1 Korintofo 7 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 7:1-40

Aware Ho Afotusɛm

1Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware. 2Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. 3Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi. 5Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so. 6Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom mereka no sɛ mama mo ho kwan. 7Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi wɔ nʼakyɛde na ɔfoforo nso wɔ nʼakyɛde.

8Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Eye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi. 9Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew.

10Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ sɛ ɔbea gyaa ne kunu. 11Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.

12Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. 13Saa ara nso na sɛ Okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no. 14Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron.

15Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu. 16Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?

17Mo mu biara ntena ase wɔ tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. 18Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia. 19Efisɛ sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so. 20Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.

21Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. 22Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. 23Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa. 24Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

25Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu. 26Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw sɛ eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. 27Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree ana? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. 28Nanso sɛ woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. Sɛ ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ sɛ mobɛkwati saa ɔhaw no.

29Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; 30wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; 31wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ.

32Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; 33nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, 34enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

36Sɛ ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware sɛ ontumi nyɛ nʼasɛde, na sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. 37Nanso eye mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware. 38Eye sɛ ɔbarima ware de, nanso sɛ anka wanware koraa a na eye.

39Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware. 40Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso mewɔ Onyame Honhom.

O Livro

1 Coríntios 7:1-40

O casamento

1Quanto àquele assunto sobre o qual me escreveram: “É bom para o homem não ter relações sexuais com uma mulher”, 2essa visão está errada. Visto que há tanta imoralidade sexual, o marido deve ter relações com a sua mulher e a mulher com o seu marido. 3O homem deve dar à sua mulher tudo a que ela tem direito como mulher casada e o mesmo deverá fazer a mulher. 4Uma mulher que casa deixa de ter direitos exclusivos sobre o seu próprio corpo, porque o marido passa também a ter direitos sobre ele. O mesmo acontece com o marido que deixa de ter direitos absolutos sobre o seu corpo e passa também a pertencer à sua mulher. 5Não recusem pois esses direitos um ao outro, a não ser por acordo mútuo, por tempo limitado, para poderem entregar-se mais completamente à oração. Depois devem juntar-se novamente, para que Satanás não possa tentar-vos por falta de domínio próprio. 6Não estou a dizer isto como uma ordem, mas como uma concessão em relação ao casamento. 7Eu, pessoalmente, gostaria que os homens fossem como eu. Mas não somos todos iguais. A uns Deus dá o dom de se casarem e a outros dá-lhes o dom de poderem ser felizes sem casar.

8Agora eu digo aos que não casaram e às viúvas que é melhor se ficarem sem casar, como eu. 9Contudo, se não puderem dominar-se então que se casem. É melhor casarem do que arderem em paixões.

10Quanto aos casados, tenho uma ordem a dar-lhes, que nem sequer é minha, mas algo que o Senhor mesmo estabelece. A esposa não deve abandonar o seu marido. 11Mas se ela se separar dele, então que fique assim, sem tornar a casar, ou então que volte para o marido. E o marido não deve divorciar-se da mulher.

12E aqui gostaria de acrescentar algumas sugestões minhas, embora não se trate de ordens diretas do Senhor. Se um cristão tem uma mulher que não é crente, e ela quiser ficar com ele, não deve deixá-la. 13E se uma mulher cristã tiver um marido que não é crente, e ele quiser que ela permaneça com ele, não se divorcie. 14Porque a esposa crente traz santidade ao seu casamento e o marido crente traz também santidade ao seu casamento. De outra maneira, os seus filhos não teriam uma boa influência, mas assim estão santificados.

15Mas se o marido ou a mulher que não forem cristãos estiverem realmente decididos a separar-se, pois que o façam. Em casos desses, o marido ou a mulher cristãos não devem insistir para que o outro fique, porque Deus quer que vivamos em paz. 16Contudo, vocês mulheres não sabem se os vossos maridos virão a salvar-se se ficarem e o mesmo para os maridos em relação às mulheres que queiram afastar-se.

17Acima de tudo, é preciso que tenham a certeza de estar a viver como Deus pretende, casando-se ou não. Este é o meu critério para todas as igrejas. 18Por exemplo, um homem que tenha sido submetido ao rito da circuncisão não procure tentar desfazer essa marca. Se, ao contrário, ainda não tiver sido circuncidado, também não deve fazê-lo agora. 19Porque é indiferente que um cristão tenha ou não sido circuncidado. O que é importante é que ele procure fazer a vontade de Deus.

20De um modo geral uma pessoa deve manter-se no estado em que Deus a chamou. 21Se é escravo, que isso não se torne causa de aflição. Naturalmente, se tiver oportunidade de ficar livre, que a aproveite. 22Aquele a quem o Senhor chama na condição de escravo, lembre-se que o Senhor o libertou da escravidão ao pecado. E aqueles que ele chamou sendo livres lembrem-se de que agora são como escravos de Cristo. 23Porque foram comprados por Cristo, e por um alto preço, não se tornem agora escravos dos homens. 24Queridos irmãos, seja qual for a situação em que alguém esteja ao tornar-se cristão, fique assim na sua nova relação com Deus.

25Quanto às jovens que ainda não casaram, não tenho nenhum mandamento especial do Senhor. No entanto, o Senhor deu-me, na sua misericórdia, sabedoria na qual podem confiar e que partilho convosco. 26Nós, os cristãos, enfrentamos grandes dificuldades nos tempos atuais; por isso, penso que é melhor para uma pessoa não casar. 27Naturalmente que se alguém já estiver casado não vai, por isso, separar-se. Caso contrário, não se apresse a fazê-lo. 28Entretanto, se um homem decidir ir para a frente com a sua decisão de casar, estará certo; e se uma rapariga casar, claro que não peca. Contudo, o casamento vai trazer-vos outros problemas que eu gostaria que não precisassem de enfrentar justamente agora.

29O que é importante, irmãos, é lembrarem-se que o tempo que nos resta vai-se reduzindo. Por essa razão, aqueles que têm esposas deveriam manter-se tão livres quanto possível para o Senhor. 30A tristeza, a felicidade e o poder de adquirir bens não deveriam impedir nunca ninguém de fazer o trabalho de Deus. 31Aqueles que usufruem das coisas boas que a vida oferece devem usar delas, mas sem se deixar prender por elas; porque o mundo na sua forma atual acabará. 32Em tudo o que fizerem gostaria que estivessem livres de preocupações. O solteiro dedica-se ao trabalho do Senhor e pensa em como agradar-lhe. 33O que for casado cuida das suas responsabilidades terrenas e em como agradar à sua mulher. 34Os seus interesses estão divididos. O mesmo acontece com uma rapariga que se casa. Quando solteira está desejosa de agradar ao Senhor em tudo o que pensa e faz. Mas uma mulher casada terá de considerar outras coisas, as tarefas terrenas e o dedicar-se ao seu marido.

35Eu digo isto para vosso benefício e não para vos impor obrigações. O que eu quero no fundo é que tudo o que fizerem possa ajudar-vos a servir melhor o Senhor, com o mínimo de coisas que distraiam a vossa atenção dele. 36Porque se alguém sentir que está a tratar com desrespeito a sua noiva e que deve casar, por razões de idade ou de necessidade, pois está certo, não peca; deve casar. 37Por outro lado, se um homem tem suficiente domínio sobre a sua própria natureza para não casar, e decide então não casar, terá tomado uma decisão ajuizada. 38Assim uma pessoa que casa faz bem e uma pessoa que não casa fará melhor.

39A mulher está ligada ao seu marido todo o tempo que ele viva. Se ele morrer, fica então livre para se tornar a casar, mas só se o fizer com um homem que ame o Senhor. 40Mas na minha opinião ela será mais feliz se não tornar a casar. E penso que ao dizer isto estou a dar-vos um conselho da parte do Espírito de Deus.