1 Korintofo 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 2:1-16

Kristo Ho Asɛnka Wɔ Asennua So

1Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. 2Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no. 3Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me. 4Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. 5Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.

Onyankopɔn Nyansa

6Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. 7Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. 8Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. 9Kyerɛwsɛm no ka se,

“Nea onipa biara anhu na wante da,

nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,

ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”

10Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.

Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. 11Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. 12Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. 13Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. 14Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ. 15Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16Kyerɛwsɛm no ka se,

“Hena na onim Awurade adwene?

Hena na obetumi atu no fo?”

Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.