1 Korintofo 6 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 6:1-20

Nsamena Wo Nua

1Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn, na monkɔ Awurade nkurɔfo hɔ mmom? 2Munnim sɛ atreneefo na wobebu wiase atɛn? Na sɛ ɛsɛ sɛ mo na mubu wiase atɛn a, muntumi mmu atɛn wɔ nsɛm nketenkete ho? 3Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma ho atɛn? 4Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? 5Ɛyɛ animguase ma no! Minim yiye sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi wɔ mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm. 6Eye sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so anaasɛ onua de onua bɛkɔ asennii ama wɔn a wonni gyidi adi abua wɔn asɛm?

7Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii no kyerɛ sɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye sɛ obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. 8Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. 9Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, 10anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu. 11Na anka mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.

12Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ.” Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa. 13Obi foforo nso bɛka se, “Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan.” Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea. 14Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu. 15Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da. 16Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro.” 17Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.

18Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua. 19Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; 20ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.