro yɛe, na meware Okristonibea de no ka me ho tu mʼakwan yi? 6Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhama?

7Ɔsraani bɛn na otua ɔno ankasa ne ho ka? Okuafo bɛn na onni nʼafuw mu nnɔbae bi? Oguanhwɛfo bɛn na ɔnnom ne nguan a ɔyɛn wɔn no nufusu bi? 8Ɛnsɛ sɛ miti nhwɛso a ɛwɔ yɛn abrabɔ dedaw no mu, efisɛ Mmara no ka asɛm koro no ara. 9Yɛkenkan wɔ Mose Mmara no mu se, “Sɛ wode nantwi retiatia aburow so a, nkyekyere nʼano.” Nantwi ho asɛm na ehia Onyankopɔn ana? 10Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho ana? Nokware, wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Ɛsɛ sɛ onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu. 11Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yenya wiase nnepa fi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo ana? 12Na sɛ afoforo wɔ tumi sɛ wɔhwɛ eyinom anim fi mo nkyɛn a, so yɛn de, yenni tumi a ɛboro saa ana?

Nanso yɛamfa saa tumi yi anni dwuma biara. Mmom yɛpenee biribiara so sɛnea yɛrensiw Kristo asɛmpa no ho kwan.

13Munim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduan fi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka so no nso nya wɔn afɔrebɔde. 14Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena fi mu.

15Nanso memfaa saa kyɛfa yi mu biara nnii dwuma ɛ. Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw mprempren sɛ mobɛyɛ saa nneɛma no ama me. Ɛno de, anka medi kan awu sen sɛ mɛma obi asiw me eyi ho kwan. 16Minni tumi sɛ mɛhoahoa me ho bere a meka asɛmpa no, efisɛ ɛyɛ ɔhyɛ ma me sɛ menka. Na sɛ manka asɛmpa no a, mehu amane. 17Sɛ mifi me pɛ mu yɛ adwuma no a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. 18Ɛno de, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa kyɛfa biara nso.

19Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsakra akra dodow biara a metumi. 20Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so, mmom na mankasa nhyɛ mmara no ase de, sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. 21Saa ara na mekɔfraa amanamanmufo mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛnea metumi atwetwe wɔn aba me nkyɛn. Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mmara so; mehyɛ Kristo mmara ase. 22Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛnea metumi afa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so agye wɔn mu bi nkwa. 23Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi.

24Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no. 25Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. 26Ɛno nti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukuboni a ne kuturuku mfom no. 27Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.

New International Reader’s Version

1 Corinthians 9:1-27

Paul’s Rights as an Apostle

1Am I not free? Am I not an apostle? Haven’t I seen Jesus our Lord? Aren’t you the result of my work for the Lord? 2Others may not think of me as an apostle. But I am certainly one to you! You are the proof that I am the Lord’s apostle.

3That is what I say to stand up for myself when people judge me. 4Don’t we have the right to eat and drink? 5Don’t we have the right to take a believing wife with us when we travel? The other apostles do. The Lord’s brothers do. Peter does. 6Or are Barnabas and I the only ones who have to do other work for a living? Are we the only ones who can’t just do the work of apostles all the time?

7Who serves as a soldier but doesn’t get paid? Who plants a vineyard but doesn’t eat any of its grapes? Who takes care of a flock but doesn’t drink any of the milk? 8Do I say this only on human authority? The Law says the same thing. 9Here is what is written in the Law of Moses. “Do not stop an ox from eating while it helps separate the grain from the straw.” (Deuteronomy 25:4) Is it oxen that God is concerned about? 10Doesn’t he say that for us? Yes, it was written for us. Whoever plows and separates the grain hopes to share the harvest. And it is right for them to hope for this. 11We have planted spiritual seed among you. Is it too much to ask that we receive from you some things we need? 12Others have the right to receive help from you. Don’t we have even more right to do so?

But we didn’t use that right. No, we have put up with everything. We didn’t want to keep the good news of Christ from spreading.

13People who serve in the temple get their food from the temple. Don’t you know this? People who serve at the altar eat from what is offered on the altar. Don’t you know this? 14So those who preach the good news should also receive their living from their work. That is what the Lord has commanded.

15But I haven’t used any of those rights. And I’m not writing because I hope you will do things like that for me. I would rather die than allow anyone to take away my pride in my work. 16But when I preach the good news, I can’t brag. I have to preach it. How terrible it will be for me if I do not preach the good news! 17If I preach because I want to, I get a reward. If I preach because I have to, I’m only doing my duty. 18Then what reward do I get? Here is what it is. I am able to preach the good news free of charge. And I can do this without using all my rights as a person who preaches the good news.

Paul Uses His Freedom to Share the Good News

19I am free and don’t belong to anyone. But I have made myself a slave to everyone. I do it to win as many as I can to Christ. 20To the Jews I became like a Jew. That was to win the Jews. To those under the law I became like one who was under the law. I did this even though I myself am not under the law. That was to win those under the law. 21To those who don’t have the law I became like one who doesn’t have the law. I did this even though I am not free from God’s law. I am under Christ’s law. Now I can win those who don’t have the law. 22To those who are weak I became weak. That was to win the weak. I have become all things to all people. I have done this so that in all possible ways I might save some. 23I do all this because of the good news. And I want to share in its blessings.

Training to Win the Prize

24In a race all the runners run. But only one gets the prize. You know that, don’t you? So run in a way that will get you the prize. 25All who take part in the games train hard. They do it to get a crown that will not last. But we do it to get a crown that will last forever. 26So I do not run like someone who doesn’t run toward the finish line. I do not fight like a boxer who hits nothing but air. 27No, I train my body and bring it under control. Then after I have preached to others, I myself will not break the rules. If I did break them, I would fail to win the prize.